2 Samuel 9 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Yie a Dawid yɛ Mefiboset

1Na Dawid bisaa sɛ: Obi da so wɔ hɔ a waka Saulo fie, na Yonatan nti mɛyɛ no adɔeɛ?

22 Sa 16.1 Na Saulo fie somfoɔ bi wɔ hɔ a ne din de Siba. Na wɔkɔfrɛɛ no maa no baa Dawid nkyɛn, ɛnna ɔhene bisaa no sɛ: Wone Siba? Na ɔse: W’akoa ne no.

32 Sa 4.4 Na Dawid ka kyerɛɛ no sɛ: Obi nni Saulo fie bio a mede Nyankopɔn adɔeɛ bɛyɛ no anaa? Na Siba se: Yonatan babarima bi da so wɔ hɔ a ɔyɛ apakye.

42 Sa 17.27 Na ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: Ɔwɔ he? Na Siba buaa ɔhene sɛ: Hwɛ, ɔwɔ Amiel ba Makir fie wɔ Lo-debar.

5Na ɔhene soma maa wɔkɔfaa no firii Amiel ba Makir fie wɔ Lo-debar bae.

6Na Saulo ba Yonatan ba Mefiboset duruu Dawid nkyɛn no, ɔbɔɔ ne mu ase maa no. Na Dawid kaa sɛ: Mefiboset. Na ɔse: W’akoa nie.

7Na Dawid ka kyerɛɛ no sɛ: Nsuro, na w’agya Yonatan nti mɛyɛ wo adɔeɛ, na mɛdane w’agya Saulo asase nyinaa mama wo, na woadidi me pono so daa daa.

81 Sa 24.15 Na ɔkoto kaa sɛ: W’akoa ne hwan a worehwɛ no teta sɛ ɔpɛtɛ funu yi?

9Ɛnna ɔhene frɛɛ Saulo somfoɔ Siba, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Adeɛ a ɛyɛ Saulo ne ne fie deɛ no nyinaa mede mama wo wura ba.

10Enti dɔ asase no ma no, wo ne wo mma ne wo nkoa, na fa so aba bra, na wo wura ba nnya aduane nni. Na wo wura ba Mefiboset deɛ, ɔbɛdidi me pono so daa daa. Nso na Siba wɔ mmammarima dunum ne nkoa aduonu.

112 Sa 19.28 Na Siba ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Sɛ me wura ɔhene ahyɛ n’akoa no nyinaa no, saa ara na w’akoa bɛyɛ. Na ɔhene kaa sɛ: Mefiboset deɛ, ɔnnidi me pono so sɛ ɔhene mma mu bi.

12Na Mefiboset wɔ ɔbabarima kumaa bi a wɔfrɛ no Mika. Na wɔn a wɔte Siba fie nyinaa yɛ Mefiboset nkoa.

132 Sa 9.3 Na Mefiboset tenaa Yerusalem, na ɔhene pono so na na ɔdidie daa daa. Na ɔtɔ ne nan mmienu so.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help