1Na Israel tenaa Sitim. Na ɔman no firii aseɛ ne Moab mmabaa bɔɔ adwaman;
2Num 31.16 na wɔhyiahyiaa ɔman no kɔɔ wɔn anyame afɔreduane ho; na ɔman no didii na wɔsɔree wɔn anyame no;
3Deut 4.3 na Israel de ne ho bɔɔ Baal-peor ho. Na AWURADE bo fuu Israel;
42 Sa 21.6, 9; Deut 21.22-23 na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Fa ɔman no mu atitire no nyinaa, na sensɛne wɔn ma AWURADE, owia so, na AWURADE abufuhyeɛ no nsane mfiri Israel so.
5Na Mose ka kyerɛɛ Israel atemmufoɔ no sɛ: Monkunkum mo mmarima a wɔde wɔn ho kɔbɔɔ Baal-peor ho no.
6Na hwɛ, ɔbarima bi firi Israelfoɔ no mu bae a ɔde Midianni baa bi baa ne nuanom nkyɛn wɔ Mose ani so ne Israelfoɔ asafo no nyinaa ani so; ɛberɛ a wɔn deɛ, na wɔresu ahyiaeɛ ntomadan no ano.
7Na Ɔsɔfoɔ Aaron ba Eleasa ba Pinehas hunuiɛ no, ɔsɔre firii asafo no mu kɔfaa pea kurae,
8na ɔdii Israelni no akyi kɔɔ pia no mu, na ɔwowɔɔ wɔn baanu no, Israelni ne ɔbaa no nyinaa hwiree n’ayaase; na ɔhaw no to twa firii Israelfoɔ no so.
91 Ko 10.8 Na nnipa a wɔwuwuu ɔhaw no mu ano si mpem aduonu nnan.
10Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:
11Ɔsɔfoɔ Aaron ba Eleasa ba Pinehas asianka m’abufuo afiri Israelfoɔ so, sɛ watwe me ho ninkunu wɔ wɔn mu a enti manhye Israelfoɔ wɔ me ninkuntwe mu.
121 Be 9.20 Enti ka sɛ: Hwɛ, mede m’asomdwoeɛ apam merema no,
13Dwom 106.30-31 na ayɛ ɔno ne n’asefoɔ a wɔbɛba n’akyire no daa asɔfodie apam, ɛfiri sɛ watwe ninkunu ama ne Nyankopɔn, na wapata ama Israelfoɔ.
14Na Israelni a wɔkum no ne Midianni baa no din ne Simri, Salu ba a ɔyɛ Simeonfoɔ mpanimfie mu bapɔmma.
15Num 31.8 Na Midianni baa a wɔkum no no din de Kosbi, Sur a ɔyɛ Midianfoɔ mu agya fie so panin no ba.
16Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:
17Num 31.2-10 Monteetee Midianfoɔ no na monku wɔn,
18ɛfiri sɛ wɔn nso a wɔde wɔn aniteɛ teetee mo, na wɔde daadaa mo de kɔsom Baal-peor, ne wɔn nuabaa Kosbi, Midian safohene no babaa a wɔkum no da a Peor ho haw no baeɛ no asɛm no nti.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
