Nyansa 11 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Nyansa dii Israelfoɔ anim wɔ Anwea pradada so

1Nyansa nam odiyifoɔ kronkron so maa wɔn nnwuma yɛɛ prɔmprɔm.

2Wɔtuu kwan faa ɛserɛ so a obiara nte hɔ,

na wɔsisii wɔn ntomadan wɔ faako a obi nantee hɔ pɛn.

3Wɔne wɔn atamfoɔ dii asie na wɔkaa ɛdɔm a wɔko tiaa wɔn guiɛ.

4Berɛ a sukɔm dee wɔn no wɔfrɛɛ wo,

na wɔmaa wɔn nsuo firii twerɛboɔ botan mu,

na nsuo tene firii ɔbotan denden mu maa wɔnomee.

5Na nnoɔma korɔ no ara a wɔnam so teaa wɔn atamfoɔ no,

ɛbɛyɛɛ mfasodeɛ maa wɔn wɔ wɔn ahohiahia mu.

6Deɛ na anka ɛyɛ nsuo aniwa a ɛfiri nsutene a ɛpem daa daa mu no,

ɔhwanyanee mu na ɔde mogya guu ho fi,

7de yɛɛ ntea wɔ mmara a wɔhyɛɛe sɛ wɔkunkum mmɔfra no,

mpofirim na womaa wɔn nsuo mmorosoɔ,

8de wɔn sukɔm no kyerɛɛ saa berɛ no

sɛdeɛ wosi teaa wɔn atamfoɔ.

9Na ɛberɛ a wɔsɔɔ wɔn hwɛeɛ no, mpo sɛ na wɔretea wɔn wɔ ahummɔborɔ mu a,

wɔhunuu yea a, abusuyɛfoɔ fa mu ɛberɛ a wɔbu wɔn atɛn wɔ abufuhyeɛ mu no.

10Na wosɔɔ wɔn hwɛɛ sɛdeɛ agya yɛ de bɔ kɔkɔ,

nanso wohwehwɛɛ abusuyɛfoɔ mu sɛdeɛ ɔhene a ɔyɛ den yɛ de bu fɔ.

11Na sɛ ɔwɔ ha anaasɛ ɔnni ha no, wɔn nyinaa ho hiahiaa wɔn pɛ,

12ɛfiri sɛ awerɛhoɔ mprenu baa wɔn so,

ne apinisie, ɛberɛ a na wɔkae deɛ ɛsiiɛ no.

13Ɛfiri sɛ ɛberɛ a wɔtee sɛ wɔn ankasa asotwe mu na

ɔteneneeni anya mfasoɔ no, wɔhuu sɛ Awurade na ayɛ.

14Na sɛ mpo wɔnam atweetweeɛ so apo deɛ na dadaada no wɔayi no totwene na wɔama ne ho ada hɔ no a,

nsɛm yi akyi no, ne ho yɛɛ wɔn nwanwa,

ɛberɛ a ateneneefoɔ kwan ho sukɔm dee wɔn wɔ kwan a ɛne wɔn deɛ bɔ abira no ho.

Amumuyɛfoɔ asotwe

15Ɛnam wɔn nkwaseasɛm ne wɔn adwemmɔne so,

na wɔyeraeɛ kɔsomm awɔ a wɔnni adwene ne mmoa hunu,

na wosomaa abɔdeɛ a wɔnni adwene dɔm baa wɔn so sɛ wɔntwe wɔn aso,

16sɛdeɛ ɛbɛyɛ na wɔbɛsua sɛ nnoɔma korɔ a obi de yɛ bɔne no ara na wɔde twe n’aso.

17Na wo tumi nyinaa nsa,

a wode bɔɔ wiase firi deɛ na ɛnni hɔ no mu,

na anhia no sɛ ɔhwehwɛ kwan bi soma asisire dɔm kɔ wɔn soɔ, anaasɛ agyata a wɔn bo yɛ duru,

18anaasɛ mmoadoma a wɔnhunuu bi da a wɔabɔ wɔn foforɔ a wɔn ani so yɛ hyeɛ,

anaasɛ mframa a wɔhome ba a ɛyɛ hyeɛ,

anaasɛ wɔpu wisie kumɔnn,

anaasɛ gyasramma hyɛnhyɛn huhuuhu a ɛfiri wɔn ani so;

19na ɛnyɛ wɔn adesɛeɛ no ara nko na ɛbɛtumi ama nnipa asɛeɛ,

na mmom wɔn ho hu koraa tumi ku wɔn.

20Wɔde yeinom to nkyɛn mpo a, ahome baako gu nnipa so a, wɔbɛhwe ase,

ɛberɛ a atɛntenenee reti wɔn no

na wo tumi ahome no abɔ wɔn ahwete.

Nanso, woahyehyɛ nnoɔma nyinaa wɔ wɔn nsusuiɛ, wɔn dodoɔ ne wɔn mu duro kwan so.

Onyankopɔn yɛ Otumfoɔ ne Mmɔborɔhunufoɔ

21Na ɛwɔ wo tumi mu sɛ daa wobɛkyerɛ ahoɔden kɛseɛ,

na hwan mpo na ɔbɛtumi agyina wo basa tumi no ano?

22Ɛfiri sɛ, w’anim no, wiase nyinaa te sɛ efi ketewa bi a ɛda nsania so,

ɛte sɛ anɔpa bosuo a ɛgu asase so.

23Nanso woyɛ mmɔborɔhunufoɔ ma obiara, ɛfiri sɛ wotumi yɛ adeɛ nyinaa,

na wobu w’ani gu nnipa bɔne so, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛsesa.

24Ɛfiri sɛ wodɔ nnoɔma a ɛte aseɛ nyinaa,

na wontane biribiara a woayɛ no mu biara,

na ɛnyɛ adeɛ a anka wobɛyɛ biribi a na wotane no no.

25Na sɛ ɛnyɛ wo ara na wopɛ a, anka ɛbɛyɛ dɛn na biribi bɛkɔ so atena hɔ?

Anaasɛ anka ɛbɛyɛ dɛn na wɔakora adeɛ bi a womfrɛeɛ no?

26Woma nnoɔma nyinaa tena hɔ, ɛfiri sɛ wɔyɛ wo dea, O Awurade, wo a wodɔ ateasefoɔ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help