1Ɔhene Demetrius ba Antiokus, de krataa soma firii ɛpo mu supɔ so kɔmaa Simon, Yudafoɔ sɔfoɔ ne amrado no, ne ɔman mu no nyinaa;
2na emu nsɛm na ɛdidi soɔ yi: Ɔhene Antiokus twerɛ kɔma Simon, ɔsɔfo panin ne amrado wɔ Yudafoɔ man mu, mekyea wo.
3Ɛsiane sɛ, nnipa abɔnefoɔ bi anya tumi wɔ yɛn nananom ahemman soɔ, na mepɛ sɛ megye ahennie no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mede bɛsi hɔ sɛ kane no na ɛteɛ no nti, mafa akofoɔ apaafoɔ pii na mede akodeɛ ahyehyɛ akokyɛm mu,
4na mayɛ m’adwene sɛ mɛhyɛne ɔman no mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mɛkɔ wɔn a wɔasɛe ɔman no ne wɔn a wɔabɔ nkuro a ɛwɔ m’ahemman mu,
5enti afei mesi no pi ma wo wɔ ɛtoɔ a ahemfo a wɔdii m’anim kan no maa wogyae tua no nyinaa, ne sikatua nkaeɛ nyinaa sɛ ntua bio.
6Mema wo kwan sɛ wo ara twa sika ma ɛnyɛ wo man sika,
7na mede fawohodie ma Yerusalem ne kronkronbea no. Akodeɛ a wɔasiesie ne abandenden a woasie na ɛwɔ wo nsam no bɛkɔ so ara ayɛ wo dea.
8Ɛka biara a wode ɔhene sikakorabea no ne daakye ka biara a ɛte saa a wobɛdeɛ no, wɔbɛtwam ama wo, ɛfiri nnɛ rekorɔ ne ɛberɛ nyinaa.
9Ɛberɛ a yɛn nsa bɛka yɛn ahennie no, yɛbɛhyɛ wo ne wo man ne asɔrefie no animuonyam kɛseɛ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a w’animuonyam no bɛda adi wɔ asase so baabiara.
10Afe ɔha aduɔson nnan mu no, Antiokus siim na ɔkɔfaa ne nananom asase no. Akofoɔ no nyinaa boaa wɔn ho ano dii n’akyi, a enti kakra bi na ɛkɔɔ Trifo afa.
11Antiokus tii Trifo, na Trifo dwanee kɔɔ Dor a ɛda ɛpo ano no;
12ɛfiri sɛ na ɔnim sɛ amanehunu abɛsoɛ ne so, na n’akofoɔ no adwane agya no.
13Enti Antiokus kyeree nsraban tiaa Dor, na na akofoɔ ɔpeha aduonu ne apɔnkɔsotefoɔ ahanwɔtwe ka ne ho.
14Ɔtwaa kuro no ho hyiae na nsuhyɛn no firi ɛpo so bɛboaa ɔko no; ɔkaa asase no miaa dendeenden firi asase ne ɛpo so, na wamma obiara kwan amma wamfiri adi anaasɛ anhyɛne mu.
Roma taa Yudafoɔ akyi15 1 Mak 12.16 Afei Numenius ne ne n’ahokafoɔ firi Roma bɛdurui, wɔde nkrataa brɛ ahemfo ne aman, na emu na wɔatwerɛ nsɛm a ɛdidi soɔ yi:
16Lukius, Romafoɔ ananmusini, twerɛ kɔma Ptoleme, mekyea wo.
17Yudafoɔ ananmusifoɔ aba yɛn nkyɛn sɛ nnamfonom ne ayɔnkofoɔ abɛyɛ yɛn kane ayɔnkofa ne apam no foforɔ. Wɔn na Ɔsɔfopanin Simon ne Yudafoɔ asoma wɔn
18de sika akokyɛm a emu duro yɛ mɛnnaa apem.
19Yei nti, yɛabɔ pɔ sɛ yɛbɛtwerɛ akɔma ahemfo ne aman sɛ wɔnnha wɔn anaasɛ wɔne wɔn nkuro, wɔn man nko, anaasɛ wɔne wɔn a wɔne wɔn ko no nyɛ apam.
20Na yɛn ani asɔ sɛ yɛbɛgye ɛkyɛm no afiri wɔn hɔ.
21Saa nti, sɛ nnipa abɔnefoɔ bi adwane firi wɔn man mu aba mo nkyɛn a, monyi wɔn ma Ɔsɔfopanin Simon, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛtwe wɔn aso sɛdeɛ mmara no kyerɛ no.
22Ananmusini no twerɛɛ ade korɔ no ara bi kɔmaa Ɔhene Demetrius ne Atalus ne Ariarates ne Arsakes,
23ne aman no nyinaa: Sampsame, Sparta, Delos, Mindos, Sikion, Karia, Samos, Pamfilia, Lisia, Halakarnasus, Rodes, Faselis, Kos, Side, Aradus, Gortina, Knido, Kipro ne Kirene.
24Na wɔde saa nnoɔma yi nhwɛsoɔ nso kɔmaa Ɔsɔfo panin Simon.
Antiokus a ɔtɔ so nson hunahuna Simon25Ɔhene Antiokus tuu Dor so sa ne mprenu so, na ɔkɔɔ so ara maa n’akofoɔ no kɔɔ hɔ, na wɔreyɛ akodeɛ a wɔde dwiri fasuo; na ɔtoo Trifo mu a wamma no amfiri adi anaasɛ wankɔ mu.
26Na Simon somaa akofoɔ mpem mmienu a wɔayi wɔn sɛ wɔnkɔko ma no; na ɔde sika ne dwetɛ ne asraafoɔ akodeɛ a ɛdɔɔso kaa ho.
27Nanso wampene annye wɔn, na ɔbuu nhyehyɛɛ a akane no ɔne Simon yɛeɛ no nyinaa so, na ɔne no ntam teteeɛ.
28Ɔsoma kɔɔ Atenobius nkyɛn, ne Nnamfonom mu baako ne no kɔdwene kaa sɛ: Kɔfa Yopa ne Gasara ne abandenden a ɛwɔ Yerusalem no di so, wɔyɛ m’ahemman nkuro no mu bi.
29Woasɛe wɔn nsase, woayɛ wɔn asase pasaa, na woafa mmeaeɛ bebree wɔ m’ahemman mu.
30Afei deɛ gyae saa nkuro a wofaeɛ ne ɛtoɔ sika a ɛfiri mmeaeɛ a ɛwowɔ Yuda ahyeɛ akyi a wofaeɛ no mu;
31sɛ ɛnte saa a, tua nnwetɛbena ahanum ma me wɔ adesɛeɛ a woyɛeɛ no ne nnwetɛbena ahanum bio ka ho wɔ nkuro no toɔ sika no.
32Enti Atenobius a ɔyɛ ɔhene Adamfo no baa Yerusalem, na ɛberɛ a ɔhunuu Simon ahonya; sika ne dwetɛ plɛte a ɛwɔ adekoradan mu ne animuonyam a ɔwɔ no, ne ho dwirii no. Na ɛberɛ a ɔkɔkaa ɔhene asɛm kyerɛɛ no no,
33Simon buaa no sɛ: Yɛmfaa ananafoɔ asase biara anaasɛ ananafoɔ agyapadeɛ biara, na mmom yɛn nananom agyapadeɛ nko ara, ɛno na ɛberɛ bi yɛn atamfoɔ nam nsisie kwan so faeɛ no.
34Afei a yɛanya kwan pa yi, yɛrekora yɛn nananom agyapadeɛ mo dendeenden.
35Na ɛfa Yopa ne Gasara a worebisa no, wɔreha yɛn nkurɔfoɔ ne yɛn man kɛse; na wɔn deɛ yɛbɛma wo talente ɔha.
Atenobius amfa asɛm biara ammua no,
36na mmom ɔde abufuhyeɛ san kɔɔ ɔhene nkyɛn kɔkaa nsɛm yi kyerɛɛ no, ne Simon ahonya ne deɛ ɔhunuiɛ nyinaa. Na ɔhene bo fuu pa ara.
Kendebeus so nkonimdie37Ɛberɛ no ara mu na Trifo foroo suhyɛn dwane kɔɔ Ortosia.
38Afei ɔhene yɛɛ Kendebeus asafohene panin wɔ mpoano man no mu, na ɔmaa no asraafoɔ a wɔnam anammɔn mu ne apɔnkɔsotefoɔ.
39Ɔhyɛɛ no sɛ ɔnkyere nsraban ntia Yudea, na ɔnsi Kedron na ɔmmɔ n’apono no ho ban, na ɔntu nnipa no so sa, nanso ɔhene tii Trifo.
40Enti Kendebeus baa Yamnia na ɔfirii aseɛ hyɛɛ ɔman no abufuo sɛ ɔbɛhyɛn Yudea na wafa nnipa no dommum na wakunkum wɔn.
41Ɔkyekyeree Kedron na ɔde apɔnkɔsotefoɔ ne akofoɔ tenaa hɔ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛfiri adie akɔ Yudea kwantempɔn so akɔtua sɛ deɛ ɔhene ahyɛ no no.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.