Sirak 41 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Deɛ ɛfa owuo ho

1O owuo, hwɛ sɛdeɛ wo ho adwene si yɛ nwono fa

ma obi a ɔwɔ asomdwoeɛ wɔ agyapadeɛ ho,

deɛ biribiara nha no na ɔdi yie wɔ biribiara mu,

na ɔda so ara wɔ ahoɔden a ɔde di aduane!

2O owuo, hwɛ sɛdeɛ ohiani ne deɛ n’ahoɔden resa

gye wo awaawaatuu wɔ berɛ a wɔte wo nka no!

Deɛ wayɛ posoposo na biribiara ayɛ no dadwene no;

deɛ ɔbɔ abira no, na n’aboterɛ asa no.

3Nsuro owuo ahyɛdeɛ a ɔwɔ ma wo no;

kae wɔn a wɔadi w’anim kan ne wɔn a wɔbɛdi akyire aba.

4Yei ne Awurade ahyɛdeɛ a ɛwɔ hɔ ma nnipa nyinaa;

adɛn nti na worepo Ɔsorosoroni no pɛ no?

Sɛ nkwa wie mfeɛ du anaasɛ ɔha anaasɛ apem a,

asɛmmisa biara nni Asamando.

Omumuyɛfoɔ nkrabea

5Nnebɔneyɛfoɔ mma yɛ akyiwadeɛ mma,

wɔkɔ so ara taataa wɔn a wɔnni nyamesuro no.

6Nnebɔneyɛfoɔ mma agyapadeɛ bɛsɛe,

na animguaseɛ bɛtena w’asefoɔ so daa.

7Mma bɛbɔ agya a ɔnni nyamesuro no soboɔ,

ɛfiri sɛ ɛnam ne so na wɔanya animguaseɛ.

8Monnue, mo a monni nyamesuro,

moapo Ɔsorosoroni Nyankopɔn no mmara!

9Sɛ wowɔ mma a, atoyerɛnkyɛm bɛyɛ wɔn kyɛfa;

wobɛwo wɔn ama wɔasi apini.

Ɛberɛ a wosunti no, anigyeɛ a ɛnni awieeɛ wɔ hɔ;

na sɛ wowu a, wo kyɛfa yɛ nnome.

10Biribiara a ɛfiri dɔteɛ mu sane kɔ dɔteɛ mu;

enti wɔn a wɔnni nyamesuro no firi nnome mu kɔ ɔsɛeɛ mu.

11Nipadua yɛ adeɛ a ɛretwa mu,

nanso din pa deɛ ɛrempepa da.

12Di wo din no nni, ɛfiri sɛ wobɛwu agya hɔ,

na ɛbɛtena hɔ akyɛre asene sika kɔkɔɔ apem a wɔaboa ano asie no bɛtena hɔ.

13Wɔakan nna papa a ɛwɔ nkwaberɛ mu,

nanso din pa tena hɔ afebɔɔ.

14Me mma, momfa nteteeɛ a monyaeɛ no nni dwuma na monya asomdwoeɛ;

nyansa a wɔde asuma ne agyapadeɛ a ani nhunuiɛ no,

mfasoɔ bɛn na ɛwɔ ne mmienu so?

Abirabɔ ahodoɔ bi

15Wɔn a wɔde wɔn kwasea hunta no

yɛ sene wɔn a wɔde wɔn nyansa hunta.

16Saa nti fa nidie ma me nsɛm;

ɛfiri sɛ ɛnyɛ adepa sɛ w’ani bɛwu wɔ biribiara ho,

ɛnna ɛnyɛ animguaseɛ biara na ɛsɛ sɛ wɔsosɔ soɔ.

17Ma adwamammɔ nyɛ wo aniwu wɔ w’agya ne wo na anim;

ne atorɔdie, wɔ ɔhene ba anaasɛ ɔhene anim;

18asɛmmɔne wɔ ɔtemmuafoɔ anaasɛ ɔsɛnnifoɔ anim;

ne mmaratoɔ wɔ asafo ne nnipa anim;

nsisie dwadie wɔ wo hokafoɔ anaasɛ wo yɔnko anim;

19na korɔno wɔ faako a woteɛ.

Ma w’ani nwu wɔ ho sɛ wobɛbu ntam anaasɛ apam so,

ne pɛsɛmenkomenya wɔ adidie ase;

nyɛ ahokyerɛ wɔ ɔgyeɛ anaasɛ ɔma ho,

20ne kommyɛ wɔ wɔn a wɔkyea woɔ no anim;

sɛ wode w’ani bɛhwɛ odwamammɔni,

21ne sɛ worebu w’ani agu busuani bi adesrɛ so;

sɛ worefa obi kyɛfa anaasɛ n’akyɛdeɛ,

ne sɛ woregyene w’ani ahwɛ ɔbarima foforɔ yere;

22sɛ wo ne n’abaawa bɛgoro,

na mmɛn abaawa no mpa ho;

kasa a ɛho nteɛ wɔ ayɔnkofoɔ anim,

na sɛ wokyɛ adeɛ wie a, nni atɛm wɔ akyire.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help