1 Makabee NHYƐNMU - Twer? Kronkron(ASWDC)
NHYƐNMU Makabee Nwoma a ɛdi kan no kyerɛ nsɛm a ɛsisii wɔ Yudafoɔ abakɔsɛm mu, ɛfiri Antiokus berɛ so afe 175 mu a ansa na wɔrewo Kristo, de kɔsi berɛ a Yohane Hikanus baeɛ wɔ afe 134 mu ansa na wɔrewo Kristo.Abakɔsɛm titire a ɛhia nwoma yi no gyina abusua bi a wɔfrɛ wɔn Hasmonea anaasɛ Makabee, na ɛfoa so sɛ, saa nnipa yi yɛ wɔn a Onyankopɔn ayi wɔn sɛ wɔmmɛgye Israel. Nwoma no sane nso wɔ nyamesom botaeɛ sɛ: Onyankopɔn reyɛ adwuma wɔ abakɔsɛm mu na ɔde nkonimdie bɛma wɔn a wɔdi nokorɛ ma no no.EMU NSƐMMatatia taeɛ ne n’atuateɛ 1.1—2.70Yuda Makabee akannie 3.1—9.22Yonatan akannie 9.23—12.53Simon akannie 13.1—16.24