1 Berɛsosɛm 15 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Wɔde apam adaka no ba Sion bepɔ so

1Na Dawid sisii adan maa ne ho wɔ Dawid kuro mu, na ɔsiesiee afa bi maa Nyankopɔn adaka no, na ɔsii ntomadan maa no.

2Afei Dawid kaa sɛ obiara nnsoa Nyankopɔn adaka no sɛ Lewifoɔ no ara nko, na wɔn na AWURADE ayi wɔn sɛ wɔnsoa Nyankopɔn adaka no, na wɔnsom no daa.

3Na Dawid boaa Israel nyinaa ano bɛhyiaa Yerusalem sɛ wɔrekɔfa AWURADE adaka no de aba n’afa a wasiesie ama no no.

4Na Dawid boaa Aaron mma ne Lewifoɔ no ano:

5Kehat mma no mu: Ɔsafohene Uriel ne ne nuanom, ɔha aduonu.

6Merari mma mu: Ɔsafohene Asaia ne ne nuanom, ahanu aduonu.

7Gersom mma mu: Ɔsafohene Yoel ne ne nuanom, ɔha aduasa.

8Elisafan mma mu: Ɔsafohene Semaia ne ne nuanom, ahanu.

9Hebron mma mu: Ɔsafohene Eliel ne ne nuanom, aduɔwɔtwe.

10Usiel mma mu: Ɔsafohene Aminadab ne ne nuanom, ɔha dummienu.

112 Sa 15.29 Na Dawid frɛɛ Sadok ne Abiatar, asɔfoɔ no, ne Lewifoɔ no: Uriel, Asaia, Yoel, Semaia, Eliel ne Aminadab,

12na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mone Lewifoɔ mu agyanom atitire, mo ne mo nuanom nnwira mo ho, na momfa AWURADE Israel Nyankopɔn adaka no mmra deɛ masiesie mama no hɔ.

131 Be 13.9-10 Na akane no ɛnyɛ mo na moyɛeɛ nti na AWURADE yɛn Nyankopɔn bu baa yɛn soɔ, sɛ yɛanhwehwɛ no n’atorɔmuadeɛ no soɔ.

14Ɛnna asɔfoɔ ne Lewifoɔ no dwiraa wɔn ho sɛ wɔrekɔfa AWURADE Israel Nyankopɔn adaka no aba.

15Eks 25.14; Num 4.15 Na Lewifoɔ mma no soaa Nyankopɔn adaka no, sɛdeɛ Mose hyɛeɛ, sɛdeɛ AWURADE asɛm no teɛ no. Wɔde ɛho mpoma no totoo wɔn kɔn ho.

16Na Dawid ka kyerɛɛ Lewifoɔ asafohene no sɛ wɔnyiyi wɔn nuanom nnwontofoɔ no mma wɔnkurakura nnwontoɔ nnoɔma: Mmɛnta, mmɛn ne asankuten ne nsambɔ nnawuro nnyinagyina hɔ mma wɔnte wɔn nka na wɔmma wɔn nne so anigyeɛ mu.

17Na Lewifoɔ no yii Yoel ba Heman ne ne nuanom mu Berekia ba Asaf ne wɔn nuanom Merari mma mu Kusaia ba Etan de wɔn gyinagyinaa hɔ.

18Na wɔde wɔn nuanom a wɔtɔ so mmienu kaa wɔn ho: Sakaria, Ya-asiel, Semiramot, Yehiel, Uni, Eliab, Benaia, Ma-aseia, Matitia, Elifelehu, Mikneia ne Obed-edom ne Ye-iel, apono ano hwɛfoɔ no.

191 Be 6.33 Na nnwontofoɔ Heman, Asaf ne Etan bɔɔ kɔbere mfrafraeɛ nnawuta maa wɔtee nka,

20na Sakaria, Asiel, Semiramot, Yehiel, Uni, Eliab, Maaseia ne Benaia bɔɔ mmɛnta mmabaa nne so.

21Na Matitia ne Elifelehu ne Mikneia ne Obed-Edom ne Yeiel ne Asaia bɔ asankuten nne a ɛtɔ so nwɔtwe so.

22Na Kenania, Lewifoɔ safohene wɔ nnwontoɔ no mu, ɔdi nnwontoɔ no so, ɛfiri sɛ na ɔte aseɛ.

23Na Berekia ne Elkana ne adaka no apono ano hwɛfoɔ.

24Na Sebania, Yosafat, Netanel, Amasai, Sakaria, Benaia, Eliesa, asɔfoɔ no, ne ntotorobɛntohyɛnfoɔ a wɔhyɛne ntotorobɛnto, Nyankopɔn adaka no anim. Na Obed-Edom ne Yehia ne adaka no apono ano ahwɛfoɔ.

Wɔde Adaka no kɔ Yerusalem(2 Samuel 6.12-22)

25 2 Sa 6.12-16 Ɛnna Dawid ne Israel mpanimfoɔ ne mpem mpem so asafohene no sii mu kɔeɛ, sɛ wɔrekɔfa AWURADE apam adaka no afiri Obed-Edom fie aba, anigyeɛ mu.

26Na Onyankopɔn boaa Lewifoɔ a wɔso AWURADE apam adaka no no, wɔde anantwinini nson ne adwennini nson bɔɔ afɔdeɛ.

27Na Dawid hyɛ asaawa nwera batakari, ɔno ne Lewifoɔ a wɔso adaka no nyinaa ne nnwontofoɔ no, ne ɔsafohene Kenania a ɔdi nnwontoɔ no soɔ no wɔ nnwontofoɔ no mu. Na nwera asɔfotadeɛ nso hyɛ Dawid.

28Na Israel nyinaa de AWURADE apam adaka no bae, osebɔ ne mmɛnhyɛne ne ntotorobɛnto ne nsambɔ ne nnawuro mu, wɔde mmɛnta ne nsankutene maa wɔtee nka.

29Na ɛbaa sɛ, AWURADE apam adaka no duruu Dawid kurom no, Saulo babaa Mikal hwɛɛ mpomma mu, na ɔhunuu Ɔhene Dawid sɛ ɔrehurihuri na ɔregorɔ no, ɔbuu no animtia n’akoma mu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help