1 Timoteo NHYƐNMU - Twer? Kronkron(ASWDC)
NHYƐNMUTimoteo yɛ Kristoni aberanteɛ bi a ɔfiri Asia Kumaa. Ne na yɛ Yudani, na n’agya yɛ Helani. Ɔbɛyɛɛ Paulo boafoɔ wɔ n’asɛnka dwumadie akwantuo mu. Paulo haw wɔ ne krataa a ɛdi kan mu no yɛ mmiɛnsa.Deɛ ɛdi kan no, krataa no bɔ atorɔ nkyerɛkyerɛ a ɛwɔ asafo no mu ho kɔkɔ. Saa nkyerɛkyerɛ yi a na ɛyɛ Yudafoɔ ne wɔn a wɔnyɛ Yudafoɔ adwene nsaasaawa no gyina gyidie bi so sɛ, wiase mu biribiara yɛ bɔne. Ɛno nti obiara a ɔpɛ sɛ ɔnya nkwagyeɛ no hia kokoa mu nimdeɛ sononko bi, na ɔyɛ nnoɔma bi te sɛ ɔtua ne ho nnuane bi na ɔnware nso. Krataa no nso ka nhyehyɛɛ a ɛfa asafo no mu ntotoeɛ ne ɔsom, esu ne abrabɔ a ɛsɛ sɛ asafo mu akannifoɔ ne wɔn aboafoɔ nya. Awieeɛ koraa no, ɔtu Timoteo fo fa sɛdeɛ ɔbɛtumi ayɛ Yesu Kristo somfoɔ pa ne asɛdeɛ a ɔwɔ ma ekuo ahodoɔ a ɛwɔ asafo no mu.EMU NSƐMAhyɛaseɛ nkyerɛkyerɛmu 1.1-2Nhyehyɛɛ a ɛfa asafo no ne emu akannifoɔ ho 1.3—3.16Nhyehyɛɛ a ɔde ma Timoteo ɛfa n’adwuma ho 4.1—6.21