1 Lew 18.7-8 Wɔabɛka sɛ adwamammɔ wɔ mo mu, adwamammɔ a ɛnni abosonsomfoɔ mpo mu, sɛ obi ne n’agya yere da.
2Na morehoahoa mo ho, na mo werɛ anho amma wɔanyi deɛ ɔyɛɛ saa adeɛ no amfiri mo mu.
3Kol 2.5 Na me deɛ, menni hɔ honam fam deɛ, nanso mewɔ hɔ honhom mu, na mabu deɛ ɔyɛɛ saa adeɛ yi atɛn dada te sɛ deɛ mewɔ hɔ.
4Mat 16.19; 18.18; 2 Ko 13.10 Sɛ mo ne me honhom hyia yɛn Awurade Yesu din mu na yɛn Awurade Yesu tumi ka ho a,
51 Ti 1.20 momfa onii no nhyɛ Satan nsa, na honam no nsɛe, na ebia wɔagye honhom no nkwa, Awurade da no.
6 Gal 5.9 Mo ahohoahoa no nyɛ fɛ. Monnim sɛ mmɔreka kakra na ɛka mmɔre no nyinaa?
7Eks 13.7; Yes 53.7; 1 Pe 1.19 Enti monyi mmɔreka dada no, na moayɛ mmɔre foforɔ sɛdeɛ moyɛ apiti no. Ɛfiri sɛ wɔakum yɛn Twam dwan Kristo no nso.
8Eks 12.3-20 Enti momma yɛnhyɛ fa; ɛnyɛ mmɔreka dada no mu, nanso ɛnyɛ bɔneyɛ ne amumuyɛ mmɔreka mu, na mmom Kronkronyɛ ne nokorɛ apiti mu.
Wɔammu Paulo kɔkɔbɔ9 Mat 18.17; 2 Te 3.14 Metwerɛɛ wɔ me krataa no mu sɛ mo ne adwamammɔfoɔ nnni afra.
10Ɛnyɛ wiase adwamamfoɔ anaa aniberefoɔ ne amimfoɔ anaa abosonsomfoɔ ho asɛm koraa na mereka; ɛnneɛ na anka ɛsɛ sɛ mofiri wiase fire.
112 Te 3.6; Tito 3.10; 2 Yoh 10 Na afei matwerɛ mo sɛ, sɛ obi a wɔfrɛ no onua yɛ odwamamfoɔ anaa oniberefoɔ anaa ɔbosonsonni anaa tɔkwapɛfoɔ anaa sabofoɔ anaa omimfoɔ a, mo ne no mmmɔ; saa onipa no, mo ne no nnnidi mpo.
12Mar 4.11 Na ɛfa me ho bɛn na merebu wɔn a wɔmfra mo mu no nso atɛn bie? Ɛnyɛ wɔn a wɔfra mo mu no na mobu wɔn atɛn?
13Deut 13.5 Na wɔn a wɔmfra mo mu no, Onyankopɔn bɛbu wɔn atɛn. Monyi deɛ ɔyɛ ɔbɔnefoɔ no mfiri mo mu.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
