1Na Abimelek akyiri no, deɛ ɔsɔre bɛgyee Israel ne Pua ba Tola a ɔyɛ Isakarni Dodo ba; na ɔtenaa Samir, Efraim bepɔ so.
2Na ɔbuu Israel atɛn mfeɛ aduonu mmiɛnsa. Na ɔwui, na wɔsiee no Samir.
3 Num 32.41 Na n’akyiri no, Gileadni Yair sɔree, na ɔbuu Israel atɛn mfeɛ aduonu mmienu.
4Ate 12.14 Na ɔwɔ mmammarima aduasa a na wɔtenatena mfunumu mma aduasa soɔ na wɔwɔ nkuro aduasa a wɔfrɛ no Yair nkuro de bɛsi nnɛ. Ɛwɔ Gilead asase so.
5Na Yair wui, na wɔsiee no Kamon.
Israelfoɔ hyɛ wɔn atamfoɔ ase bio6Na Israelfoɔ kɔɔ so yɛɛ AWURADE ani so bɔne, na wɔsom Baalim ne Astarot ne Siria anyame ne Sidon anyame ne Moab anyame ne Amonfoɔ anyame ne Filistifoɔ anyame, na wɔgyaa AWURADE hɔ na wɔansom no.
7Na AWURADE abufuo dɛre tiaa Israel, na ɔtɔnee wɔn hyɛɛ Filistifoɔ ne Amonfoɔ nsa.
8Na wɔhom Israelfoɔ so haa wɔn afe no ara mu. Mfeɛ dunwɔtwe na wɔdii Israelfoɔ a wɔwɔ Yordan agya, Amorifoɔ asase soɔ wɔ Gilead no nyinaa soɔ.
9Na Amonfoɔ no bɛtwaa Yordan ne Yuda ne Benyamin ne Efraim fie nso bɛkoe; na Israel ho hiahiaa wɔn sɛ.
10Ɛnna Israelfoɔ no su frɛɛ AWURADE sɛ: Yɛayɛ wo bɔne, sɛ yɛagya yɛn Nyankopɔn hɔ na yɛakɔsom Baalim.
11Na AWURADE ka kyerɛɛ Israelfoɔ sɛ: Misraimfoɔ, Amorifoɔ, Amonfoɔ, Filistifoɔ,
12Sidonfoɔ, Amalekfoɔ ne Maonfoɔ anhyɛ mo so! Na mosu frɛɛ me no, megyee mo firii wɔn nsam.
13Na mo deɛ, moagya me hɔ akɔsom anyame foforɔ. Enti merenkɔ so mennye mo bio.
14Deut 32.37-38; Yer 2.28 Monkɔ nkɔsu mfrɛ anyame a moayi wɔn no, na wɔnnye mo mo ahohia berɛ mu.
15Na Israelfoɔ no ka kyerɛɛ AWURADE sɛ: Yɛayɛ bɔne; wo deɛ, yɛ yɛn sɛdeɛ ɛyɛ wɔ w’ani soɔ nyinaa, gyeɛ nko na gye yɛn nnɛ da yi.
16Gye 35.2-4; Ate 2.18 Na wɔyiyii anyame ananafoɔ no firii wɔn mu, na wɔsomm AWURADE; na Israel amanehunu no yɛɛ ne kra ahomete.
17Na Amonfoɔ no hyia ba bɛkyeree nsraban Gilead. Na Israelfoɔ no nso boaboaa wɔn ano kɔkyeree nsraban Mispa.
18Ate 11.6-11 Na Gilead man, wɔn mu atitire sesee wɔn ho wɔn ho sɛ: Hwan ne ɔbarima a ɔne Amonfoɔ no bɛfiri aseɛ ako? Ɔno na ɔnkɔdi Gileadfoɔ nyinaa tire.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
