1Na Hiob kɔɔ so maa n’abebusɛm so sɛ:
2O, sɛ anka mereyɛ sɛdeɛ na meteɛ akane abosome no,
sɛ nna a Onyankopɔn hwɛɛ me soɔ no ɛ!
3 Dwom 18.28 Berɛ a ne kanea hyerɛn m’atifi,
na mede ne hann menantee sum mu no!
4 Dwom 25.14 Sɛdeɛ na meteɛ wɔ me twaberɛ nna mu,
berɛ a Nyankopɔn ayɔnkofa wɔ me ntomadan soɔ no;
5berɛ a Otumfoɔ ne me da so wɔ hɔ,
na me mmɔfra nso atwa me ho ahyia,
6berɛ a me nan ho fɔɔ nufosuo mu sradeɛ mu,
na abotan maa ngo asubɔnten senee me hɔ no.
7Mefiri adi mekɔ kuro pono ano,
na mede m’adwa mesi mpraeɛ so a,
8mmeranteɛ hu me, na wɔhunta,
na nkɔkoraa sɔre gyinagyina.
9Mmapɔmma gyae kasa,
na wɔde wɔn nsa butu wɔn ano.
10Mmakoma nne taa dinn,
na wɔn tɛkyerɛma fam wɔn dodom.
11Na aso te a, ɛhyira me,
na ani hu me a, ɛdi me adanseɛ.
12 Lew 19.18; Eks 22.22 Ɛfiri sɛ na meyi ɔmanehunufoɔ a ɔsu frɛ ɔboafoɔ
ne awisiaa a ɔnni boafoɔ.
13Deɛ ɔreyɛ ayera no nhyira ba me so,
na mema ɔbaa kunafoɔ nya abotɔyam.
14Mefira tenenee na ɛfira me,
m’atemmusɛm te sɛ atadeɛ yuu ne abotire:
15Meyɛɛ aniwa maa onifirani,
na meyɛɛ ɛnan nso maa apakye;
16 Hiob 31.18 meyɛɛ agya maa ahiafoɔ,
na deɛ menni no no mpo asɛm, mehwehwɛ mu maa no;
17 Dwom 58.6 na mebubuu omumuyɛfoɔ sebɔmmɔfoɔ,
na mehwim fomfa adeɛ mefirii ne se mu.
18Na mekaa sɛ: Me pirebuo ara mu na mɛgyaa mu,
na mama me nna adɔɔso sɛ anwea.
19Me nhini mu bɛbue ama nsuo,
na obosuo nso atena me mman so.
20M’animuonyam yɛ foforɔ ma me,
na me tadua anya denyɛ foforɔ me nsam.
21Me na wɔtie me na wɔtwɛn me,
na wɔyɛ komm tie m’afotuo;
22me kasa akyi wɔnsane nkasa,
na me nsɛm sosɔ gu wɔn so:
23Na wɔtwɛn me sɛdeɛ wɔtwɛn osutorɔ,
na wɔtrɛ wɔn anomu sɛdeɛ wɔde regye bereamporɔsuo.
24Mesere mekyerɛ wɔn a anidasoɔ abɔ wɔn,
na m’anim a ɛteɛ no, wɔmma no ngu ase.
25Meyii wɔn kwan memaa wɔn, metenaa ase sɛ otitire,
na metenaa hɔ sɛ ɔhene, asafo mu,
sɛ deɛ ɔkyekyere abooboodifoɔ werɛ.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
