1 Tesalonikafoɔ 1 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Nkyea

1 Aso 15.40; 16.19; 17.1; 17.10; 2 Te 1.1 Paulo ne Silwano ne Timoteo de kɔma Tesalonikafoɔ asafo a ɛwɔ Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo mu. Adom ne asomdwoeɛ nka mo.

Tesalonikafoɔ abrabɔ ne wɔn gyidie

2Da biara, yɛda Onyankopɔn ase ma mo nyinaa, na yɛbɔ mo din wɔ yɛn mpaebɔ mu,

31 Ko 13.13 na daa yɛkae mo gyidie adwuma ne mo dɔ mmɔdemmɔ ne yɛn Awurade Yesu Kristo ho anidasoɔ mu boasetɔ, yɛn Nyankopɔn ne Agya anim.

4Nanso, anuanom a Onyankopɔn dɔ mo, yɛnim mo yie a wɔayi mo,

51 Ko 2.5 ɛfiri sɛ yɛn asɛmpa no amma mo nkyɛn sɛ kasa ara kwa, na mmom ɛbaa ahoɔden ne Honhom Kronkron ne nteaseɛ bebree mu nso, sɛdeɛ monim sɛ mo nti yɛbɔɔ yɛn bra faeɛ wɔ mo mu no.

61 Ko 4.16 Na mo nso moayɛ yɛn ne Awurade suafoɔ de Honhom Kronkron mu anigyeɛ agye asɛm no ahohia pii mu,

71 Te 4.10 na ama moayɛ nhwɛsoɔ ama agyidifoɔ a wɔwɔ Makedonia ne Akaia nyinaa.

8 Rom 1.8 Ɛfiri sɛ, ɛfiri mo mu na Awurade asɛm no hyetaeɛ, ɛnyɛ Makedonia ne Akaia nko, na mmom mo gyeɛ a mogye Onyankopɔn die no atrɛ aduru mmaa nyinaa, enti ɛmma no nhia yɛn sɛ yɛka ho asɛm biara.

9Aso 14.15; 1 Ko 12.2 Na nnipa a wɔwɔ mantam hɔ no ara ka gye a mogyee yɛn too mu, ne sɛdeɛ modane firii ahoni ho aba Nyankopɔn nkyɛn, sɛ mobɛsom Onyankopɔn teasefoɔ nokwafoɔ,

10Tito 2.13 na motwɛn ne Ba a ɔnyanee no firii awufoɔ mu no afiri soro, ɔno ne Yesu a ɔyi yɛn firi abufuo a ɛreba no mu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help