Deuteronomium 23 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Deɛ ɔmfata sɛ ɔba AWURADE badwa mu

1Deɛ wɔapɛkyɛ ne hwewa ne deɛ ne barima atwa no mmma AWURADE badwa mu.

2Adwaman ba biara mmma AWURADE badwa mu; n’awoɔ ntoatoasoɔ a ɛtɔ so du mpo mmma AWURADE badwa mu.

3Amonni anaa Moabni mmma AWURADE badwa mu; wɔn awoɔ ntoatoasoɔ a ɛtɔ so du mpo mmma AWURADE badwa mu da,

4Num 22.5-6 ɛfiri sɛ wɔamfa aduane ne nsuo ammɛhyia mo kwan mu, berɛ a mofiri Misraim reba no, ne sɛ wɔkɔbɔɔ Beor ba Bileam a ɔfiri Petor wɔ Mesopotamia paa sɛ ɔmmɛdome woɔ nti.

5Na AWURADE wo Nyankopɔn ampɛ sɛ ɔtie Bileam, na ɔdanee nnome no nhyira maa wo, ɛfiri sɛ AWURADE wo Nyankopɔn dɔ wo.

6Nhwehwɛ wɔn asomdwoeɛ ne wɔn papa da, wo nna nyinaa.

7 Gye 25.25-26 Nkyiri Edomni, ɛfiri sɛ ɔyɛ wo nua. Nkyiri Misraimni, ɛfiri sɛ wokɔyɛɛ n’asase so hɔhoɔ.

8Mma a wɔbɛwo ama wɔn no awoɔ ntoatoasoɔ a ɛtɔ so mmiɛnsa mmra AWURADE badwa mu.

Ɛdɔm ahoteɛ

9Sɛ wofiri kɔkyere w’atamfo so nsraban a, hwɛ wo ho yie adebɔne nyinaa ho.

10 Lew 15.16, 18 Sɛ ɔbarima bi wɔ wo mu a ne ho nteɛ wɔ ne ho a ɛsene anadwo no nti a, ɛnneɛ ɔmfiri nkɔ nsraban no akyi, ɔmmma nsraban no mu.

11Na ɛrekɔ anwummerɛ no, ɔmfa nsuo nnware, na sɛ owia kɔtɔ a, ɔmmra nsraban no mu.

12Na yɛ baabi, nsraban no akyi fa, na woafiri akɔgya wo nan wɔ hɔ.

13Na fa sofi ka wo nnoɔma ho, na sɛ wokɔgya wo nan nsraban no akyiri hɔ awie no, fa sofi no tutu fam, na kata agyanan no so.

14Lew 26.12 Ɛfiri sɛ AWURADE wo Nyankopɔn nam wo nsraban mu sɛ ɔregye woɔ, na ɔde w’atamfo ama wɔ w’anim; enti ma wo nsraban mu nyɛ kronkron, na wanhunu wo mu aniwudeɛ biara, na wannane amfiri w’akyi.

Akoa dwanefoɔ

15Mfa akoa a wadwane afiri ne wura nkyɛn abɛdɔm woɔ nhyɛ ne wura nsa;

16Eks 22.21 ɔntena wo nkyɛn wɔ mo mu, wo nkuro mu baako a ɔbɛfa a ɛyɛ ma no mu; nhyɛ ne so.

17Lew 19.29; 1 Ah 14.24 Israel mmammaa mu biara nnnane odwamamfoɔ, na Israel babarima biara nnnane odwamamfoɔ.

18Lew 18.22; Adi 22.15 Mfa ɔbaa odwamamfoɔ apɛdeɛ anaa ɔkraman (ɔbarima odwamamfoɔ) apaadeɛ mma AWURADE wo Nyankopɔn fie wɔ wo bɔhyɛ biara mu, na ne mmienu no yɛ AWURADE wo Nyankopɔn akyiwadeɛ.

Mfɛntomu, bɔhyɛ ne tɔsofa ho mmara

19 Eks 22.25; Lew 25.36 Nnye wo nua mfɛntomu wɔ sika, aduane mfɛntomu, anaa wɔ biribiara ho.

20Ɔnanani nkyɛn na gye mfɛntomu, na wo nua deɛ, nnye ne hɔ bi, na AWURADE wo Nyankopɔn nhyira wo deɛ wode wo nsa bɛka nyinaa mu, asase a worekɔ akɔfa no so.

21 Num 30.2 Sɛ wohyɛ AWURADE wo Nyankopɔn bɔ a, nyɛ nyaa sɛ wobɛtua, ɛfiri sɛ ɔbɛhwehwɛ no wo hɔ, na adane wo bɔne.

22Nanso woanhyɛ bɔ no koraa deɛ a, ɛnyɛ bɔne mma wo.

23Deɛ afiri w’ano no, di so na yɛ, sɛdeɛ wofiri wo pɛ mu de w’ano ahyɛ AWURADE wo Nyankopɔn bɔ no.

24Sɛ woduru wo yɔnko bɔbeturom a, di aba no bi sɛdeɛ wopɛ mee, na mfa bi ngu w’adeɛ mu.

25Mat 12.1 Sɛ woduru wo yɔnko ayuo a ɛgyina hɔ mu a, fa wo nsa pempane mmɛtem no bi, na mma kantankrankyi so wɔ wo yɔnko ayuo so.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help