1 Deut 5.6-21 Na Onyankopɔn kaa nsɛm yi nyinaa sɛ:
2Mene AWURADE wo Nyankopɔn a meyii wo Misraim asase so nkoafie mu no.
3 Deut 6.4-5; 1 Ko 8.6 Nnya anyame foforɔ nka me ho.
4 Lew 26.1; Deut 27.15; Dwom 97.7; Yes 40.18-26; Rom 1.23 Nyɛ ohoni biara anaa adeɛ a ɛwɔ wiem wɔ soro anaa deɛ ɛwɔ asase soɔ wɔ fam anaa deɛ ɛwɔ nsuo mu wɔ asase ase nsɛsoɔ biara mfa; nkoto wɔn, na nsom wɔn.
5Eks 34.7; Yer 31.29-30; Hes 18.2-3, 20 Na me, AWURADE wo Nyankopɔn, meyɛ Onyankopɔn ninkufoɔ a metua nananom amumuyɛ so ka mefa mma so kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ mmiɛnsa ne nnan a wɔtane me soɔ,
6na meyɛ mpempem a wɔdɔ me na wɔdi me mmara nsɛm soɔ adɔeɛ.
7 Lew 24.16 Mmɔ AWURADE wo Nyankopɔn din kwa, na AWURADE remma deɛ ɔbɔ ne din kwa no mfa ne ho tɔtorɔtɔɔ.
8 Eks 16.25; Hes 20.12; Mar 2.27-28; Kol 2.16-17 Kae homeda, na yɛ no kronkron.
9Nnansia na yɛ adwuma, na yɛ w’adeɛ nyinaa;
10na ɛda a ɛtɔ so nson no yɛ homeda ma AWURADE wo Nyankopɔn; nyɛ adwuma biara, wo ne wo babanin ne wo babaa, w’akoa ne w’afenaa ne wo mmoa ne wo hɔhoɔ a ɔwɔ wo fie apono mu.
11Gye 2.2-3 Na nnansia na AWURADE de yɛɛ ɔsoro ne asase, ɛpo ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa, na ɔhomee da a ɛtɔ so nson no; enti na AWURADE hyiraa homeda, na ɔyɛɛ no kronkron.
12 Mat 15.4; Efe 6.2-3 Di wo na ne w’agya ni, na wo nna aware asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema woɔ no so.
13 Eks 21.12; Gye 9.5-6; Yak 2.11 Nni awu.
14 Lew 20.10; Efe 3.3-5 Nsɛe awadeɛ.
15 Lew 19.11; Efe 4.28 Mmɔ korɔno.
16 Eks 23.1; Efe 4.25 Nni wo yɔnko ho adansekurumu.
17Mma w’ani mmmere wo yɔnko fie. Mma w’ani mmmere wo yɔnko yere anaa n’akoa anaa n’afenaa anaa ne nantwie anaa n’afunumu anaa biribiara a ɛyɛ wo yɔnko dea.
Ɔman no suro(Deuteronomium 5.22-33)18Na ɔman no nyinaa hunuu aprannaa ne anyinam a ɛpapaeɛ ne totorobɛnto nne ne bepɔ a ɛfiri wisie no. Na ɔman no hunuiɛ no, wɔn ho popoe, na wɔkɔgyinaa akyirikyiri.
19Na wɔka kyerɛɛ Mose sɛ: Wo na wo ne yɛn nkasa, na yɛbɛtie; na mma Onyankopɔn ne yɛn nnkasa, na yɛanwuwu.
20Na Mose ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Monnsuro, na Onyankopɔn rebɛsɔ mo ahwɛ, na ne ho hu atena mo ani so, na moanyɛ bɔne.
21Heb 12.18 Na ɔman no gyinaa akyirikyiri, na Mose twe pinii esum kabii a Onyankopɔn wɔ mu no.
Afɔremmukyea ho mmara22Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Sɛ ka kyerɛ Israelfoɔ nie: Mo ara moahunu sɛ mefiri ɔsoro na me ne mo akasa.
23Monnyɛ me so dwetɛ anyame anaa sika anyame biara mmfa.
24 Eks 27.1, 8; 29.42-43; Deut 12.5 Dɔteɛ afɔrebukyia na yɛ ma me, na ɛso na fa wo nnwan ne w’anantwie bɔ ɔhyeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ. Na baabiara a mɛma wɔakae me din no, mɛba wɔn nkyɛn mabɛhyira wɔn.
25Deut 27.5; Yos 8.31 Na sɛ worebɛyɛ aboɔ afɔrebukyia ama me a, mfa aboɔ a wɔatwa nsi; na sɛ woma w’adwinneɛ so bɔ so a, woagu ho fi.
26Na mforo atwedeɛ nkɔ m’afɔrebukyia so, na w’adagya anna adi wɔ so.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.