Adiyisɛm 16 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Nyankopɔn abufuo nkuruwa nson no

1 Adi 15.7 Na metee nne kɛseɛ bi a ɛfiri asɔredan no mu reka kyerɛ abɔfoɔ baason no sɛ: Monkɔ nkɔhwie Nyankopɔn abufuo nkuruwa nson no ngu asase so.

2Eks 9.10-11 Na deɛ ɔdi kan no kɔe, na ɔkɔhwiee ne kuruwa no guu asase so. Na nkudaa bɔne a ɛtutuo baa nnipa a wɔwɔ aboa no agyirahyɛdeɛ ne wɔn a wɔkotoo ne honi no so.

3 Eks 7.17-21 Na deɛ ɔtɔ so mmienu no hwiee ne kuruwa no guu po mu. Na ɛdanee sɛ owufoɔ mogya, na ɛpo no mu mmoa nyinaa wuwuiɛ.

4 Eks 7.19-24 Na deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa no hwiee ne kuruwa no guu nsubɔntene ne asutire mu, na ɛdanee mogya.

5Na metee sɛ nsuo so bɔfoɔ no se:

Wo a wowɔ hɔ, na wowɔ hɔ dada, na woyɛ kronkron, wotene,

ɛfiri sɛ woabu atɛn saa,

6na wɔahwie ahotefoɔ ne adiyifoɔ mogya agu,

na woama wɔn mogya anom,

wɔfata saa.

7 Adi 9.13; 19.2 Na metee sɛ ɛnne bi firi afɔrebukyia no mu a ɛse:

Aane, Awurade Nyankopɔn, adeɛ nyinaa so tumfoɔ,

w’atemmuo yɛ nokorɛ ne tenenee.

8Na deɛ ɔtɔ so nnan no hwiee ne kuruwa no guu owia so. Na wɔmaa no ogya ahoɔden sɛ ɔmfa nhyehye nnipa.

9Adi 16.11; 16.21; 9.20-21 Na wɔde ahuhuro kɛseɛ hyehyee nnipa, na wɔkaa Onyankopɔn a ɔwɔ ɔhaw mmusuo yi so ahoɔden no din ho abususɛm, na wɔansakyera wɔn adwene anhyɛ no animuonyam.

10 Eks 10.21; Yes 8.21-22 Na deɛ ɔtɔ so nnum no hwiee ne kuruwa no guu aboa no ahennwa so. Na n’ahennie danee sum, na yea no nti wɔkekaa wɔn tɛkyerɛma,

11Adi 16.9 na wɔn yea ne wɔn nkudaa nti wɔkaa ɔsoro Nyankopɔn ho abususɛm, na wɔannu wɔn ho wɔ wɔn nnwuma mu.

12 Yes 11.15-16 Na deɛ ɔtɔ so nsia no hwiee ne kuruwa no guu asubɔnten kɛseɛ Eufrate mu, na emu nsuo wee, na wɔasiesie kwan ama ahemfo a wɔfiri owia apueeɛ nohoa.

13Eks 8.3; 1 Ah 22.21-23; Adi 12.9; 13.1; 13.11 Na mehunuu ahonhom fi mmiɛnsa a wɔte sɛ mponkyerɛne, sɛ wɔfiri ɔtweaseɛ no anomu ne aboa no anomu ne adiyifoɔ atorofoɔ no anomu.

14Adi 13.13; 19.19 Na wɔyɛ ahonhommɔne ahonhom a wɔyɛ nsɛnkyerɛnneɛ, na wɔfiri kɔ wiase nyinaa ahemfo nkyɛn kɔboaboa wɔn ano ma Onyankopɔn, ade nyinaa so tumfoɔ no, da kɛseɛ no mu ko no.

151 Te 5.2; Adi 3.18 (Hwɛ, mereba sɛ owifoɔ. Nhyira ne deɛ ɔwɛn na ɔhwɛ ne ntadeɛ soɔ, na wannante adagya mu, na wɔanhunu ne kwaterekwa.)

16Ate 5.19; 5.31; 2 Ah 9.27; 23.29; Sak 12.11 Na ɔboaboaa wɔn ano kɔɔ baabi a wɔfrɛ hɔ Hebri kasa mu sɛ Armagedon.

17Na deɛ ɔtɔ so nson no hwiee ne kuruwa no guu ahunum. Na ɛnne kɛseɛ bi firi asɔredan no mu, firi ahennwa no mu, sɛ: Wɔawie.

18Adi 4.5; 8.5; 11.19 Na anyinam ne ɛnne ne aprannaa bae, na asasewosoɔ kɛseɛ a ɛfiri berɛ a nnipa baa asase soɔ no wɔnhunuu so asasewosoɔ kɛseɛ saa pɛn baeɛ.

19Adi 11.8; 14.10 Na kuro kɛseɛ no mu paee afaafa mmiɛnsa, na amanaman nkuro hwehwee ase, na wɔkaee Babel kɛseɛ no, Nyankopɔn anim, sɛ wɔbɛma no n’abufuo a emu yɛ den no nsa kuruwa.

20Adi 6.14; 20.11 Na nsupɔ nyinaa dwanedwanee, na wɔanhunu mmepɔ biara bio.

21Eks 9.23; Adi 16.9 Na asukɔtweaa akɛseɛ a ɛte sɛ dwetikɛseboɔ firi soro guguu nnipa so, na asukɔtweaa no haw nti nnipa kaa Nyankopɔn ho abususɛm ɛfiri sɛ na ɔhaw no so kɛse.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help