Lewitikɔs 27 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Bɔhyɛ

1Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

2 baako boɔ nnwetɛbena aduonum.

17Sɛ ɔfiri ahosɛpɛ afahyɛ afe so yɛ n’asase no kronkron a, ɛnnyina wo boɔ no so;

18na sɛ ahosɛpɛ afahyɛ afe no akyi na ɔyɛ n’asase no kronkron a, ɛnneɛ ɔsɔfoɔ no mmu n’akonta mma no sɛdeɛ mfeɛ a aka na ahosɛpɛ afahyɛ afe aduro no teɛ no, na wɔnte wo boɔ no so.

19Na sɛ gyeɛ na deɛ ɔyɛɛ asase no kronkron no bɛgyeɛ a, ɔmfa wo boɔ no dwetɛ abupɛn nnum mu baako nto so, na ɛntena ne nsam;

20na sɛ wannye asase no na wɔtɔn ma obi a, wɔnnnye bio,

21na sɛ asase no nni wura ahosɛpɛ afahyɛ afe no mu a, ɛnyɛ kronkron mma AWURADE, sɛ asase a wɔahyira so de ama; ɛnyɛ ɔsɔfoɔ no agyapadeɛ.

22Na sɛ ɔyɛ asase a ɔtɔeɛ a ɛnyɛ n’asase a ɔdi soɔ bi kronkron ma AWURADE a,

23ɔsɔfoɔ no mmu akonta mma no nkyerɛ no wo boɔ no mu deɛ ɛbɛka akɔsi ahosɛpɛ afahyɛ afe no soɔ, na ɔmma wo boɔ a wobɔeɛ no da no ara; ɛyɛ kronkron ma AWURADE.

24Lew 25.10 Ahosɛpɛ afahyɛ afe no so, asase no nsane nkɔyɛ deɛ ɔtɔɔ no ne nkyɛn a ɛyɛ n’asase a ɔdi soɔ no dea.

25Na wo boɔ a wobɛbɔ nyinaa nyɛ sɛdeɛ kronkronbea dwetɛbena no teɛ; gera aduonu yɛ dwetɛbena baako.

26Na afieboa mu mmakan a wɔawo ama AWURADE no nko deɛ, obi nnyɛ wɔn kronkron; nantwie oo, odwan oo, ɛyɛ AWURADE dea.

27Na sɛ ɛyɛ afieboa a wɔn ho nteɛ no bi a, ɛnneɛ ɔnnye no wo boɔ a wobɛbɔ no so, na ɔmfa abupɛn nnum mu baako nto so; na sɛ wɔannye no a, ɛnneɛ wɔntɔn no sɛdeɛ wobɛbɔ ne boɔ.

28 Num 18.14; 21.2 Nso ahyiradeɛ biara a obi bɛhyira so ama AWURADE, adeɛ a ɔwɔ nyinaa mu no, onipa oo, aboa oo, n’asase a ɔdi so oo, ɛno deɛ wɔnntɔn, na wɔnnnye nso; ahyiradeɛ biara yɛ akronkronneɛ mu ade kronkron ma AWURADE.

291 Sa 15.3, 9 Obiara a wɔabu no kumfɔ no, wɔnnnye; kum na wɔnku no.

30 Num 18.21 Na asase no so aduane ntotosoɔ du du a ɛfiri asase so aduadeɛ ne nnua so aba mu no nyinaa yɛ AWURADE dea; ɛyɛ kronkron ma AWURADE.

31Na sɛ obi pɛ sɛ ɔgye ne ntotosoɔ du du no bi a, ɔmfa abupɛn nnum mu baako nto so.

32Na anantwie ne nnwan mu ntotosoɔ du du nyinaa, adeɛ a ɛfa odwanhwɛfoɔ poma ase nyinaa mu deɛ ɛtɔ so du du no, ɛnyɛ kronkron mma AWURADE.

33Wɔmmpa papa ne bɔne mu, na wɔnnsesa ebi nso; na sɛ obi bɛsesa ebi a, ɛnneɛ ɛno ne deɛ wɔde resesa no nyinaa nyɛ kronkron mma AWURADE; wɔnnnye.

34 Lew 26.46 Yeinom ne mmara nsɛm a AWURADE de hyɛɛ Mose, Sinai bepɔ soɔ, maa no de kɔmaa Israel mma no.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help