1 Mmb 22.1 Din pa yɛ sene ngo a ne boɔ yɛ den,
na owuda yɛ sene awoda.
2Efie a ayie wɔ mu korɔ yɛ
sene efie a apontoɔ wɔ mu korɔ,
ɛfiri sɛ ɛno yɛ nnipa nyinaa awieeɛ,
na ɔteasefoɔ de hyɛ n’akomam.
3Awerɛhoɔ yɛ sene sereɛ,
na anim mmɔbɔmmɔbɔyɛ mu na akoma nam nya suahunu.
4Anyansafoɔ akoma wɔ abooboodie fie,
na nkwaseafoɔ akoma wɔ ahuhu fie.
5Onyansafoɔ animka tie yɛ
sene sɛ obi tie nkwaseafoɔ dwontoɔ.
6Na sɛdeɛ nkasɛɛ turituri ɛsɛn aseɛ no,
sɛ ɔkwasea sereɛ teɛ ne no;
yei nso yɛ ahuhudeɛ.
7Aane, nhyɛsoɔ bɔ onyansafoɔ dam,
na ayɛyɛdeɛ sɛe akoma.
8Asɛm awieeɛ yɛ sene ne mfitiaseɛ,
ntoboaseɛ honhom yɛ sene ahomasoɔ honhom.
9 Yak 1.19 Mma wo honhom mmpere abohuro ho,
na nkwaseafoɔ kokom na abufuo teɛ.
10Nka sɛ: Adɛn na na akane nna no yɛ sene yeinom yi?
Na ɛnyɛ nyansa so na wobisa yei aseɛ.
11Nyansa yɛ sɛ awunnyadeɛ,
na ɛyɛ mfasoɔ ma wɔn a wɔhunu owia no.
12 Mmb 3.2 Na nyansa nwunu ase tena te sɛ sika nwunu ase tena,
na nimdeɛ yɛ mfasoɔ, na nyansa gye ne wura nkwa.
13 Skf 1.15 Hwɛ deɛ Onyankopɔn ayɛ.
Na hwan na ɔbɛtumi atene deɛ ɔno akyea no?
14Da pa mu, ma w’ani nnye, na da bɔne mu, dwene ho; Onyankopɔn ayɛ yei nso aka ɛno ho, deɛ ɛbɛyɛ na onipa anhunu n’akyiri biribiara.
15 Skf 8.14; Dwom 73.12-13 Mahunu adeɛ nyinaa m’abrabɔ hunu nna mu: Ɔteneneeni bi wɔ hɔ a, ne tenenee nyinaa mu no, ɔyera firi hɔ, na ɔbɔnefoɔ bi nso wɔ hɔ a, ne bɔne nyinaa akyiri no, ɔtena ase kyɛre.
16Nyɛ wo ho ɔteneneeni bebrebe, na nyɛ onyansafoɔ ntra so: Adɛn nti na wosɛe wo ho?
17Mma abɔnefosɛm nnɔɔso na nyɛ ɔkwasea nso. Adɛn nti na wobɛbu wo berɛ mu awuo?
18Ɛyɛ sɛ wosɔ yei mu, na yei nso wonyi wo nsa mfiri ho. Na deɛ ɔsuro Onyankopɔn bɛfiri ne nyinaa mu.
19Nyansa hyɛ onyansafoɔ den sene atumfoɔ du a wɔwɔ kuro mu.
20 Dwom 14.3 Ampa ara, onipa tenenee biara nni asase so a ɔyɛ papa na ɔnyɛ bɔne.
21Nso mfa w’akoma nsi nsɛm a wɔka nyinaa so, na woante sɛ w’akoa redome wo.
22Na w’akoma nim mprɛ bebree a wo nso wodomee ebinom.
23Mede nyansa masɔ yei nyinaa mahwɛ; mekaa sɛ: Mɛhunu nyansa; nso ɛne me ntam ware.
24Deɛ ɛwɔ hɔ wɔ akyirikyiri na ɛyɛ donkodonko, hwan na ɔbɛhunu?
25Mede m’akoma nso mekyinii sɛ mɛhunu na mapeepee mu na mahwehwɛ nyansa ne adwempa, na mahunu abɔnefosɛm sɛ ɔkwaseayɛ, ne nkwaseasɛm sɛ adammɔ.
26Mmb 2.16-22 Na mahunu deɛ ɛyɛ nwono sene owuo: Ɔbaa a n’akomam wɔ fidie ne asau na ne nsa yɛ nhoma. Deɛ ɔsɔ Nyankopɔn ani bɛfiri ne ho afi, na ɔdebɔneyɛni deɛ, ɔbɛkye no.
27Hwɛ, yei na mahunu, Ɔsɛnkafoɔ no na ɔseɛ, mefaa no mmaako mmaako, na manya ho mmuaeɛ.
28Deɛ me kra hwehwɛ bio nanso menhunuiɛ nie: Ɔbarima baako na mahu no apem mu, na ɔbaa deɛ, menhunuu bi, yeinom nyinaa mu.
29Mmb 2.7 Hwɛ, yei nko na mehunuu sɛ: Onyankopɔn yɛɛ onipa tee, na wɔn ara na wɔhwehwɛ tirim adwene bebree.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.