1Montie AWURADE asɛm, Israel mma,
na AWURADE ne asase sofoɔ anya ɔham.
Na nokorɛ ne adɔeɛ
ne Nyankopɔn ho nimdeɛ biara nni asase so.
2Ntanka, nkontompo, awudie, korɔno ne awaresɛeɛ na ɛwɔ hɔ.
Wɔdi akakabensɛm na mogyahwieguo toa mogyahwieguo so.
3Enti asase no di abooboo,
na ɛsotefoɔ nyinaa anyinnyam,
ewiram mmoadoma
ne ewiem nnomaa;
na ɛpo mu mpataa mpo reyɛ asa.
4 Deut 17.12 Nanso mma obi nnham
na obi nnka anim,
ɛfiri sɛ wo man te sɛ wɔn a wɔne ɔsɔfoɔ ham.
5Enti wobɛsunti awia,
na odiyifoɔ nso ne wo bɛsunti anadwo, na mɛtwa wo na atwene.
6Nimdeɛ a me man nnie nti, wɔbɛtwa wɔn agu;
na wo nso, woapo nimdeɛ nti,
mepo wo sɛ: Nni me sɔfoɔ;
na wo werɛ afiri wo Nyankopɔn mmara nti,
me nso, me werɛ bɛfiri wo mma.
7 Flp 3.19 Wɔrekɔ so dɔre no,
na wɔrekɔ so yɛ me bɔne;
wɔn animuonyam no, mɛdane no ahohora.
8 Lew 6.26 Me man bɔne yɛ wɔn aduane,
na wɔn amumuyɛ yɛ wɔn kra akɔnnɔ.
9Na wɔbɛyɛ ɔman no sɛdeɛ wɔbɛyɛ ɔsɔfoɔ no,
na mɛba mabɛtwe wɔn aso, wɔn bɔne nti,
na mama wɔn nneyɛɛ asane abɛbua wɔn atifi.
10Wɔbɛdidi, na wɔremmee;
wɔbɛbɔ adwaman na wɔn ase renkyene;
ɛfiri sɛ wɔagya buo a anka ɛsɛ sɛ wɔbu AWURADE no.
11Adwamammɔ ne nsa ne nsa mono
sɛe nteaseɛ.
12 Yer 2.27; Hos 5.4 Me man bisa wɔn dua hɔ adeɛ,
na wɔn poma ka asɛm kyerɛ wɔn,
ɛfiri sɛ adwamammɔ honhom adaadaa wɔn,
na wɔafiri wɔn Nyankopɔn ase akɔbɔ adwaman.
13 Hes 6.13 Mmepɔ atifi na wɔbobɔ afɔdeɛ,
na wɔhye aduhwam nkokoɔ so,
odum ne duafufuo ne odupɔn ase,
ɛfiri sɛ ne nwunu yɛ.
Enti mo mmammaa bɔ adwaman, na mo nsiwa sɛe awadeɛ.
14Merentwe mo mmammaa aso adwamammɔ ho,
ne mo nsiwa awaresɛeɛ ho,
na mmarima no nso wɔne mmaa nnwamamfoɔ mane,
na wɔne mmosomfenaa bɔ afɔdeɛ;
na ɔman a wɔnni nhunumu no bɛbɔ.
Wɔbɔ Yuda kɔkɔ15 Hos 10.5; Amos 5.5 Sɛ wo, Israel, wobɔ adwaman a,
mma Yuda nnni so.
Na mommma Gilgal,
na mommforo mmma Bet-awen,
na monnkeka ntam sɛ: Sɛ AWURADE te aseɛ yi.
16Na Israel aso awu
sɛ nantwiburuwa aso.
Afei AWURADE bɛyɛne wɔn
sɛ adwammaa, asase bayaa so.
17Efraim akɔdɔm abosom adum;
gyaa no.
18Wɔn nsanom atra so; adwaman ara na wɔabɔ,
pɛ na emu atitire pɛ ahohora.
19Mframa akyekyere wɔn wɔ ne ntaban mu,
na wɔn ani bɛwuwu wɔn afɔrebɔ ho.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
