1 Num 21.4; Deut 1.40 Ɛnna yɛdanee yɛn ho tuu yɛn kwan kɔɔ ɛserɛ so, Mmɛwa Po kwan so sɛdeɛ AWURADE ka kyerɛɛ me no, na yɛkonton faa Seir bepɔ ho nna pii.
2Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ:
3Moakyini bepɔ yi ho akyɛre dodo, monnane mo ho nkyerɛ atifi fam;
4Num 20.14 na hyɛ ɔman no sɛ: Morebɛtwam mo nuanom Esau mma a wɔte Seir no hyeɛ so, na wɔsuro mo, monhwɛ mo ho yie,
5Gye 36.8, 43 mo ne wɔn nnni aperepereɛ, na meremfa wɔn asase nammɔn baako mpo memma mo, ɛfiri sɛ mede Seir bepɔ mama Esau sɛ n’atenaeɛ.
6Momfa sika ntɔ wɔn nkyɛn aduane nni, na nsuo nso momfa sika ntɔ no wɔn nkyɛn nnom;
7na AWURADE wo Nyankopɔn ahyira wo, wo nsa ano adwuma nyinaa mu, wahunu wo serɛ kɛseɛ yi so nanteɛ yi; mfirinhyia aduanan yi AWURADE wo Nyankopɔn adi w’akyi, biribiara nhiaa wo.
8Na yɛsianee yɛn nuanom Esau mma a wɔte Seir no ho faa Araba mpaperɛ so kwan so firii Elat ne Esion-geber danee yɛn ho bɛtwaa mu Moab serɛ so kwan so.
9 Gye 19.37 Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Nteetee Moab ho, na ɛne wɔn nnni aperepereɛ nnko, na meremma wo wɔn asase no bi nni so, ɛfiri sɛ mede Ar mama Lot mma sɛ wɔnni so.
10Deut 1.28 (Emifoɔ na kane no na wɔte soɔ, ɔman a wɔso na wɔdɔɔso na wɔwoware sɛ Anakfoɔ;
11wɔn nso wɔbu wɔn abrane akɛseɛ sɛ Anakfoɔ; Moabfoɔ na ɛfrɛ wɔn Emifoɔ.
12Gye 14.6; 36.20 Na Seir nso akane no Horifoɔ na na ɛte hɔ, na Esau mma tuu wɔn na wɔsɛee wɔn, wɔn anim, na wɔtenaa wɔn ananmu, sɛdeɛ Israel yɛɛ asase a ɛyɛ wɔn agyapadeɛ a AWURADE de maa wɔn no.)
13Num 21.12 Afei monsɔre nkɔtwa Sered asuwa. Na yɛtwaa Sered asuwa.
14Deut 1.34 Na mfeɛ dodoɔ a yɛde nante firi Kades-barnea bɛsii sɛ yɛtwaa Sered asuwa no yɛ mfirinhyia aduasa nwɔtwe, bɛsii sɛ akofoɔ awoɔ ntoatoasoɔ no nyinaa wuwuiɛ firii nsraban no mu, sɛdeɛ AWURADE kaa wɔn ntam no.
15Na AWURADE nsa nso daa wɔn so sɛ ɔresɛe wɔn afiri nsraban no mu akɔsi sɛ wɔbɛwie sa.
16Na akofoɔ no nyinaa saeɛ na wɔwuwu firii ɔman no mu no,
17AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ:
18Num 21.13 Ɛnnɛ worebɛtwam wɔ Ar, Moab hyeɛ so,
19Gye 19.38 na woduru Amon mma hyeɛ so a, nteetee wɔn, anaasɛ ɛne wɔn nnni aperepereɛ, na meremma wo Amon mma asase no bi nni so, ɛfiri sɛ mede mama Lot mma sɛ wɔnni so.
20(Wɔbu ɛno nso abrane akɛseɛ asase; abrane akɛseɛ na na ɛte so kane no, na Amonfoɔ frɛ wɔn Samsumim,
21ɔman a wɔso na wɔdɔɔso na wɔwoware sɛ Anakfoɔ; na AWURADE sɛee wɔn wɔn anim maa wɔtuu wɔn tenaa wɔn ananmu,
22sɛdeɛ ɔyɛ maa Esau mma a wɔte Seir a ɔsɛee Horifoɔ wɔn anim maa wɔtuu wɔn tenaa wɔn ananmu bɛduruu nnɛ yi no.
23Yos 13.3; Gye 10.14 Na Awifoɔ nso a wɔtenaa nkuraa nkuraa kɔduruu Gasa no, Kaftorim a wɔfiri Kaftor baeɛ no, wɔbɛsɛee wɔn tenaa wɔn ananmu.)
Wɔdi Amorifoɔ hene Sihon so24Monsɔre ntu nkɔtwa Arnon subonhwa; hwɛ, mede Hesbonhene Sihon a ɔyɛ Amorini no ne n’asase mahyɛ wo nsa, firi aseɛ di so na ɛne no nni aperepereɛ na monko.
25Ɛnnɛ da yi na mɛfiri aseɛ mede wo ho suro ne wo ho hu magu soro nyinaa ase aman a wɔbɛte wo nka soɔ, na wɔn ho apopo na wɔn akoma atu w’anim.
26 Num 21.21-26 Na mede asomdwoeɛsɛm mefiri Kedemot serɛ so mesomaa abɔfoɔ maa wɔkɔɔ Hesbon hene Sihon nkyɛn kɔkaa sɛ:
27Ma mentwam w’asase so; ɔkwan so ara na mɛfa, meremmane nifa anaa benkum.
28Tɔn aduane ma me gye sika ma menni, na ma me nsuo nso gye sika ma mennom; me nan hunu na mede bɛtwam,
29sɛdeɛ Esau mma a wɔte Seir ne Moabfoɔ a wɔte Ar yɛɛ me no, de bɛkɔ akɔsi sɛ mɛtwa Yordan makɔ asase a AWURADE yɛn Nyankopɔn de rema yɛn no soɔ.
30Na Hesbonhene Sihon amma yɛamfa ne nkyɛn antwam, ɛfiri sɛ AWURADE wo Nyankopɔn maa no asoɔden honhom na ɔpirim n’akoma, na ɔde no ahyɛ wo nsa sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ da yi.
31Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Hwɛ, mafiri aseɛ mede Sihon ne n’asase mato w’anim, firi aseɛ fa, na di n’asase so.
32Ɛnna Sihon firi bɛhyiaa yɛn, ɔno ne ne man nyinaa, sɛ ɔne yɛn rebɛko wɔ Yahas.
33Na AWURADE yɛn Nyankopɔn de no hyɛɛ yɛn nsa, na yɛkunkum no ne ne mma ne ne man nyinaa.
34Na yɛfaa ne nkuro nyinaa saa berɛ no, na yɛsɛee nkuro no nyinaa pasapasa, mmarima ne mmaa ne mmɔfra, yɛannya wɔn mu fua mpo,
35gye afieboa nko na yɛfom wɔn faeɛ, ɛne nkuro a yɛfaeɛ no mu asadeɛ.
36Ɛfiri Aroer a ɛda Arnon subonhwa ano ne kuro a ɛda subonhwa no mu no so de kɔsi Gilead, kuro biara nni hɔ a na ɛyɛ den sene yɛn; AWURADE yɛn Nyankopɔn de ne nyinaa hyɛɛ yɛn nsa.
37Gye Amon mma asase no nko ho na woantwe ampini; Yabok subonhwa nkyɛn mu nyinaa ne mmepɔ no so nkuro ne baabiara a AWURADE yɛn Nyankopɔn amma yɛn ho kwan no.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.