Nnwom 58 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Onyankopɔn ne ɔtemmufoɔWɔde ma dwonkyerɛfoɔ sɛ wɔnto no “Al-taset” sankuo nne so. Dawid abebuo dwom.

1 Dwom 82 Mo atumfoɔ, ampa ara, moka asɛntenenee anaa?

O, nnipa mma, mobu atɛntenenee anaa?

2Dabi, modi asɛmmɔne, akoma mu,

mo nsam akakabensɛm na mokari de ma, asase soɔ.

3Abɔnefoɔ bɔ ko firi ɔyafunum,

wɔfiri wɔn na yam fom kwan di atorɔ.

4Wɔn borɔ te sɛ ɔwɔ borɔ,

wɔte sɛ ahuritia sotifoɔ a wasi n’aso

5 Skf 10.11 a ɛntie ntafowayifoɔ

a wɔyi nkonyaa nyansam.

6Onyankopɔn, bubu wɔn se, wɔn anomu,

AWURADE, tutu gyata aburuwa sebɔmmɔfoɔ.

7Ma wɔn nwe sɛ nsuo a ɛretwe,

ɔkuntunu ne bɛmma mu a,

ma no nyɛ sɛdeɛ wɔabu ano.

8Ɔsene sɛ nwa a wɔapɛkyɛ no,

sɛ ɔba a ɔbaa apɔn a ɔnhunuu owia da.

9Ansa na mo nkukuo bɛte nkasɛɛ no nka no,

sɛ ɛyɛ mono oo, ɛreben oo, ɔde abufuhyeɛ bɛpra ne nyinaa agu.

10Ɔtenenee ani bɛgye sɛ wahunu aweretɔ,

ɔbɛhohoro ne nan ase ɔbɔnefoɔ mogya mu.

11 Dwom 7.8 Na nnipa bɛka sɛ: Ampa, akatua wɔ hɔ ma ɔteneneeni,

ampa, Onyankopɔn wɔ hɔ a ɔbu atɛn asase soɔ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help