1 Yer 29.1 Nhwɛsoɔ krataa a Yeremia twerɛ kɔmaa wɔn a Babel hene faa wɔn kɔtenaa Babel sɛ atukɔfoɔ, sɛ ɔde asɛm a Onyankopɔn ahyɛ no no rebɛma wɔn.
Ɔman no kɔ dommum mu a ɛbɛkyɛre2Ɛsiane bɔne a moayɛ wɔ Onyankopɔn anim no nti, Babelhene Nebukadnessar bɛfa mo akɔ Babel sɛ atukɔfoɔ.
3Saa nti ɛberɛ a mobɛduru Babel no, mobɛtena hɔ mfeɛ bebree, a ɛyɛ mmerɛ tentene, kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ nson so; na ɛno akyi, mede mo bɛfiri hɔ aba wɔ asomdwoeɛ mu.
4Afei mobɛhunu abosom a wɔde sika ne dwetɛ ne dua ayɛ wɔ Babel, deɛ nnipa soa wɔ wɔn mmatiri so na wɔde bɔ amanaman mufoɔ hu no.
5Saa nti monhwɛ yie na moanyɛ sɛ ahɔhoɔ no anaasɛ moremma abosom yi ho suro ahyɛ mo soɔ,
6ɛberɛ a mobɛhu nnipa dɔm wɔ wɔn anim ne wɔn akyi resom wɔn no. Mmom monka no wɔ mo akomam sɛ, O Awurade, ɛyɛ wo na ɛsɛ sɛ yɛsom wo.
7Ɛfiri sɛ Awurade bɔfoɔ ka mo ho, na ɔrehwɛ mo nkwa so.
Abosom nni tumi8Wɔn tɛkyerɛma yɛ deɛ duadwumfoɔ akokwa, na wɔde sika ne dwetɛ adura wɔn ho; nso wɔyɛ nnaadaa na wɔntumi nkasa.
9Nnipa fa sika de yɛ ahenkyɛ soa wɔn abosom no sɛdeɛ wɔbɛyɛ ama abaayewa a ɔdɔ agudeɛ.
10Ɛtɔ da bi a, asɔfoɔ no nam esum ase fa sika ne dwetɛ no bi firi wɔn abosom no hɔ na wɔde atɔ biribi ama wɔn ho,
11anaasɛ wɔde bi ma adwamammɔfoɔ a wɔwɔ abosomfie hɔ. Wɔde agudeɛ hyehyɛ wɔn abosom sɛ nnipa; saa abosom yi a wɔde sika ne dwetɛ ne dua ayɛ
12a wɔntumi nnye wɔn ho mfiri nnaakyeɛ ne ɛweɛ mu. Na sɛ wɔde beredum ntadeɛ siesie wɔn ho wie a,
13wɔpepa wɔn anim ɛsiane mfuturo a ɛwɔ abosomfie hɔ a adura wɔn ho no nti.
14Wɔn mu baako kura ahempoma sɛ mansini mu otemmuafoɔ, nanso ɔntumi nsɛe obiara a ɔfom no no.
15Ɔbaako no kura sɛpɔ wɔ ne nsa nifa mu, ne akuma, nanso wɔntumi nko nnye wɔn ho wɔ ɔko mu ne awifoɔ nsam.
16Yei da adi pefee sɛ wɔnyɛ anyame; enti monnsuro wɔn.
17Na sɛdeɛ obi sɛn bɔ a mfasoɔ biara nni so no,
18sɛ wɔn abosom no teɛ ara ne no, ɛberɛ a wɔde wɔn bɛsisi abosomfie no. Wɔn a wɔba hɔ no nan ase mfuturo ayɛ wɔn ani so ma. Na sɛdeɛ wɔtoto apono akɛseɛ wɔ afa nyinaa mu ma obiara a ɔfom ɔhene, sɛ gyama wɔabua no kumfɔ no, saa ara na wɔn asɔfoɔ de apono ne nkrado ne nnadeban toto wɔn abosomfie mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ na awifoɔ mmɛwia wɔn.
19Wɔsosɔ nkanea dodoɔ ma wɔn sene deɛ wɔsosɔ ma wɔn ho, a ɛnso wɔn abosom no nhunu emu biara.
20Wɔte sɛ abosonnan mu mpuna ara, nanso wɔn mu deɛ, wɔka sɛ, abɔdeɛ a wɔwea wɔ asase so awe ne wɔn ntadeɛ. Wɔnhunu
21wɔn anim wɔ berɛ a abosonnan mu hɔ wisie apunu wɔn anim tumm.
22Mpan, nsomfena, ne nnomaa sisi wɔn so ne wɔn tiri so; na saa ara na nnyinammoa nso yɛ.
23Yei ma wohu pefee sɛ wɔnyɛ anyame; saa nti monnsuro wɔn.
24Ɛfa sika a wɔhyɛ sɛ wɔn ho bɛyɛ fɛ no ho deɛ, ɛnhyerɛn gye sɛ obi pepa nnaakye no; na mpo ɛberɛ a na wɔregu wɔn no, wɔante nka.
25Wɔtɔ wɔn ɛboɔ a wɔnnwene ho, nanso ahome biara nni wɔn mu.
26Wɔnni nan, enti wɔsoa wɔn wɔ afoforɔ kɔn ho, na ɛde ada wɔn hunu a wɔyɛ no adi akyerɛ nnipa. Na ɛhyɛ wɔn a wɔsom wɔn no aniwuo
27ɛfiri sɛ, sɛ saa abosom yeinom bi hwe fam a, wɔn ankasa na ɛtwa sɛ wɔmma no so. Sɛ obi ma no so si hɔ a, ɛntumi nkeka ne ho; na sɛ ɔkyea kɔ fa a, ɛntumi ntene ne ho. Wɔde akyɛdeɛ gu wɔn anim sɛdeɛ wɔde gu awufoɔ anim ara.
28Asɔfoɔ no kyɛ afɔdeɛ a wɔde brɛ abosom yi na wɔafa sika no de abɔ wɔn ho. Saa ara nso na wɔn yerenom de nkyene kora ɛnam no, na mmom wɔmfa bi mma ahiafoɔ ne mmɔborɔfoɔ.
29Mmaa a wɔabu wɔn nsa anaasɛ wɔawo foforɔ de wɔn nsa sɔ afɔdeɛ a wɔbɔ ma wɔn no mu. Na ɛsiane sɛ monam nnoɔma yeinom so ahunu sɛ wɔnyɛ anyame nti monnsuro wɔn.
30Na ɛyɛ dɛn nti na wɔfrɛ wɔn anyame? Mmaa yɛ aduane ma anyame a wɔde sika ne dwetɛ ne dua ayɛ;
31na asɔfoɔ no de wɔn ntadeɛ a ateteɛ tena ase wɔ wɔn abosomfie, a wɔayi wɔn ti ne wɔn bɔdwesɛ na wɔnkataa wɔn tiri soɔ.
32Wɔkeka mu na wɔteatea mu wɔ wɔn anyame anim sɛdeɛ ebinom yɛ wɔ ayie apontoɔ ase no.
33Asɔfoɔ no yi anyame yi ntadeɛ no bi de ma wɔn fira wɔn yerenom ne wɔn mma.
34Sɛ obi yɛ wɔn bɔne anaasɛ papa a, wɔrentumi nyɛ bi nhyɛ wɔn ananmu. Wɔntumi nsi hene, ɛnna wɔntumi ntu ɔhene adeɛ so.
35Na saa ara nso na wɔntumi mma ahonya anaasɛ sika; sɛ obi hyɛ wɔn bɔ bi na sɛ wɔanni so a, wɔmmisa ho hwee.
36Wɔntumi nnye obi mfiri owuo mu anaasɛ wɔntumi nnye obi a ne ho nnyɛ den mfiri deɛ ne ho yɛ den nsam.
37Wɔrentumi mma onifirani nhunu adeɛ; na wɔntumi nnye obi mfiri amanehunu mu.
38Wɔntumi nnya ayamhyehyeɛ mma okunani anaasɛ wɔbɛyɛ papa ama agyanka.
39Saa nnoɔma yi a wɔde dua ayɛ na wɔde sika ne dwetɛ adura ho no te sɛ aboɔ a ɛfiri bepɔ mu, na wɔn a wɔsom wɔn no ani bɛwu.
40Afei ɛdeɛn nti na obi dwene sɛ wɔyɛ anyame, anaasɛ wɔfrɛ wɔn anyame?
Abosonsom mu nkwaseasɛmSɛ wɔde yei to nkyɛn a, Kaldeafoɔ no mpo mmu wɔn; ɛfiri sɛ wɔhu obi a ɔyɛ mum a, wɔde Bel ba na wɔabɔ mpaeɛ sɛ emumu no nkasa, sɛdeɛ gyama Bel no ankasa tumi te aseɛ!
41Yes 46.1 Nanso wɔn ankasa nhunu yei na wɔnnyae wɔn akyiri die, ɛfiri sɛ wɔnni adwene biara.
42Na mmaa no de ahoma akyekyere wɔn ho tena kwan ho na wɔhye ntɛtɛ sɛ aduhwam.
43Na sɛ nnipa a wɔretwam no bi fa wɔn mu baako ne no kɔda a, ɔdi ɔbaa a ɔwɔ ne nkyɛn no ho fɛw, ɛfiri sɛ ne ho nyɛ fɛ sɛ ɔno, na ɛno nti na wɔanyi no.
44Deɛ wɔyɛ ma saa abosom yi yɛ atorɔ. Adɛn nti koraa na ɛsɛ sɛ obi dwene sɛ wɔyɛ anyame, anaasɛ wɔfrɛ wɔn sɛ anyame?
45Duadwumfoɔ ne sikadwumfoɔ na wɔyɛ wɔn; worentumi nnyɛ adeɛ foforɔ bi, gye sɛ deɛ odwumfoɔ no pɛ sɛ wɔyɛ wɔn no ara.
46Nnipa a wɔyɛ wɔn no rentena ase nkyɛ biara;
47na ɛbɛyɛ dɛn na nnoɔma a wɔayɛ no atumi ayɛ anyame? Wɔgya atorɔ ne ahohora ama wɔn a wɔdi wɔn akyi no.
48Na sɛ ɔko anaasɛ atoyerɛnkyɛm ba wɔn so a, asɔfoɔ no hyiam toatoa adwene hwehwɛ baabi a wɔbɛtumi de wɔn anyame no ne wɔn ho akɔhunta.
49Ɛyɛ dɛn na obi ntumi nhunu sɛ yeinom nyɛ anyame, ɛfiri sɛ wɔntumi nnye wɔn ho mfiri ɔko anaasɛ atoyerɛnkyɛm mu?
50Ɛsiane sɛ wɔde dua na ayɛ wɔn na wɔde sika ne dwetɛ adura wɔn ho no, akyire yi nnipa bɛhu sɛ wɔyɛ atorɔ.
51Ɛbɛda adi pefee ama aman nyinaa ne ahemfo ahunu sɛ wɔnyɛ anyame, na mmom nnipa nsa ano adwuma, na Onyankopɔn nsa ano adwuma biara nni wɔn mu.
52Hwan na ɔrentumi nhunu sɛ wɔnyɛ anyame?
53Ɛfiri sɛ wɔntumi nsi ɔhene wɔ ɔman bi mu ɛnna nso wɔntumi mma nsuo ntɔ mma nnipa.
54Wɔntumi nni wɔn ankasa wɔn asɛm anaasɛ wɔgye obi a wɔafom no, ɛfiri sɛ wɔnni tumi biara;
55wɔte sɛ anene a wɔnenam wiem ne asase so. Sɛ ogya tɔ nnua anyame a wɔde sika ne dwetɛ adura wɔn ho dan mu a, wɔn asɔfoɔ dwane gye wɔn ti, na mmom anyame no bɛhye sɛ mpuna.
56Wɔde yei to nkyɛn a, wɔntumi ne ɔhene anaasɛ ɔtamfoɔ mfa nni asie. Ɛdeɛn nti na ɛsɛ sɛ obi gye to mu sɛ wɔyɛ anyame?
57Abosom a wɔde nnua ayɛ na wɔde sika ne dwetɛ adura wɔn ho no, wɔntumi nnye wɔn ankasa wɔn ho mfiri awifoɔ anaasɛ akorɔmfoɔ nsam.
58Obiara a ɔbɛtumi no bɛgye wɔn sika ne dwetɛ ne ntadeɛ a wɔhyɛ no, na ɔde akɔ sɛ fom adeɛ, na wɔrentumi mmoa wɔn ho.
59Enti fanyinam sɛ wobɛyɛ ɔhene a ɔtumi kyerɛ akokoɔduro, anaasɛ efie nkyɛnsee a ɛyɛ ne wura apɛdeɛ, sene sɛ wobɛyɛ nnaadaa anyame yeinom bi; efie pono a ɛbɔ emu nnoɔma ho ban no yɛ sene nnaadaa anyame yeinom; dua fadum a ɛsi ahemfie nso yɛ sene nnaadaa anyame yeinom.
60Na owia, ɔsrane ne nsoromma hran, na sɛ wɔhyɛ wɔn sɛ wɔnni dwuma bi a, wɔyɛ setie.
61Saa ara na anyinam nso teɛ, sɛ ɛte gya a, wɔhu kɔ akyiri; na saa ara na mframa bɔ wɔ asase biara so.
62Sɛ Onyankopɔn hyɛ mununkum sɛ ɔnkyini wiase nyinaa a, ɔdi saa ahyɛdeɛ yi so.
63Na ogya a wɔsoma firi ɔsoro sɛ ɛmmɛhye mmepɔ ne nnua no yɛ deɛ wɔahyɛ no no. Nanso wɔntumi mfa saa abosom yi ntoto yeinom ho wɔ ahoyie ne tumi mu.
64Ɛno nti, mma obi nnwene sɛ wɔyɛ anyame, anaasɛ ɔfrɛ wɔn anyame, ɛfiri sɛ, wɔntumi nni asɛm anaasɛ wɔbɛtumi ayɛ obi papa.
65Ɛsiane sɛ wonim sɛ wɔnyɛ anyame nti, nsuro wɔn.
66Wɔntumi nnome ahemfo na wɔntumi nhyira wɔn;
67Wɔntumi nkyerɛ ewiem nsɛnkyerɛnneɛ mma aman, ɛnna nso wɔntumi nhyerɛn te sɛ owia anaasɛ wɔbɛma hann sɛ ɔsrane.
68Wiram mmoadoma yɛ sene wɔn, ɛfiri sɛ wɔtumi dwane kɔhunta de boa wɔn ho.
69Saa nti yɛnni adanseɛ biara sɛ wɔnyɛ anyame; ɛno nti yɛnsuro wɔn.
70Wɔte sɛ kaakaamotobi bi a ɔsi ɛmofuo mu a ɛmmɔ biribiara ho ban. Saa ara na anyame a wɔde dua ayɛ na wɔde sika ne dwetɛ adura wɔn ho no teɛ.
71Saa ɔkwan no ara so no dua anyame a wɔde sika ne dwetɛ adura wɔn ho no te sɛ nkasɛɛnkasɛɛ a ɛwɔ turo bi mu a anomaa biara tumi si soɔ; anaasɛ ɛte sɛ efunu a wɔato atwene esum mu.
72Beredum ne nwera a ɛporɔ a ɛgu wɔn soɔ no bɛma moahunu sɛ wɔnyɛ anyame; na akyire yi, wɔn ankasa bɛhye, na wɔayɛ ahohoradeɛ wɔ asase no so.
73Saa nti, onipa a ɔtene na ɔnni abosom no yɛ; saa onipa no, ahohora remmɛn no koraa.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.