1
25Na adaduanan duruiɛ no, wɔsane firi asase no so nsra bae.
26Na wɔbaa Mose ne Aaron ne Israelfoɔ asafo no nyinaa nkyɛn Paran serɛ so wɔ Kades, na wɔbɔɔ wɔn kaseɛ kyerɛɛ wɔn ne asafo no nyinaa, na wɔde asase no so aba no kyerɛɛ wɔn.
27Eks 3.8, 17 Na wɔbɔɔ wɔn amanneɛ kyerɛɛ no sɛ: Yɛakɔ asase a wosomaa yɛn soɔ no so, na ɛsene nufosuo ne ɛwoɔ ampa, na ɛso aba nie.
28Nanso aman a wɔtete asase no soɔ no yɛ den, na nkuro no, wɔabɔ ho ban, ɛsoso sɛ, na yɛhunuu Anak mma nso wɔ hɔ.
29Amalek te Negeb asase so, na Hetifoɔ ne Yebusifoɔ ne Amorifoɔ tete bepɔ so, na Kanaanfoɔ tete mpoano ne Yordan ho.
30 Num 13.6; 14.6 Na Kaleb dwodwoo ɔman no maa Mose, na ɔkaa sɛ: Momma yɛnkɔ nkɔforo, na yɛnkɔfa asase no. Na tumi deɛ, yɛbɛtumi wɔn.
31Na mmarima a wɔne no kɔeɛ no kaa sɛ: Yɛrentumi nkɔforo ntia ɔman no, ɛfiri sɛ wɔyɛ den sene yɛn.
32Na wɔmaa asase a wɔkɔsraeɛ no ho atenka bɔne trɛɛ Israelfoɔ no mu sɛ: Asase a yɛfaa mu kɔsraeɛ no yɛ asase a ɛdi ɛsotefoɔ, na nkurɔfoɔ a yɛhunuu wɔn wɔ soɔ no nyinaa yɛ abrane ara nko;
33Deut 9.2 na ɛhɔ na yɛhunuu abrane akɛseɛ no, (Anak mma a wɔfiri abrane akɛseɛ no mu no,) na yɛyɛɛ yɛn ara yɛn ani so sɛ mmɛbɛ, na saa nso na yɛyɛɛ wɔ wɔn ani soɔ.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
