1 1 Sa 22.9-19 Ɔkatakyie, adɛn na wohoahoa wo ho bɔne ho?
Nyankopɔn adɔeɛ wɔ hɔ
daa nyinaa.
2Nkontomponi, wo tɛkyerɛma dwene mmusubɔ ho
te sɛ yiwan a ano yɛ tahwetahweɛ.
3Wopɛ bɔne sene papa,
wopɛ atorɔ sene sɛ wobɛka deɛ ɛtene.
4Nkɔnkɔnsa tɛkyerɛma,
wopɛ amammɔsɛm ara nko.
5Onyankopɔn nso bɛbɔ wo ahwe fam koraa,
ɔbɛyi wo hɔ atu wo afiri wo tenabea,
na watutu w’ase afiri ateasefoɔ asase so.
6 Dwom 91.8 Teneneefoɔ nso bɛhunu asuro,
na wɔasere no sɛ:
7Hwɛ, onipa a wamfa
Onyankopɔn anyɛ ne dwanekɔbea,
na ɔde ne ho too n’ahodeɛ bebree no soɔ,
na ɔhyɛɛ ne ho den, n’anibereɛ mu, no nie.
8 Dwom 92.12-15 Na me deɛ, mete sɛ ngodua frɔmfrɔm,
Nyankopɔn fie,
mede me ho meto Nyankopɔn adom so
daa daa.
9Mɛyi wo ayɛ daa,
sɛ wo na woyɛeɛ,
na mɛtwɛn wo din, ɛfiri sɛ ɛyɛ,
w’ahotefoɔ anim.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
