Hesekiel 24 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Ɛsɛn no. Yerusalem awieeɛ

1 2 Ah 25.1; Yer 52.4 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn afe a ɛtɔ so nkron, bosome a ɛtɔ so du no da a ɛtɔ so du no sɛ:

2Onipa ba, twerɛ da yi din, da yi ara. Babel hene atua Yerusalem da yi ara.

3Na bu asowuiɛ fie no bɛ ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie:

Fa ɛsɛn no si so,

na hwie nsuo nso gu mu.

4Fa ne nankum nso gu mu,

nankum pa nyinaa, srɛ ne basa,

nnompe a ɛyɛ nyinaa, na fa hyɛ mu ma;

5fa nnwan no mu deɛ ɔyɛ no,

na fa nnyina hyehyɛ nnompe no ase

ma no nhuru yie,

na ne nnompe nso mmen wɔ mu.

6 Hes 24.9 Ɛno nti sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie:

Due, mogya kuro!

Ɛsɛn a emu awe nnaakyen

a ne nnaakyen mfiri ne mu.

Yiyi mu adeɛ, nankum, nankum.

Wɔnnyiyi mu.

7Na ne mogya wɔ ne mu;

waka agu ɔbotan kwawee so,

wanhwie angu fam,

na wɔde dɔteɛ akata so.

8Deɛ ɛbɛyɛ na ahwanyan anibereɛ na ama aweredie aba nti,

na memaa ne mogya

guu ɔbotan pataa soɔ,

a wɔankata soɔ yi.

9 Nah 3.1 Saa nti sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie:

Due, mogyahwiegu kuro!

Me nso mɛma aseɛ mmaboa adɔɔso.

10Ma nnyina nnɔɔso, ma ogya no nnɛre,

ma nam no nhono,

nu mu ma no mpi na nnompe no nhye.

11Na fa ɛsɛn no mpan si nsramma no so,

deɛ ɛbɛyɛ na ne kɔbere adɔ ayɛ kɔɔ,

na emu fi no anane na ne nnaakyen asa.

12Brɛ ara na mabrɛ agu,

ɛfiri sɛ ogya rentumi nhye

ne nnaakyen pii no mfiri ne ho nkɔ.

13 Hes 5.13 Wo fi mu wɔ abusudeɛ; sɛ matwi wo ho na amfire nti,

wo ho rente mfiri wo fi no mu bio,

de bɛkɔ akɔsi sɛ mɛma

m’abufuhyeɛ ano adwo wo soɔ.

14Me, AWURADE, na maka. Ɛbɛba na mɛyɛ. Merennyae na merennodo ho, na merennu me ho; sɛdeɛ w’akwan teɛ ne sɛdeɛ wo nneyɛɛ teɛ no, saa ara na wɔbɛbu wo atɛn, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.

Obiara nnyam no

15Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

16Hes 24.18 Onipa ba, hwɛ, merebɛbɔ wo de ayi w’ani adeɛ a ɛpɛ no afiri wo ho. Na ntwa adwo, nsu, na mma wo nisuo nkyi.

17Gu ahome komm, nni owufoɔ ho abooboo, fa w’abɔtire bɔ wo ti, na fa wo mpaboa hyɛ wo nan, na nkata w’ano, na nni nnipa aduane.

18Na mekasa kyerɛɛ ɔman no anɔpa, na me yere wuu anwummerɛ, na anɔpa meyɛɛ sɛdeɛ ɔhyɛɛ me no.

19Na nkurɔfoɔ no ka kyerɛɛ me sɛ: Worenkyerɛ yɛn adekodeɛ a yeinom a woreyɛ yi kyerɛ wɔ yɛn ho anaa?

20Na meka kyerɛɛ wɔn sɛ: AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

21Kasa kyerɛ Israel fie sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, meregu me kronkronbea ho fi, mo ahoɔden ahokyerɛ no, mo ani adeɛ a ɛpɛ ne mo kra adeɛ a ɛdɔ no; na mo mmabanin ne mo mmammaa nkaeɛ no bɛtotɔ nkrantɛ ano.

22Na mobɛyɛ sɛdeɛ mayɛ yi, morenkata mo ano na morenni nnipa aduane,

23na mo abotire bɛbobɔ mo ti, na mo mpaboa ahyehyɛ mo nan. Morentwa adwo na morensu, na mode awerɛhoɔ bɛhunu amane wɔ mo amumuyɛ mu, na moasisi apini akyerɛkyerɛ mo ho.

24Hes 24.27; 12.11 Na Hesekiel ayɛ mo nsɛnkyerɛnneɛ; sɛdeɛ wayɛ yi nyinaa, mobɛyɛ no berɛ a ɛbɛba mu no, na moahunu sɛ mene AWURADE Nyankopɔn.

25Na wo, onipa ba, ɛda no ara a mɛgye wɔn nsam ahoɔden, wɔn ahyehyɛdeɛ ho ahosɛpɛ, wɔn ani adeɛ a ɛpɛ ne wɔn kra adeɛ a ɛpɛ, wɔn mmabanin ne wɔn mmammaa no,

26Hes 33.21 da no ara na deɛ wafiri mu afire bi bɛba wo nkyɛn abɛma w’aso ateɛ.

27Ɛda no ara na wo ne deɛ wafiri mu afire no ano bɛbue, na wobɛkasa na worentɔre mum bio, na wobɛyɛ wɔn nsɛnkyerɛnneɛ na wɔahunu sɛ mene AWURADE.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help