Hiob 35 - Twer? Kronkron(ASWDC)

1Na Elihu kɔɔ so ara kaa sɛ:

2 Hiob 32.2 Wobu no sɛ ɛtene,

anaa woka sɛ: Me tenenee sene Nyankopɔn deɛ,

3 Hiob 34.9 sɛ woka sɛ: Ɛbɛyɛ me mfasoɔ bɛn?

Na mfasoɔ bɛn na mɛnya asene sɛ anka meyɛɛ bɔne?

4Me deɛ, mede nsɛm bɛbua wo

ne wo mfɛfoɔ a wɔka wo ho no.

5Hwɛ ɔsoro, na hunu,

na hwɛ mununkum a ɛkorɔn sene woɔ no.

6 Hiob 7.20 Sɛ woyɛ bɔne a, ɛdeɛn na wode yɛ no,

na sɛ wo mmarato dɔɔso a, ɛdeɛn na woyɛ no?

7 Rom 11.35 Sɛ wotene a, ɛdeɛn na wode ma no,

anaasɛ wo nsam ɛdeɛn na ɔgyeɛ?

8Onipa a ɔte sɛ woɔ na w’abɔnefosɛm pira no,

na onipa ba bi na wo tenenee bɛma no anya mfasoɔ.

9Nhyɛsoɔ bebrebe nti na ɛma wɔteam,

wɔsu frɛ ɔboafoɔ, nnipa akɛseɛ nsa ase.

10 Dwom 42.8; Aso 16.25 Nanso obi nka sɛ: Ɛhe na Onyankopɔn,

me yɛfoɔ no wɔ? Deɛ ɔma nnwom anadwo,

11deɛ ɔkyerɛ yɛn nimdeɛ sene asase so mmoa,

na ɔkyerɛ yɛn nyansa sene ɔsoro nnomaa no.

12Ɛhɔ na wɔteam, na ɔmmua,

abɔnefoɔ ahantan nti.

13 Yoh 9.31 Ampa ara Onyankopɔn rentie ahuhusɛm,

na Otumfoɔ remmu.

14 Hiob 23.8-9 Na nkantom sɛ wose: Wonhu no deɛ

nanso asɛm no da n’anim, na wotwɛn no ara!

15 Skf 8.11 Na afei ɛnam sɛ ɔmmɛtwee aso, n’abufuo mu,

na ɔnni amumuyɛ akyiri pii nti,

16Hiob bue n’ano kwa,

na nimdeɛ a ɔnnie mu, ɔma nsɛm dɔɔso.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help