Mika 1 - Twer? Kronkron(ASWDC)

AWURADE bɛba abɛbu wiase atɛn

1 Yer 26.18; Yes 1.1 AWURADE asɛm a ɛbaa Moresetni Mika nkyɛn, Yuda ahemfo Yotam, Ahas ne Hesekia berɛ soɔ no a ɔhunuu no Samaria ne Yerusalem ho nie.

2Aman nyinaa, montie, asase ne ne mayɛ, monwɛn aso,

na AWURADE Nyankopɔn nyɛ ɔdanseni ntia mo,

AWURADE a ɔwɔ n’asɔrefie kronkron mu no.

3 Amos 4.13 Na hwɛ, AWURADE refiri adi afiri n’afa,

na wasiane abɛtiatia asase sorɔnsorɔmmea so.

4Na mmepɔ bɛnanenane wɔ n’ase,

na mmonhwa mu apaepae,

sɛdeɛ akraa nane wɔ ogya anim no,

te sɛ nsuo a wɔahwie agu deɛ ɛhɔ siane.

5 Yer 23.13-14 Yakob mmarato

ne Israel fie nnebɔne nti na yei nyinaa ba.

Ɛdeɛn ne Yakob mmarato?

Ɛnyɛ ɛne Samaria anaa?

Na ɛdeɛn ne Yuda sorɔnsorɔmmea?

Ɛnyɛ ɛne Yerusalem anaa?

Samaria ne Yerusalem sɛeɛ

6Na mede Samaria bɛyɛ wiram aboɔkuo

ne abobe atɛeɛ,

na mede n’aboɔ bɛgu bonhwa no mu,

na mayi ne nnyinasoɔ adi.

7 Hos 2.5, 12 Na wɔbɛbobɔ n’ahoni nyinaa,

na wɔde ogya ahye n’ayɛyɛdeɛ nyinaa,

na mɛyɛ n’abosom adum nyinaa afo,

ɛfiri sɛ adwamamfoɔ apɛdeɛ na ɔde aboa ano,

na adwamamfoɔ apɛdeɛ na ɛbɛsane akɔyɛ.

8Yei nti mɛsu na matwa adwo,

mɛnante kwaterekwa ne adagya mu,

mɛtue su mu sɛ ɛserɛ so kraman,

na madi abooboo sɛ sohori.

9Na n’apirakuro no aporɔ.

Na abɛduru Yuda,

abɛso me man pono ano,

aduru Yerusalem.

10 2 Sa 1.20 Monnka nnkyerɛ Gat,

esu nso monnkɔsu;

Bet-leafra na

monyantam mfuturo mu.

11Safirfoɔ,

monsene nkɔ,

adagya aniwuo mu;

Saananfoɔ

mfiri adi;

Bet-esel agyaadwotwa

ma mo gyinabea bɔ mo;

12na Marotfoɔ

de ahoyera twɛn mmerɛ pa,

ɛfiri sɛ bɔne afiri AWURADE nkyɛn

aduru aba Yerusalem kuro pono ano.

13Lakisfoɔ,

momfa teaseɛnam nsa ɔpɔnkɔ hoɔharefoɔ;

ɛyɛɛ Sion babaa

bɔne mfitiaseɛ,

sɛ wo mu na wɔhunuu

Israel mmaratodeɛ no.

14Enti wobɛma Moreset-gat

nkradie akyɛdeɛ:

Aksib afie di

Israel ahemfo hwammɔ.

15Maresafoɔ

mede ɔdedifoɔ foforɔ bɛbrɛ mo;

Adulam na Israel

animuonyamfoɔ bɛduro.

16Bɔ tikwa na wewɛre wo ho,

w’anigyeɛ mma nti

ma wo tikwa ntrɛ sɛ ɔpɛtɛ deɛ,

ɛfiri sɛ wɔatu wo nkyɛn kɔ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help