2 Petro 1 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Nkyea

1Simon Petro, Yesu Kristo akoa ne somafoɔ, de kɔma wɔn a wɔanya gyidie sɛ yɛn deɛ no, yɛn Nyankopɔn ne Agyenkwa Yesu Kristo tenenee mu:

2Adom ne asomdwoeɛ nnɔɔso mma mo, Nyankopɔn ne yɛn Awurade Yesu ho nimdeɛ mu.

Okristoni frɛ ne ne yie no

3 1 Pe 2.9 Sɛdeɛ ne Nyankopɔn fam ahoɔden de nnoɔma a ɛfa nkwa ne onyamesom pa ho nyinaa akyɛ yɛn, deɛ ɔnam animuonyam ne mmaninyɛ so afrɛ yɛn no ho nimdeɛ mu.

4Ɛno nso so na ɔnam akyɛ yɛn bɔhyɛ a ɛsoso akɛseakɛse a ne boɔ yɛ den, na sɛ moanya adwane akɔnnɔ mu porɔ a ɛwɔ wiase a, moafa yeinom so anya Nyankopɔn su no bi.

5Gal 5.6; 5.22 Yei ara nti na mo nso mommɔ mmɔden nyinaa mfa nka ho, na monkyerɛ mo papayɛ nka gyidie ho, na nimdeɛ nka papayɛ ho,

6na anidahɔ nka nimdeɛ ho, na boasetɔ nka anidahɔ ho,

7Gal 6.10 na onyamesom pa nka boasetɔ ho, na onua dɔ nka onyamesom pa ho, na ɔdɔ mapa nka onuadɔ ho.

8Na sɛ yeinom wɔ mo mu na ɛdɔɔso a, ɛremma monyɛ anihafoɔ ne wɔn a wɔnso aba, yɛn Awurade Yesu Kristo ho nimdeɛ fam.

91 Yoh 2.9; 2.11 Ɛfiri sɛ deɛ yeinom abɔ no no yɛ onifirani, na n’ani anyam, ɔnhunu akyiri adeɛ, na ne werɛ afiri ne bɔne a wayɛ dada no ho hohorɔ.

10Enti mmom, anuanom, mommɔ mmɔden nhyɛ mo frɛ ne mo yie mu den; na sɛ moyɛ yeinom a, morensunti da.

11Na saa na wɔbɛma mo kwan aboro soɔ akɔ yɛn Awurade ne yɛn Agyenkwa Yesu Kristo daa ahennie no mu.

12Enti meremma m’ani mpa so sɛ mɛkae mo yeinom daa, nanso monim dada, na moatim nokorɛ a ɛwɔ hɔ yi mu.

132 Ko 5.1 Nanso mebu no sɛ ɛtene sɛ, mete ntomadan yi mu yi, mede nkaeɛ mekanyane mo,

14Yoh 21.18-19 ɛfiri sɛ, menim sɛ pa a wɔbɛpa me ho ntomadan yi bɛba ntɛm so, sɛdeɛ yɛn Awurade Yesu Kristo nso ayi akyerɛ me no.

15Nanso mɛbɔ mmɔden, na me wiasefire akyiri no, moatumi akae yeinom da biara.

Kristo animuonyam hran ho adansedie

16Na ɛnyɛ anansesɛm a wɔtoo no nyansam akyi na yɛdi kaa mo yɛn Awurade Yesu Kristo tumi ne ne ba no ho asɛm, na mmom yɛyɛɛ n’animuonyam kɛseɛ no ho adansefoɔ a na yɛn ani tua.

17Mat 17.5 Na ɔnyaa anidie ne animuonyam firii Agya Nyankopɔn nkyɛn no, ɛne sɛ saa nne yi firii animuonyam a ɛsɛ ɔkɛseɛ no, baa ne so sɛ: Oyi ne me Dɔba a ɔsɔ m’ani no,

18yɛn a yɛne no wɔ bepɔ kronkron no soɔ no tee saa nne yi sɛ ɛfiri soro baeɛ.

19Nanso yɛwɔ adiyifoɔ asɛm a ɛgyina hɔ pintinn kyɛne saa, ɛno na sɛ mohwɛ no yie sɛ kanea a ɛhran baabi a ɛhɔ yɛ kusuu, de kɔsi sɛ adeɛ bɛkye na adekyeeɛ nsoromma no apue mo akoma mu a, moyɛ no yie.

20Monhunu yei kane sɛ atwerɛ mu adiyisɛm biara nnam onipa nkyerɛaseɛ so;

212 Ti 3.16-17 ɛfiri sɛ adiyisɛm bi amfa nnipa pɛ so mmaa pɛn, na mmom Nyankopɔn nnipa kronkron so, sɛdeɛ Honhom Kronkron de wɔn rekorɔ no, na wɔkasaeɛ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help