1Wɔnnue, wɔn a wɔhyehyɛ ahyɛdeɛ huhuo
ne atwerɛfoɔ a wɔtwerɛ nhyɛsoɔ ahyɛdeɛ,
2sɛ wɔbɛdane ahiafoɔ afiri atɛntenenee ho,
na wɔakyea me man mu mmɔborɔfoɔ atemmuo,
na akunafoɔ adane wɔn asadeɛ,
na wɔafom nwisiaa afa!
3Na mobɛyɛ dɛn asotwe da no
ne ɔsɛeɛ a ɛfiri akyirikyiri reba no mu?
Hwan nkyɛn na mobɛdwane akɔgye mmoa,
na ɛhe na mobɛgya mo ahodeɛ no?
4 Yes 5.25 Ɛnkaa hwee sɛ wɔbɛbrɛ wɔn ho ase afra nneduafoɔ mu
anaa wɔne atɔfoɔ atotɔ afra.
Yei nyinaa mu no n’abufuo nnyaee,
na ne nsa atene ara.
5 Yes 7.20 A, Asiria, m’abufuo abaa
a wo nsam poma yɛ m’abufuhyeɛ!
6Ɔman a nyamesuro nni wɔn mu mu na masoma no akorɔ,
na m’abufuo man no so na mɛhyɛ no sɛ
ɔnkɔ nkɔfa asadeɛ na ɔnkɔfom mfa,
na ɔntiatia wɔn so sɛ mmorɔno so dɔteɛ.
7 Sak 1.15 Nso ɔno deɛ, ɛnyɛ saa na ɔdwene,
na n’akoma nsusu no saa,
na ɛwɔ n’akoma mu sɛ ɔbɛsɛe
na watutu amanaman pii.
8Ɛfiri sɛ ɔka sɛ:
M’asafohene nyɛ ahemfo nko ara?
9Kalno nte sɛ Karkemis?
Na Hamat nte sɛ Arpad anaa?
Na Samaria nte sɛ Damasko?
10 Yes 36.18-20 Sɛdeɛ me nsa kaa ahennie a wɔn abosonhuhuo no
ahoni sene Yerusalem ne Samaria deɛ no,
11ɛnyɛ sɛdeɛ meyɛɛ Samaria ne ɛhɔ abosonhuhuo no
na mɛyɛ Yerusalem ne ɛhɔ ahoni no nso?
12 37.36 Na ɛbɛba sɛ, sɛ AWURADE nya yɛ n’adeɛ a ɔbɛyɛ Sion bepɔ so ne Yerusalem wie a, mɛba mabɛtua Asiriahene akomapirim ne n’ani a atra ne ntɔn no so ka.
13Ɛfiri sɛ ɔse:
Me nsam ahoɔden ne me nyansa na mede mayɛ,
ɛfiri sɛ mewɔ nyansa ne nteaseɛ;
na matwe aman no ahyeɛ mu,
na mafom wɔn akoradeɛ,
na masunsum wɔn a wɔtete adwa soɔ agu, sɛ ɔbrane.
14Na me nsa aka aman no ahonyadeɛ sɛ pirebuo;
na sɛdeɛ wɔtase nkosua a wɔagya no,
sɛdeɛ me nso mɛtase asase nyinaa ne no,
na obiara nni hɔ a ɔkekaa ntaban
anaasɛ ɔtrɛɛ n’anomu anaasɛ ɔsuu twee twee.
15 Yes 10.5 Akuma hoahoa ne ho wɔ deɛ ɔde no twa adeɛ no so,
anaasɛ ɛwan ma ne ho so wɔ deɛ ɔtwe no no so?
Sɛ dabrɛ dua tumi him deɛ ɔma soɔ no,
anaasɛ poma tumi ma deɛ ɔnyɛ dua no so!
16Enti AWURADE, asafo AWURADE no,
bɛma ɛfɔn aba n’abrane mu,
na wasɔ n’animuonyam ase gya sɛ ogya a ɛdɛreɛ,
17 Deut 4.24 Na Israel hann no bɛdane ogya,
na ne Kronkronni no adane gyaframa,
na wadɛre ahye
ne nwerɛ ne ne nkasɛɛ da koro.
18Na ne kwaeɛ ne ne mfuo animuonyam no,
ɔbɛfiri ɔkra so akɔsi honam so asɛe no,
na ayɛ sɛ ɔyarefoɔ a yadeɛ rewie no kum.
19Na ne kwaeɛ mu nnua nkaeɛ no bɛsua
a abɔfra mpo bɛtumi atwerɛ ne dodoɔ.
Nkaeɛ no saneba20Na da no, Israel nkaeɛ ne Yakob fie adwanefoɔ no rentwere deɛ ɔhwee wɔn no bio, na wɔbɛtwere AWURADE, Israel Kronkronni no, nokorɛ mu.
21Nkaeɛ no bɛsane aba, Yakob nkaeɛ bɛba Onyankopɔn tumfoɔ no nkyɛn.
22Rom 9.27 Na sɛ wo man Israel dodoɔ te sɛ mpoano anwea a, nkaeɛ bi nko na ɛbɛsane aba. Wɔahyɛ ɔsɛeɛ a ɛde tenenee a ɛboro soɔ bɛba.
23Yes 28.22 Na ɔsɛeɛ pasaa a wahyɛ no pintinn no na asafo AWURADE Nyankopɔn de reba asase mu no nyinaa soɔ.
24Ne saa nti, sɛdeɛ asafo AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Me man a wɔte Sion, monnsuro Asiria. Abaa na ɔde bɛhwe woɔ, na ne poma na ɔbɛma so wo soɔ, sɛ Misraim deɛ no;
25nanso aka kakra bi na abufuhyeɛ no to atwa, na m’abufuo adane akɔdwerɛ wɔn.
26Ate 7.25; Eks 14.26 Na asafo AWURADE bɛhim mpire atia no, sɛdeɛ ɔkum Midian, Oreb botan soɔ no; na n’abaa bɛkyerɛ po no so, na wama so sɛ Misraim deɛ no.
27Na da no, n’adesoa bɛyi afiri wo mmatiri so, na ne kɔnnua afiri wo kɔn so.
Na sradeɛ nti kɔnnua no bɛpae.
28Waba Ayat afa Migron
de ne nnesoa agya Mikmas;
29wɔakɔfa mpɔtamu hɔ,
wɔakɔsoɛ Geba anadwo no.
Rama ho repopo,
Gibea-saulo adwane.
30Ma wo nne so team, Galim babaa!
O Laisa, tie ɛ!
O Anatot, bua no!
31Madmena redwane,
Gebimfoɔ redwane akɔ deɛ ɛhɔ yɛ.
32Ɛnnɛ ara wɔbɛgyina Nob,
ɔbɛwoso ne nsa
agu Sion babaa bepɔ,
Yerusalem kokoɔ no, so.
33Hwɛ, AWURADE, asafo AWURADE,
de tumi a ɛyɛ hu resua dua mman kusuu so,
na nnutan a ɛwowareɛ no, wɔbɛtwa agu,
na deɛ ɛkorɔn no abrɛ ase;
34na ɔde akuma bɛbu kwaeɛ mu adɔtɔ,
na Lebanon ne ne nnua akɛseɛ no ahwe ase.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.