1 2 Ti 3.1; 2 Pe 3.3; Yuda 18; 1 Yoh 2.18 Na honhom no ka no pefee sɛ nna a ɛdi akyire no mu, ebinom bɛfam nnaadaa ahonhom ne ahonhommɔne nkyerɛkyerɛ ho atwe wɔn ho afiri gyidie no ho,
2atorofoɔ nkontompo nti. Wɔn na wɔn ahonim awuo.
3Gye 9.3; 1 Ko 10.30-31 Wɔsi awadeɛ ho kwan ka sɛ, wɔntua wɔn ho nnuane a Onyankopɔn bɔɔ sɛ agyidifoɔ ne wɔn a wɔahunu nokorɛ mfa aseda nni bie no.
4Gye 1.31; Aso 10.15 Na Nyankopɔn abɔdeɛ nyinaa yɛ, na sɛ yɛde aseda gye a, ɛnneɛ ɛnsɛ sɛ yɛkyiri biribiara;
5ɛfiri sɛ wɔde Nyankopɔn asɛm ne mpaebɔ na ɛte ho.
6Sɛ wode yeinom kyerɛ anuanom a, wobɛyɛ Kristo Yesu somfo pa a wɔde gyidie ne nkyerɛkyerɛ pa a wodii akyire no nsɛm ayɛne no.
Abrabɔ pa ho afotuo7 1 Ti 1.4; 6.20; 2 Ti 2.16; 2.23; Tito 1.14; 3.9 Na mmerewa anansesɛm ahuhuo no deɛ, gu, na bɔ onyamesom pa ho mmɔden;
81 Ti 6.6 na honam mu mmɔdemmɔ ho mfasoɔ sua, na onyamesom pa ho wɔ mfasoɔ, ade nyinaa mu, na ɛwɔ nkwa a ɛwɔ hɔ yi ne deɛ ɛrebɛba no ho bɔhyɛ.
91 Ti 1.15 Ɛyɛ nokwasɛm a ɛsɛ sɛ wɔgye koraa.
101 Ti 2.3-4 Yei nti na yɛyɛ adwuma brɛ na yɛpere, ɛfiri sɛ yɛde yɛn ani ato Onyankopɔn teasefoɔ a ɔyɛ nnipa nyinaa, ne titire no agyidifoɔ, Agyenkwa no so.
11Yeinom na tu ho fo dendeenden na kyerɛkyerɛ!
Ɔbra pa ne mmɔdemmɔ12 Tito 2.15 Mma obi mmmu wo aberanteɛ a woyɛ no animtiaa, na mmom yɛ agyidifoɔ nhwɛsoɔ ɔkasa mu, abrabɔ mu, ɔdɔ mu, gyidie mu, ahoteɛ mu.
13Bata akenkan, afotuo ne nkyerɛkyerɛ ho kɔsi sɛ mɛba.
141 Ti 5.22; Aso 6.6; 8.17 Mma wo mu adom akyɛdeɛ a wɔnam nkɔmhyɛ ne mpanimfoɔ nsa a wɔde guu wo soɔ no so de maa woɔ no nnna hɔ kwa.
15Yeinom ho na bɔ mmɔden, yeinom mu na keka wo ho, na wo nkɔsoɔ ada adi ade nyinaa mu.
16Rom 11.14 Ma w’ani mmra wo ho ne nkyerɛkyerɛ no so na tena mu, ɛfiri sɛ woyɛ saa a, wobɛgye wo ho ne w’atiefoɔ nkwa.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
