1Na Odiyifoɔ Elisa frɛɛ adiyifoɔ mma no mu baako ka kyerɛɛ no sɛ: Bɔ abɔsoɔ, na fa ngo toa yi kura wo nsam, na kɔ Ramot-gilead.
2Na sɛ woduru hɔ a, hwehwɛ Nimsi ba Yehosafat ba Yehu hɔ, na kɔ mu, na ma no nsɔre mfiri ne nuanom mu, na fa no kɔ mpiakyire pia mu,
31 Ah 19.16 na fa ngo toa no hwie gu n’atifi, na ka sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Masra wo ngo asi Israel so hene; na hini ɛpono no na dwane, na nnyina.
4Ɛnna aberanteɛ a ɔyɛ odiyifoɔ aberanteɛ no sii mu kɔɔ Ramot-gilead.
5Na ɔduruiɛ no, na hwɛ, ɛdɔm so asafohene tete hɔ; na ɔkaa sɛ: Mewɔ asɛm bi mese wo, ɔsafohene. Na Yehu bisaa sɛ: Wone yɛn nyinaa mu hwan? Na ɔse: Mene wo, ɔsafohene.
6Ɛnna ɔsɔre kɔɔ ɛdan no mu, na ɔhwiee ngo no guu n’atifi, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn seɛ nie: Masra wo masi wo AWURADE man Israel so hene.
71 Ah 21.22 Na wobɛbɔ wo wura Ahab fie, na matɔ me nkoa adiyifoɔ no mogya ne AWURADE nkoa nyinaa mogya so were Isebel nsam;
81 Ah 14.10 na Ahab fie nyinaa asɛe, na matwa Ahabni barima biara atwene, akoa oo, ɔdehyeɛ oo, Israel mu.
91 Ah 15.29; 16.3, 11 Na mɛyɛ Ahab fie sɛ Nebat ba Yeroboam fie ne Ahia ba Baasa fie.
101 Ah 21.23 Na akraman bɛwe Isebel nam, Yesreel asase so, na obiara nni hɔ a ɔbɛsie no. Na ɔhinii ɛpono no dwanee.
11Na Yehu firii adi baa ne wura nkoa nkyɛn. Na obi bisaa no sɛ: Ɛyɛ anaa? Adɛn nti na ɔbɔdamfoɔ yi baa wo nkyɛn yi? Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mo ara monim ɔbarima no ne ne nsɛnkeka.
12Na wɔse: Atorɔ! Ka kyerɛ yɛn ɛ! Na ɔse: Sɛɛ ne sɛɛ na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Masra wo ngo masi wo Israel so hene.
13Mat 21.7 Ɛnna wɔyɛɛ ntɛm yiyii wɔn ntadeɛ de hyehyɛɛ n’ase wɔn nan ase wɔ ntwedeɛ no ara soɔ, na wɔhyɛnee totorobɛnto sɛ: Yehu adi hene!
Yehu di Yehoram ne Ahasia awu14Na Nimsi ba Yehosafat ba Yehu pam Yoram tiri so; nso na Yoram ne Israel nyinaa rewɛn wɔ Ramot-gilead, Siriahene Hasael nti;
152 Ah 8.28-29 na Ɔhene Yehoram deɛ, na wasane aba Yesreel sɛ ɔrebɛsa pira a ɔne Siriahene Hasael reko no, Siriafoɔ piraa no no. Na Yehu kaa sɛ: Sɛ sei ne w’adwene a, ɛnneɛ mommma obiara mmfiri adi nnnwane mmfiri kuro yi mu nnkɔka no wɔ Yesreel.
162 Ah 8.29 Na Yehu tenaa teaseɛnam mu kɔɔ Yesreel. Na ɛhɔ na na Yoram da, na Yudahene Ahasia asiane aba sɛ ɔrebɛhwɛ Yoram.
17Na ɔwɛmfoɔ gyina Yesreel abantenten so; na ɔhunuu Yehu asafokuo no sɛ wɔreba, na ɔkaa sɛ: Mehunu asafokuo bi. Na Yehoram se: Fa ɔpɔnkɔsoteni soma no ma no nkɔhyia wɔn, na ɔmmisa sɛ: Asomdwoeɛ anaa?
18Na ɔpɔnkɔsoteni bi kɔ kɔhyiaa no, na ɔkaa sɛ: Sɛ ɔhene seɛ nie: Asomdwoeɛ anaa? Na Yehu se: Wo ne asomdwoeɛ wɔ deɛn na ɛyɛ? Bra bɛdi m’akyi! Na ɔwɛmfoɔ no de nkra kɔmaa ɔhene sɛ: Ɔbɔfoɔ no aduru wɔn nkyɛn, nso ɔnsane mma.
19Ɛnna ɔsomaa ɔpɔnkɔsoteni a ɔtɔ so mmienu; na ɔkɔduruu wɔn nkyɛn no, ɔkaa sɛ: Sɛ ɔhene seɛ nie: Ɛyɛ asomdwoeɛ anaa? Na Yehu se: Asomdwoeɛ fa wo ho bɛn? Bra bɛdi m’akyi!
20Na ɔwɛmfoɔ no kaa sɛ: Waduru wɔn nkyɛn, nso ɔnsane mma. Na ɔka pɔnkɔ no sɛdeɛ Nimsi ba Yehu ka no, na ɔka no denden pa ara.
21 1 Ah 21.1 Ɛnna Yehoram kaa sɛ: Monsiesie! Na wɔsiesiee ne teaseɛnam no. Na Israelhene Yehoram ne Yudahene Ahasia firii adi, wɔn nteaseɛnam mu, na wɔfiri kɔhyiaa Yehu, na wɔkɔtoo no Yesreelni Nabot asase no so.
22Na Yehoram hunuu Yehu no, ɔbisaa sɛ: Yehu, asomdwoeɛ anaa? Na ɔse: Asomdwoeɛ bɛyɛ dɛn aba, berɛ a wo na Isebel adwamammɔ ne n’abayigorɔ bebree no rekɔ soɔ yi?
23Ɛnna Yehoram danee ne ho dwaneeɛ, na ɔka kyerɛɛ Ahasia sɛ: Atirisopamsɛm nie, Ahasia!
24Na Yehu de ne nsa sɔɔ agyan mu to bɔɔ Yehoram abasa ntam, na agyan no hwiree n’akoma mu, na ɔhwee ne teaseɛnam mu.
251 Ah 21.19 Ɛnna ɔka kyerɛɛ ne kunini Bidkar sɛ: Ma no so to no twene Yesreelni Nabot asase no so! Na kae sɛ me ne wo te apɔnkɔ so bɔɔ anan dii n’agya Ahab akyiri no, AWURADE de atemmusɛm yi too ne so sɛ:
26Ampa ara, mehunuu Nabot mogya ne ne mma mogya nnora! AWURADE na ɔseɛ: Na mɛtua wo ɛso ka, asase yi so! AWURADE na ɔseɛ. Na afei ma no so to no twene asase yi so, sɛdeɛ AWURADE asɛm no teɛ no.
27 2 Be 22.7-9 Na Yudahene Ahasia hunuiɛ no, ɔfaa turom dan kwan so dwanee. Na Yehu tii no, na ɔkaa sɛ: Mommɔ ɔno nso teaseɛnam no mu. Wɔyɛɛ saa Gur aforoeɛ a ɛwɔ Yibleam ho no; na ɔdwane kɔɔ Megido, na ɔkɔwuu wɔ hɔ.
282 Ah 14.20; 23.30 Na ne nkoa de no nam teaseɛnam mu kɔɔ Yerusalem; na wɔsiee no n’asieeɛ kaa n’agyanom ho, Dawid kuro mu.
29Na Ahab ba Yoram afe a ɛtɔ so dubaako mu na Ahasia bɛdii Yuda so hene.
Isebel awieeɛ a ɛyɛ hu30Ɛnna Yehu baa Yesreel. Na Isebel teeɛ no, ɔkekaa n’ani ho adubire, na ɔhyehyɛɛ ne ti, na ɔhwɛɛ mpomma mu.
311 Ah 16.10, 18 Na Yehu duruu ɛpono no ano no, ɔbisaa sɛ: Ɛyɛ asomdwoeɛ anaa, wo Simri a, wokumm wo wura?
32Na ɔmaa n’ani so hwɛɛ mpomma no, na ɔbisaa sɛ: Hwan na ɔwɔ m’afa, hwan? Ɛnna pia mufoɔ baanu anaa baasa firi bɔɔ wɔn ani kyerɛɛ no.
33Na ɔkaa sɛ: Monto no nhwe fam! Ɛnna wɔtoo no hwee fam, na ne mogya bi petee ɔfasuo ho ne apɔnkɔ no ho, na ɔde teaseɛnam faa ne so.
34Na ɔhyɛnee mu; na ɔdidiiɛ na ɔnomeeɛ no, ɔkaa sɛ: Monkɔ nkɔhwɛ ɔbaa a wɔadome no no, na monsie no, ɛfiri sɛ ɔyɛ ɔhene babaa.
35Na wɔkɔɔ sɛ wɔrekɔsie no, na wɔanhunu ne ho biribiara gye ne tikwankoraa ne ne nan ne ne nsayam.
362 Ah 9.10; 1 Ah 21.23 Na wɔsane bɛka kyerɛɛ no; na ɔkaa sɛ: AWURADE asɛm a ɔnam n’akoa Elia Tisbini no so kaeɛ no nie sɛ: Yesreel asase so na akraman bɛwe Isebel nam,
37na Isebel funu bɛhwete ayɛ sɛ sɛbeɛ wɔ wiram, Yesreel asase no so, na obiara anhunu anka sɛ: Isebel nie!
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.