Numeri 20 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Nsɛm a ɛsisii wɔ Kades

1 asuo, ɛfiri sɛ Israelfoɔ ne AWURADE hamee na ɔyɛɛ ne ho kronkron wɔn mu.

Edomfoɔ si Mose kwan

14 Gye 32.3; Ate 11.17; Deut 23.7 Na Mose somaa abɔfoɔ firi Kades kɔɔ Edomhene nkyɛn sɛ: Sɛ wo nua Israel seɛ nie: Wo ara wonim ɔhaw a ɛtoo yɛn nyinaa,

15sɛ yɛn nananom siane kɔɔ Misraim, na yɛtenaa Misraim nna bebree, na Misraimfoɔ yɛɛ yɛn ne yɛn nananom bɔne;

16Eks 23.20 na yɛsu frɛɛ AWURADE, na ɔtee yɛn nne, na ɔsomaa ɔbɔfoɔ maa no bɛyii yɛn firii Misraim; na hwɛ, yɛwɔ Kades, kuro a ɛwɔ wo hyeɛ soɔ mu.

17Num 21.22 Ma yɛmfa w’asase so; yɛremfa mfuo ne nturo mu, nanso yɛrennom mmura mu nsuo bi; yɛbɛnante ɔhene tempɔn so akɔ, yɛremmane nifa anaa benkum de bɛkɔ akɔsi sɛ yɛbɛtwam w’asase soɔ.

18Na Edom ka kyerɛɛ no sɛ: Mmɛfa me mu, na mamfa nkrantɛ mamfiri adi mammɛhyia wo.

19Na Israelfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: Tempɔn so na yɛrebɛfa, na sɛ yɛn ne yɛn mmoa nom wo nsuo bi a, yɛbɛtua ka; ɛnyɛ asɛm biara, na yɛn nan nko ara na ma yɛmfa ntwam mu nkɔ

20Na wɔse: Mommɛtwam! Na Edom de dɔm pii ne nsa a emu yɛ den firii adi bɛhyiaa wɔn.

21Na Edom kamee Israel ɔkwan a wɔde bɛtwam n’asase soɔ. Enti Israel mane firii ne ho.

22Na Israelfoɔ asafo mu no nyinaa tu firii Kades, na wɔbaa Hor bepɔ ho.

23Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose ne Aaron Hor bepɔ ho, Edom asase hyeɛ so, sɛ:

24Aka kakraa bi na Aaron ati ne mpanimfoɔ wɔ asamando, na ɔrenkɔ asase a mede merema Israelfoɔ no so, ɛfiri sɛ moyɛɛ asoɔden maa m’anomu asɛm Meriba asuo ho.

25Fa Aaron ne ne ba Eleasa, na wo ne wɔn mforo Hor bepɔ,

26Lew 21.10 na yi Aaron ntadeɛ no fa hyɛ ne ba Eleasa, na ɔnwu wɔ hɔ nti ne mpanimfoɔ wɔ asamando.

27Na Mose yɛɛ sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ no no, na wɔforoo Hor bepɔ, asafo no nyinaa anim.

28Num 33.38; Deut 10.6 Na Mose yiyii Aaron ntadeɛ no de hyɛɛ ne ba Eleasa, na Aaron wuu wɔ bepɔ no atifi hɔ. Na Mose ne Eleasa firii bepɔ no so sianee.

29Na asafo no nyinaa hunuu sɛ Aaron awuo no, Israel fie nyinaa suu no adaduasa.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help