1 Ahemfo 18 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Elia ne Obadia

1Na nna pii akyiri no, afe a ɛtɔ so mmiɛnsa mu no, AWURADE asɛm baa Elia nkyɛn sɛ: Fa wo ho kɔkyerɛ Ahab, na mɛma osuo atɔ asase so.

2Na Elia sii mu kɔɔ sɛ ɔde ne ho rekɔkyerɛ Ahab. Nso na ɛkɔm a emu yɛ den aba Samaria.

31 Ah 18.12 Na Ahab frɛɛ Obadia a ɔdi ne fie soɔ; (nso Obadia deɛ, na ɔsuro AWURADE sɛ.

4Na ɛbaa sɛ Isebel retwitwa AWURADE adiyifoɔ aguo no, Obadia faa AWURADE adiyifoɔ ɔha, na ɔde wɔn aduonum aduonum kɔsiesiee ɔbodan mu, na ɔde aduane ne nsuo hwɛɛ wɔn.)

5Na Ahab ka kyerɛɛ Obadia sɛ: Kɔkyini asase no so, nsuo aniwa nyinaa ne nsubɔnhwa nyinaa ho; ebia yɛbɛnya wira de agye apɔnkɔ ne mfunumupɔnkɔ no bi nkwa, na yɛanhwere mmoa no.

6Na wɔkyɛɛ asase no mu fae sɛ wɔrekyini so, Ahab nko faa ɔkwan baako so, na Obadia nko nso faa ɔkwan baako soɔ.

7Na Obadia wɔ ɔkwan no soɔ no, hwɛ, Elia ne no bɛhyiae, na ɔhunuu no, na ɔde n’anim butuu fam kaa sɛ: Me wura Elia nie?

8Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Menie. Kɔka kyerɛ wo wura sɛ: Mahunu Elia.

9Na ɔkaa sɛ: Bɔne bɛn na mayɛ, na wo deɛ, woreyi w’akoa ahyɛ Ahab nsa na waku me yi?

101 Ah 17.12 Sɛ AWURADE wo Nyankopɔn te aseɛ yi, ɔman ne ahennie biara nni hɔ a me wura nsoma mmaa wɔnkɔɔ hɔ nkɔhwehwɛɛ woɔ. Na sɛ wɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɔnni hɔ, a, ɔma ahennie no ne ɔman no ka ntam sɛ wɔnhunuu woɔ.

11Na afei, wo ara wose: Kɔka kyerɛ wo wura sɛ: Elia wɔ ha.

121 Ah 18.3 Na sɛ me deɛ, mefiri wo nkyɛn mekɔ a, AWURADE honhom bɛma wo so akɔ baabi a mennim, na sɛ meka mekyerɛ Ahab na wanhu wo a, ɔbɛkum me. Na me, w’akoa deɛ, mefiri me mmɔfraase mesuro AWURADE.

13Wɔnkaa deɛ Isebel kumm AWURADE adiyifoɔ no, meyɛeɛ no nkyerɛɛ me wura, sɛ mefaa AWURADE adiyifoɔ mu mmarima ɔha, na mede wɔn aduonum aduonum mesiee ɔbodan mu, na me de aduane ne nsuo mehwɛɛ wɔn no?

14Na afei, wo deɛ, wose: Kɔka kyerɛ wo wura sɛ: Elia wɔ ha, na ɔnku me.

151 Ah 17.1; 2 Ah 3.14 Na Elia kaa sɛ: Sɛ asafo AWURADE a megyina n’anim te aseɛ yi, ɛyɛ dɛn ara a nnɛ mede me ho bɛkyerɛ no.

16Ɛnna Obadia kɔ kɔhyiaa Ahab, na ɔka kyerɛɛ no; na Ahab kɔ kɔhyiaa Elia.

17 Amos 7.10; Aso 16.20 Na Ahab hunuu Elia no, Ahab bisaa no sɛ: Wo a woha Israel no, wo nie?

181 Ah 16.31-32 Na ɔse: Menhaa Israel, na mmom wo ne w’agya fie, sɛ moagya AWURADE mmara nsɛm, na moakɔdi Baalim akyire.

191 Ah 16.33 Na afei soma ma wɔnkɔboaboa Israel nyinaa ano mmrɛ me Karmel bepɔ so ne Baal adiyifoɔ ahanan aduonum no ne Asera adiyifoɔ ahanan a wɔdidi Isebel pono soɔ no.

20Na Ahab soma maa wɔkɔɔ Israelfoɔ nyinaa mu kɔboaboaa adiyifoɔ no ano kɔɔ Karmel bepɔ so.

Elia ne Baal asɔfoɔ

21 Yos 24.15; Mat 6.24 Ɛnna Elia twe pinii ɔman no nyinaa nkyɛn bɛkaa sɛ: Ɛnkɔsi da bɛn na mo adwene bɛyɛ mo ntanta? Sɛ AWURADE ne Onyankopɔn a, monni n’akyi: Sɛ Baal nso a, monni n’akyi! Na ɔman no ammua no asɛm biara.

22Na Elia ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Me deɛ, me nko ara mene AWURADE diyifoɔ a waka, na Baal adiyifoɔ deɛ, wɔyɛ mmarima ahanan aduonum.

23Na momma wɔmma yɛn anantwinini mmienu, na ma wɔnyi nantwinini no baako mfa, na wɔntwitwa no asinasini, na wɔmfa ngu nnyina so, na ogya deɛ, wɔmmfa nngu aseɛ. Na me nso, mɛsiesie nantwinini baako no, na mede magu nnyina so, na meremfa ogya mengu aseɛ.

24Na mommɔ mo nyame din, na me nso memmɔ AWURADE din, na onyame a ɔde ogya bɛgye soɔ no, ɔno ne Onyankopɔn. Na ɔman no nyinaa gyee so sɛ: Ɔsɛmpa!

25Ɛnna Elia ka kyerɛɛ Baal adiyifoɔ no sɛ: Monyi nantwinini baako mfa, na monsiesie no kane; na mo deɛ, modɔɔso; na mommɔ mo nyame din, na ogya na mommfa nngu aseɛ.

26Na wɔfaa nantwinini a wɔde maa wɔn no, na wɔsiesiee; na wɔbɔɔ Baal din firii anɔpa kɔsii awigyina sɛ: Baal, gye yɛn so! Nso wɔante nne biara, na obiara nso annye so. Na wɔhurihuri twaa afɔrebukyia a wɔyɛeɛ no ho hyiae.

27Na ɛduruu awigyina no, Elia sii wɔn atwetweɛ goroo wɔn ho, na ɔkaa sɛ: Momfa nne kɛseɛ mfrɛ na onyame ne no! Sɛsɛɛ ɔredwene, anaasɛ wafiri adi rekɔgya ne nan, anaasɛ ɔnam kwan so; ebia wada, na wanyane.

28Na wɔde nne kɛseɛ teateaa mu, na wɔde nkrantɛ ne mpea bobɔɔ wɔn ho akam, sɛdeɛ wɔn amanneɛ teɛ no, kɔsii sɛ mogya guu wɔn soɔ.

291 Sa 18.10; Num 29.4-5 Na awigyina twaa mu no, wɔkɔmee kɔsii sɛ ɛrekɔ aduane afɔrebɔ berɛ soɔ; nso wɔante nne biara, na obiara nso annye so, na obiara nso antie wɔn.

30Ɛnna Elia ka kyerɛɛ ɔman no nyinaa sɛ: Montwe mpini me! Na ɔman no nyinaa twe pinii no. Na ɔsiesiee AWURADE afɔrebukyia a abubuo no.

31Eks 24.4; Gye 32.28 Na Elia tasee aboɔ dummienu sɛ Yakob a AWURADE asɛm baa ne nkyɛn sɛ: Israel ne wo din no, mma mmusuakuo no ano sie.

32Na ɔde aboɔ no sii afɔrebukyia, AWURADE din mu, na ɔtwaa ɛka a ɛbɛdi aba a wɔguo susuo adeɛ mmienu afɔrebukyia no ho hyiae.

33Na ɔhyehyɛɛ nnyina no, na ɔtwitwaa nantwinini no asinasini de guu nnyina no so kaa sɛ: Momfa nsuo nhyehyɛ nhina nnan amaama, na mommɛhwie ngu ɔhyeɛ afɔdeɛ ne nnyina no so!

34Na ɔkaa sɛ: Monyɛ bio! Na wɔyɛɛ bio. Na ɔkaa sɛ: Momma no nyɛ mprɛnsa! Na wɔmaa no yɛɛ mprɛnsa.

35Na nsuo no fefaa afɔrebukyia no ho hyiae, na ɛka no nso, ɔhyɛɛ no nsuo ma.

36Na afɔrebɔberɛ mu no, Odiyifoɔ Elia twe pinii, na ɔkaa sɛ: AWURADE, Abraham ne Isak ne Israel Nyankopɔn, nnɛ ma wɔnhunu sɛ wo na wone Onyankopɔn Israel mu, na mene w’akoa, na w’asɛm so na mayɛ adeɛ yi nyinaa.

37Gye me so, AWURADE, gye me so, na ɔman yi nhunu sɛ wo AWURADE ne Onyankopɔn, na wo nso woama wɔn akoma asane akyire aba.

38Lew 9.24 Ɛnna AWURADE gya duru bɛhyee ɔhyeɛ afɔdeɛ no ne nnyina no ne aboɔ ne dɔteɛ no, na ɛwee nsuo a ɛwɔ ɛka no mu no.

39Na ɔman no nyinaa hunuiɛ no, wɔde wɔn anim butubutuu fam kaa sɛ: AWURADE, ɔno ne Onyankopɔn! AWURADE, ɔno ne Onyankopɔn!

40Deut 13.5; 2 Ah 10.25 Na Elia kaa sɛ: Monkyere Baal adiyifoɔ no, mommma wɔn mu biara mmfiri mu mfi! Na wɔkyeree wɔn na Elia de wɔn siane kɔɔ Kison asuo ho, na ɔkumm wɔn wɔ hɔ.

41Na Elia ka kyerɛɛ Ahab sɛ: Foro kɔ kɔdidi na nom. Na mete osu kɛseɛ nka.

42Yak 5.18 Na Ahab foro kɔɔ sɛ ɔrekɔdidi na wanom. Na Elia deɛ, ɔforo kɔɔ Karmel atifi na ɔkotoo fam, na ɔde n’anim hyɛɛ ne nkotodwe ntam.

43Na ɔka kyerɛɛ n’abɔfra sɛ: Foro kɔ kɔhwɛ po fam. Na ɔforo kɔhwɛe, na ɔbɛkaa sɛ: Hwee nni hɔ. Na ɔse: Sane kɔ mprɛnson.

44Na ɛbaa sɛ, deɛ ɛtɔ so nson no, ɔkaa sɛ: Hwɛ, mununkum ketewa bi te sɛ onipa nsa resɔre firi po mu. Na ɔse: Foro kɔka kyerɛ Ahab sɛ: Siesie wo nteaseɛnam na siane kɔ na osuo ansi wo kwan.

45Na ɛbaa sɛ ɛyɛɛ kakra na mununkum ne mframa abiri soro tumm, na osu kɛseɛ bi tɔe. Na Ahab nam teaseɛnam mu kɔɔ Yesreel.

46Na AWURADE nsa baa Elia so, na ɔbɔɔ n’abɔsoɔ tuu mmirika dii Ahab anim de kɔduruu sɛ wɔrehyɛne Yesreel.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help