Ɔsɛnkafoɔ NHYƐNMU - Twer? Kronkron(ASWDC)

NHYƐNMUƆsɛnkafoɔ Nwoma no fa “Onyansafoɔ” no nsusuiɛ ho. Ɔyɛ ɔbarima bi a ɔdwennwenee yie faa sɛdeɛ nnipa mmerɛ si yɛ tia ne abirabɔ a ɛwɔ mu no ho. Ɔdwennwenee faa emu ntɛnkyea ne ateeteeɛ a ɛyɛ nwanwa no ho, na afei asɛm a ɔde wieeɛ ara ne sɛ “abrabɔ yɛ huhuo.” Wantumi ante Onyankopɔn a nnipa hyɛberɛ wɔ ne nsamu no akwan ase. Nanso yeinom nyinaa akyi no, ɔtuu nkurɔfoɔ fo sɛ wɔnyere wɔn ho wɔ adwumayɛ mu, na wɔagye wɔn ani wɔ mmerɛ tentene biara a wɔbɛtumi wɔ nnepa a Nyankopɔn de ama no mu.Wohwɛ a asɛ Onyansafoɔ no nsusuiɛ pii no yɛ huhuo ne adwene haw. Nanso, saa nwoma yi a ɛka nwoma ahodoɔ a ɛwɔ Twerɛ Kronkron mu ho no kyerɛ sɛ, Twerɛ Kronkron mu gyidie no trɛ ara sɛ ɛma kwan ma adwene mu hare ne adwene a ɛhinhim saa no ho asɛm ba mu bi. Nnipa bebree na wɔahunu wɔn ho wɔ Ɔsɛnkafoɔ ahwehwɛ mu na afei wɔanya abotɔyam. Wɔhunu sɛ Twerɛ Kronkron yi ara a ɔde saa adwendwen yi to dwa no sane nso ma anidasoɔ bi wɔ Onyankopɔn mu a ɔma nteaseɛ kɛseɛ wɔ abrabɔ mu.EMU NSƐMBotae bi wɔ abrabɔ mu anaa? 1.1—2.26Abrabɔ mu nsɛm bi 3.1—11.8Afotuo a ɔde wie 11.9—12.8Ne mua bɔ 12.9-14
Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help