Nyansa 8 - Twer? Kronkron(ASWDC)

1Ɔtrɛtrɛ firi asase ano baabi kɔsi asase ano baabi wɔ tumi so,

na ɔtoto nnoɔma nyinaa yie.

Salomo Dɔ a ɔwɔ ma Nyansa

2Me Salomo, medɔɔ no na mehwehwɛɛ no firii me mmeranteɛ berɛ mu,

na mepɛɛ sɛ mɛfa no ayɛ m’ayeforɔ,

na n’ahoɔfɛ maa me dɔɔ no.

3Ɔhyɛ n’adehyeyɛ awoɔ no animuonyam sɛ ɔno ne Onyankopɔn na ɛteɛ,

na adeɛ nyinaa Nyankopɔn no dɔ no.

4Ɛfiri sɛ ɔno ne deɛ ɔde obi hyɛne Onyankopɔn nimdeɛ mu,

ne ɔboafoɔ wɔ ne nnwuma mu.

5Sɛ ahonya yɛ agyapadeɛ a wɔpɛ wɔ abrabɔ mu a,

ɛnneɛ ɛdeɛn na ɛyɛ ahonya kɛseɛ sene nyansa a ɔyɛ ade nyinaa no?

6Na sɛ nteaseɛ tumi yɛ adwuma a,

ɛnneɛ hwan na ɔso sene deɛ ɔhyehyɛ nnoɔma a ɛwɔ hɔ no?

7Na sɛ obi dɔ tenenee a, ne nnwuma yɛ deɛ ɛtene;

na ɔkyerɛkyerɛ ahohyɛsoɔ ne nyansa aniteɛ,

atɛntenenee ne akokoɔduro;

biribiara nni abrabɔ mu a mfasoɔ wɔ mu ma nnipa sene yeinom.

8Na sɛ obi repɛ suahunu a emu dɔ a,

ɔnim nnoɔma a atwa mu, na ɔde susu nnoɔma a ɛbɛba no;

ɔte kasabebuo ase ne aborɔme anoyie;

ɔwɔ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ a ɛrebɛsie no ho nimdeɛ dada,

ne ɛberɛ nkyekyɛmu ne ɛberɛ mu.

Nyansa ho hia ma nnipa sodifoɔ

9Saa nti mebɔɔ me tiri mu sɛ mɛfa no ne no atena,

na menim sɛ ɔbɛma me afotuo pa

ne nkuranhyɛ wɔ adwene mu haw ne awerɛhoɔ mu.

10Ɛsiane ne nti, sɛ mesua mpo a, mɛnya animuonyam wɔ nnipa dɔm mu

ne anidie wɔ mpanimfoɔ anim.

11Wɔbɛhu me sɛ meyɛ nam wɔ atemmuo mu,

na wɔabu me wɔ nnipa sodifoɔ anim.

12Sɛ meyɛ komm a, wɔbɛtwɛn me,

na berɛ a mekasa no wɔbɛtie;

sɛ mekasa kɔ akyiri a,

wɔde wɔn nsa bɛtuatua wɔn ano.

13Ɛnam ne nti, mɛtena ase afebɔɔ,

na magya daa nkaeɛ a wɔn a wɔbɛba m’akyi no bɛhunu.

14Mɛdi nkurɔfoɔ so,

na aman bɛhyɛ me tumi ase;

15ahemfo a wɔn ho yɛ hu te me nka a, wɔbɛsuro me;

nnipa mu na mɛda me ho adi sɛ metumi yɛ na mewɔ akokoɔduro wɔ ɔko mu.

16Sɛ mehyɛne me fie a, mene no bɛnya ahomegyeɛ,

ɛfiri sɛ nwononwono biara nni n’ayɔnkofa mu,

wo ne no bɔ bra a, yea biara nni mu, na mmom anigyeɛ ne ahotɔ.

17Berɛ a mesusu yeinom ho wɔ me mu,

na medwene ho wɔ me tirim

sɛ wone nyansa bɔ abusua a, wotena ase afebɔɔ,

18na n’ayɔnkofa mu wɔ anigyeɛ mapa,

na ne nsa ano nnwuma mu, ahonya mpa hɔ,

na deɛ wonya wɔ n’ayɔnkofa mu ne nteaseɛ,

ne otitire a woyɛ wɔ ne nsɛm ho,

mekyini hwehwɛɛ sɛdeɛ mɛnya no ama me ho.

19Na meyɛ abɔfra a mewɔ akyɛdeɛ kɛseɛ,

na ɔkra pa yɛɛ me kyɛfa;

20anaasɛ meyɛ nti, mehyɛnee nipadua a efi nni ho mu.

21Nanso mehunuu sɛ merennya nyansa gye sɛ Onyankopɔn de no ama me

na ɛyɛ adenim ho agyiraeɛ sɛ wɔbɛhu deɛ ɛyɛ n’akyɛdeɛ

ɛno nti mefiri m’akoma nyinaa mu

srɛɛ Awurade bɔɔ no mpaeɛ sɛ:

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help