1Na Esra rebɔ mpaeɛ na ɔde esu ne fam da repae mu ka wɔ Nyankopɔn fie no anim no, Israel mu asafo kɛseɛ pa ara, mmarima ne mmaa ne mmɔfra boaboaa wɔn ano baa ne nkyɛn. Na ɔman no suu esu kɛseɛ.
2Ɛnna Yehiel ba Sekania a ɔfiri Elam mma mu gyee so ka kyerɛɛ Esra sɛ: Yɛn deɛ, yɛafom yɛn Nyankopɔn, sɛ yɛawareware mmaa ananafoɔ afiri asase no so aman mu, nanso anidasoɔ da so wɔ hɔ ma Israel.
3Enti momma yɛne yɛn Nyankopɔn mpam sɛ yɛbɛyi yɛn yerenom no nyinaa ne mma a wɔawowo wɔn no afiri yɛn mu, me wura ne wɔn a yɛn Nyankopɔn mmara asɛm no ma wɔn ho popoɔ no afotuo no nti; na wɔnyɛ no sɛdeɛ mmara no teɛ.
4Sɔre, na wo so na asɛm yi da, na yɛn deɛ, yɛdi w’akyi; ma wo ho nyɛ den, na yɛ!
5Ɛnna Esra sɔreeɛ, na ɔmaa asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Lewifoɔ ne Israel nyinaa kekaa ntam sɛ wɔbɛdi asɛm yi so. Na wɔkekaa ntam no.
6Na Esra sɔre firii Nyankopɔn fie no anim, na ɔkɔɔ Eliasib ba Yohanan pia mu; na ɔkɔɔ hɔ no, wannidi, na nsuo nso wannom, ɛfiri sɛ ɔdii atukɔfoɔ no mfomsoɔ ho abooboo.
7Na wɔpae mu kyinii Yuda ne Yerusalem kyerɛɛ atukɔfoɔ no nyinaa sɛ wɔmmoaboa wɔn ano mmɛhyia wɔ Yerusalem,
8na obiara a ɔremma nnansa mu, sɛ mmapɔmma ne mpanimfoɔ afotuo no teɛ no, wɔbɛsɛe n’afideɛ nyinaa pasapasa, na ɔno nso wɔbɛtu no afiri atukɔfoɔ badwa no mu.
9Ɛnna Yuda ne Benyamin mmarima nyinaa boaboaa wɔn ano bɛhyiaa Yerusalem nnansa mu, ɛyɛ bosome a ɛtɔ so nkron no da a ɛtɔ so aduonu. Na ɔman no nyinaa tenatenaa Nyankopɔn fie no anim mpraeɛ no so, na asɛm no ne osu kɛseɛ bi nti wɔn ho popoe.
10Na Ɔsɔfoɔ Esra sɔre gyina ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mo deɛ, moafom, sɛ moawareware mmaa ananafoɔ, na mode ama Israel asodie no adɔɔso.
11Na afei mompae mu nka mo bɔne nkyerɛ AWURADE mo agyanom Nyankopɔn, na monyɛ deɛ ɔpɛ no, na monte mo ho mfiri asase so aman ne mmaa ananafoɔ no ho.
12Ɛnna badwa no nyinaa de nne kɛseɛ gyee so kaa sɛ: Ɛte saa, ɛsɛ sɛ yɛyɛ sɛdeɛ woaka no.
13Nso ɔman no dɔɔso, na osutɔ berɛ yi nso yɛrentumi nnyina abɔntene so, na adwuma no nso nyɛ da koro anaa nnannu adwuma; na yɛama yɛn mmarato adɔɔso asɛm yi mu.
14Enti ma yɛnyi yɛn mmapɔmma mma badwa no nyinaa, na wɔn a wɔwɔ yɛn nkuro mu a wɔawareware mmaa ananafoɔ nyinaa mmra berɛ a wɔahyehyɛ mu, na kuro biara mu mpanimfoɔ ne emu atemmufoɔ nka wɔn ho nkɔsi sɛ wɔbɛsianka yɛn Nyankopɔn abufuo a adɔ asɛm yi ho no afiri yɛn soɔ.
15Nso Asahel ba Yonatan ne Tikwa ba Yahasia sɔre tiaa yei ho, na Mesulam ne Sabetai, Lewini no boaa wɔn.
16Na atukɔfoɔ no yɛɛ saa. Na Ɔsɔfoɔ Esra yiyii mmarima a wɔyɛ agyanom atitire, wɔn mpanimfie soɔ, na wɔbobɔɔ wɔn nyinaa din. Na wɔtenatenaa ase bosome a ɛtɔ so du no da a ɛdi kan no mu, sɛ wɔrehwehwɛ asɛm no mu.
17Na wɔne mmarima a wɔawareware mmaa ananafoɔ no nyinaa wiee asɛm no ka bosome a ɛdi kan no da a ɛdi kan no mu.
18 Esra 3.2; 9.2 Na wɔhunuu asɔfoɔ mma mu wɔn a wɔawareware mmaa ananafoɔ: Yosadak ba Yesua ne ne nuanom mu: Maaseia ne Eliesa ne Yarib ne Gedalia.
19Na wɔhyɛɛ bɔ sɛ wɔbɛgyae wɔn yerenom no, na wɔde odwennini bɔɔ wɔn asodie no ho afɔdeɛ;
20ne Imer mma mu: Hanani ne Sebadia;
21ne Harim mma mu: Maaseia ne Elia ne Semaia ne Yehiel ne Usia;
22ne Pasur mma mu: Eliehoenai, Maaseia, Ismael, Netanel, Yosabad ne Elasa.
23Na Lewifoɔ mu: Yosabad ne Simei ne Kelaia (a ɔne Kelita), Petahia, Yuda ne Eliesa;
24ne nnwontofoɔ ne: Eliasib; ne apono ano ahwɛfoɔ mu: Salum ne Telem ne Uri.
25Na Israel mu: Paros mma mu: Ramia, Yisia, Malkia, Miamin, Eleasa, Malkia ne Benaia;
26ne Elam mma mu: Matania, Sakaria, Yehiel, Abdi, Yeremot ne Elia;
27ne Satu mma mu: Elioenai, Eliasib, Matania, Yeremot, Sabad ne Asisa;
28ne Bebai mma mu: Yehohanan, Hanania, Sabai, ne Atlai;
29ne Bani mma mu; Mesulam, Maluk, Adaia, Yasub, Seal, Yeremot;
30ne Pahat-Moab mma mu: Adna, Kelal, Benaia, Maaseia, Matania, Besalel, Binui, Manase;
31ne Harim mma: Eliesa, Yissia, Malkia, Semaia, Simeon,
32Benyamin, Maluk, Semaria.
33Hasum mma mu: Matenai, Matata, Sabad, Elifelet, Yeremai, Manase, Simei.
34Bani mma mu: Maadai, Amram, Uel,
35Benaia, Bedeia, Keluhi,
36Wania, Meremot, Eliasib,
37Matania, Matenai, Yaasu,
38Bani, Binui, Simei,
39Selemia, Natan, Adaia,
40Maknadebai, Sasai, Sarai,
41Asarel, Selemia, Semaria,
42Salum, Amaria, Yosef.
43Nebo mma mu: Yeiel, Matitia, Sabad, Sebina, Yadau, Yoel, Benaia.
44Na yeinom nyinaa awareware mmaa ananafoɔ, na wɔgyaagyaee wɔn maa wɔne wɔn mma kɔeɛ.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.