1 Efe 3.1 Paulo, Kristo Yesu deduani, ne onua Timoteo, de kɔma Filemon, yɛn dɔfo ne yɛn yɔnko dwumayɛni,
2Kol 4.17 ne onuabaa Apia, ne Arkipo, yɛn yɔnko sraani, ne asafo a ɛwɔ wo fie:
3Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri yɛn Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo!
Aseda4Da biara a mekae wo wɔ mpaebɔ mu no, meda me Nyankopɔn ase,
5ɛfiri sɛ mete wo dɔ a wowɔ ma ahotefoɔ nyinaa ne wo gyidie a wowɔ no Awurade Yesu mu no nka.
6Na mebɔ mpaeɛ sɛ nnepa pa nyinaa a ɛnam Kristo so wɔ wo mu ho nimdeɛ bɛma wo gyidie adɔeɛ nnwuma no ada adi kɛse.
7Me nua, mewɔ wo dɔ ho anigyeɛ ne awerɛkyekyerɛ bebree, sɛ woama ahotefoɔ akoma atɔ wɔn yam.
Onesimo8Ɛno nti, ɛwom sɛ anka mewɔ akokoɔduro kɛse wɔ Kristo mu sɛ mehyɛ wo sɛ yɛ adeɛ a ɛfata yi,
9nanso, ɔdɔ nti mesrɛ wo mmom, me, akora Paulo a seesei mesane meyɛ Kristo Yesu deduani nso:
10Kol 4.9 Mesrɛ wo mema me ba a mewoo no wɔ nkyehoma mu, Onesimo
11(a kane no, ne ho nni mfasoɔ mma woɔ, na afei ɔyɛ ma wo ne me).
12Ɔno ara na masoma no wo nkyɛn bio; onipa a ɔte sɛ me ara m’akoma.
13Anka mepɛɛ sɛ mesianka no ma no tena me nkyɛn, na wasi w’anan mu asom me wɔ asɛmpa nkyehoma no mu,
14nanso mampɛ sɛ mefiri w’akyiri meyɛ biribiara, na wo yieyɛ anyɛ sɛ ɛfiri ɔhyɛ mu, na mmom afiri ɔpɛ mu.
15Na ebia yei nti na ɔne wo tetee mu kakra, sɛ wobɛnya no daa,
16ɛnyɛ sɛ akoa bio, na mmom deɛ ɔsene akoa, sɛ onua dɔfo a ɔyɛ ma me titire, na kampɛsɛ wo, honam ne Awurade fam.
17Enti sɛ wobu me sɛ ɔyɔnkoɔ deɛ a, gye no sɛ me ara.
18Na sɛ wayɛ wo bɔne bi, sɛ nso ɔde wo ka biara a, bu brɛ me.
19Me Paulo na mede me ara me nsa meretwerɛ sɛ: Mɛtua ka biara a ɔde wo, na anka mempɛ sɛ mekae wo mpo sɛ wo ara ankasa wode me ka.
20Aane, onua, ma mennya wo ho biribi a ɛyɛ, Awurade mu, na ma m’akomam ntɔ me yam wɔ Kristo mu.
21Mewɔ awerɛhyɛmu wɔ wo setie ho nti na meretwerɛ wo nwoma yi, na menim sɛ wobɛyɛ asene deɛ maka yi mpo.
22Nanso siesie ahɔhotenabea ma me, na m’ani da so sɛ, ɛnam mo mpaebɔ so. wɔde me bɛsane abrɛ mo.
Nkradie23 Kol 1.7; 4.12 Epafra, me yɔnko deduani wɔ Kristo Yesu mu,
24Aso 12.12, 25; 13.13; 15.37-39; 19.29; 27.2; Kol 4.10, 14; 2 Ti 4.10, 11 Marko, Aristarko, Dema ne Luka, me yɔnkonom adwumayɛfoɔ, kyeakyea wo.
25Awurade Yesu Kristo adom nka wo honhom.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
