Rut 3 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Rut da Boas nan ase

1 Rut 1.9 Na n’ase Naomi ka kyerɛɛ no sɛ: Me ba, mennhwehwɛ ahomeeɛ memmma wo na asi wo yie anaa?

2Na afei, Boas a wo ne ne mmaawa nanteeɛ no nyɛ yɛn manni anaa? Hwɛ, ɔrehu atokoɔ so anadwo yi wɔ aporeeɛ.

3Na dware na sra hyɛ wo ntadeɛ na siane kɔ aporeeɛ hɔ; na nyi wo ho adi nkyerɛ ɔbarima no kɔsi sɛ ɔbɛwie adidie ne ɔnom ansa;

4na sɛ ɔkɔda na wokɔhunu ne daberɛ hɔ a, kɔ kɔyi n’anafoɔ ntoma na da hɔ, na ɔno ara bɛkyerɛ wo deɛ yɛ.

5Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Mɛyɛ deɛ woka nyinaa.

6Na ɔsiane kɔɔ aporeeɛ hɔ kɔyɛɛ sɛdeɛ n’ase hyɛɛ no no nyinaa.

7Na Boas didi nomeeɛ na ne bo tɔɔ ne yam no, ɔkɔ kɔdaa atokokuo no ano hɔ. Na ɔbaa komm bɛyii n’anafoɔ ntoma na ɔdaa hɔ.

8Na dasuom no, ɔbarima no bɔɔ binim, na ɔmaa ne mu so hwɛe, na hwɛ, na ɔbaa da n’anafoɔ.

9Deut 25.5; Hes 16.8 Na ɔkaa sɛ: Ɛyɛ wo hwan a? Na ɔse: Ɛyɛ me, w’abaawa Rut. Trɛ w’atadeɛ mmuano mu fa kata w’abaawa so, ɛfiri sɛ abusua mu gyefoɔ ne wo.

10Rut 2.11 Na ɔkaa sɛ: AWURADE nhyira wo, me ba, woama w’akyiri adɔeɛ ayɛ yie sene kan deɛ no, sɛ woanni mmeranteɛ, ahiafoɔ oo, adefoɔ oo, akyire.

11Na afei, me ba, nsuro. Deɛ woka nyinaa, mɛyɛ mama wo, ɛfiri sɛ me manfoɔ a wɔfa kuro pono ano nyinaa nim sɛ woyɛ ɔbaa pa.

12Na afei, ɛwom sɛ abusua mu gyefoɔ ne me, nanso abusua mu gyefoɔ bi wɔ hɔ a ɔbɛn sene me.

13Tena ha anadwo yi, na sɛ anɔpa, ɔyɛ wo ɔgyefoɔ ade a, ɛyɛ, ma no nyɛ ɔgyefoɔ; na sɛ ɔmpɛ sɛ ɔyɛ wo ɔgyefoɔ ade a, ɛnneɛ sɛ AWURADE te aseɛ yi, me na mɛyɛ wo ɔgyefoɔ. Da ma adeɛ nkye.

14Na ɔdaa n’anafoɔ hɔ kɔduruu anɔpa. Na ɔsɔree ansa na obi rehunu ne yɔnko. Na ɔkaa sɛ: Wɔmma wɔnnte sɛ ɔbaa no baa aporeeɛ ha.

15Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Fa mmuatoma a ɛgu wo soɔ no bra, na sɔ mu. Na ɔsɔɔ mu, na ɔsusuu atokoɔ susukoraa nsia guu mu, na ɔde soaa no, na ɔkɔɔ kuro no mu.

16Na ɔduruu n’ase nkyɛn no, ɔkaa sɛ: Ɛte sɛn, me ba? Na ɔkaa deɛ ɔbarima no yɛɛ no no nyinaa kyerɛɛ no.

17Na ɔkaa sɛ: Atokoɔ susukoraa nsia yi na ɔmaa me, na ɔse, mfa nsansa nkɔ w’ase nkyɛn.

18Na ɔkaa sɛ: Tena hɔ, me ba, kɔsi sɛ wobɛhunu sɛdeɛ asɛm yi bɛsie, ɛfiri sɛ ɔbarima no renhome gye sɛ ɔwie asɛm yi di nnɛ ansa.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help