Nnwom 111 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Nyankopɔn nnepa ho ayeyie

1Monyi AWURADE ayɛ!

Mede m’akoma nyinaa bɛkamfo AWURADE,

ateneneefoɔ dwabɔ ne asafo mu.

2 Dwom 104.24 AWURADE nneyɛɛ yɛ akɛseɛ,

wɔn a ɛyɛ wɔn fɛ nyinaa hwehwɛ akyire kwan.

3N’adwuma yɛ anidie ne animuonyam,

na ne tenenee gyina hɔ daa.

4Wama wɔakae n’anwanwadeɛ,

ɔdomfoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ ne AWURADE.

5 Dwom 145.15 Ɔma wɔn a wɔsuro no didi mee,

ɔkae n’apam daapem.

6Wayi ne nneyɛɛ tumi akyerɛ ne man

de amanaman agyapadeɛ ama wɔn.

7Ne nsa ano nneyɛɛ yɛ nokorɛ ne atemmuo,

n’ahyɛdeɛ nyinaa tim hɔ pintinn.

8Ɛtintim hɔ daa daa,

wɔayɛ no nokorɛ ne tee mu.

9Wasoma ɔgyeɛ abrɛ ne man,

wahyɛ n’apam de kɔsi daa,

ne din yɛ kronkron, na ɛho yɛ hu.

10 Mmb 1.7 Nyansa mfitiaseɛ ne AWURADE suro,

ɛyɛ nhunumu pa ma wɔn a wɔdi soɔ nyinaa,

n’ayeyie gyina hɔ daa.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help