Sirak 40 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Adasamma mmɔborɔyɛ

1Wɔbɔɔ adwumaden maa obiara,

na wɔde kɔnnua duruduro ahyɛ Adam aseni biara kɔn mu,

ɛfiri da a wɔfiri wɔn na yafunu mu baeɛ

kɔsi da a wɔbɛsane akɔ ateasefoɔ nyinaa wɔn na hɔ.

2Akoma mu haw ne suro yɛ wɔn kyɛfa,

na ɛda adwene mu haw kɔsi wɔn wu da mu.

3Ɛfiri deɛ ɔte ahennwa fɛfɛ so

de kɔsi deɛ wɔabrɛ no ase wɔ dɔteɛ ne nso mu no,

4ɛfiri deɛ ɔfiri bere dum na ɔhyɛ ahenkyɛ

de kɔsi deɛ ɔfira bɔtɔ soɔ,

5abufuo, nitan, ɔhaw, basabasayɛ,

owuo ho hu, anibereɛ ne ntɔkwa wɔ hɔ ma wɔn.

Na ɛberɛ a obi rehome wɔ ne mpa soɔ no,

n’anadwo nna ma n’adwene yɛ no basaa.

6Ɔnya ahome ketewa bi anaa nso mpo ɔnnya bi;

ɔpere wɔ ne nna mu sɛdeɛ ɔyɛ wɔ ɛda mu no.

Mfonini a ɔhu wɔ n’adwene mu no ha no

te sɛ obi a wanya ne tiri adidi mu wɔ akono.

7Ɛyɛ sɛdeɛ ne ho bɛtɔ no no a, na n’ani ate,

na ɛyɛ no nwanwa sɛ ne suro no yɛ kwa.

8Abɔdeɛ nyinaa, nnipa ne mmoa so na saa nnoɔma yi ba,

nanso adebɔneyɛfoɔ nya no mprɛnson.

9Owuo, mogyahwieguo, ntɔkwa, afena,

atoyerɛnkyɛm, ɛkɔm, ɔsɛeɛ ne yaredɔm.

10Wɔbɔɔ yeinom nyinaa maa omumuyɛfoɔ,

na wɔn nti na nsuyire no baeɛ.

11Biribiara a ɛfiri asase mu san kɔ asase mu,

na deɛ ɛfiri soro no san kɔ soro.

Ntɛnkyea renyɛ yie

12Wɔbɛpepa kɛtɛasehyɛ ne ntɛnkyea nyinaa,

na mmom gyidie pa bɛtena ase afebɔɔ.

13Osisifoɔ ahonyadeɛ bɛwe sɛ asubɔnten,

na ne pem agyegye kɛseɛ sɛdeɛ aprannaa bobom wɔ ahum mu.

14Sɛdeɛ onipa a ne yam yɛ wɔ deɛ enti a n’ani gye no,

saa ara na mmaratofoɔ bɛhwe ase koraa.

15Deɛ ɔnni nyamesuro no mma bɛnya mman kakra bi;

wɔyɛ nhini a wɔnni ahoɔden a wɔsi ɔbotan so.

16Demmire a ɛwɔ nsuo anaa asubɔnten nsunoa no,

wɔtwa no kane ansa na wɔatwa ɛserɛ biara;

17na mmom ayamyɛ te sɛ nhyira turo,

na ayɛyɛdeɛ tena hɔ afebɔɔ.

Abrabɔ mu anigyeɛ

18Ahonya ne akatua ma abrabɔ yɛ dɛ,

nanso onipa a ɔtu ahu no yɛ sene ne mmienu.

19Mma ne kurokyekyerɛ ma obi din ase tim,

nanso deɛ ɔnya nyansa no yɛ sene mmienu no nyinaa.

Anantwie ne turo ma obi yɛ prɔmprɔm,

nanso ɔyere a ne ho nni asɛm no yɛ sene wɔn mu biara.

20Nsa ne dwom ma akoma ani gye,

nanso nnamfonom dɔ sene mu biara.

21Atɛntɛbɛn ne sankuo ma dwom dɛdɛ,

nanso ɛnne a ɛyɛ dɛ no sene emu biara.

22Aniwa pɛ animuonyam ne ahoɔfɛ,

nanso aburoo a ɛrefefɛ no sene mu biara.

23Ɔyɔnkoɔ anaasɛ adamfoɔ yɛ deɛ wɔgye no to mu daa,

nanso ɔyere nyansani sene wɔn mu biara.

24Anuanom ne aboafoɔ wɔ hɔ ahokyere berɛ mu,

nanso ayɛyɛdeɛ ma ahotɔ sene wɔn mu biara.

25Sika ne dwetɛ ma obi gyina pintinn,

nanso wɔbu agyinatuo to mu sene mu biara.

26Ahonya ne ahoɔden ma nnamyɛ kɔ soro,

nanso Awurade suro yɛ sene mu biara.

Ɔpɛ biara nni Awurade suro mu,

na sɛ wɔwɔ yei a, ɛnhia sɛ wɔhwehwɛ mmoa.

27Awurade nhyira te sɛ nhyira turo,

na ɛka onipa so sene animuonyam biara.

Animguaseɛ a ɛwɔ asrɛsrɛ mu

28Me ba, mmɔ bra a ɔsrɛsrɛfoɔ bɔ;

asrɛsrɛ deɛ, fanyinam owuo.

29Ɛberɛ a obi de n’ani bɛto ɔfoforɔ pono so no,

abrabɔ saa no nyɛ abrabɔ.

Ɛnam obi aduane so ma obi hwere obuo a ɔwɔ,

na mmom obi a ɔnim nyansa na wɔatete no yie no bɔ ne ho ban firi yei ho.

30Asrɛsrɛ yɛ fenemfenem wɔ onipa a ɔmfɛre adeɛ anomu,

na mmom ɛsɔ gya ano wɔ ne mu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help