Tobit 12 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Ɔbɔfoɔ Rafael akatua

1Na ayeforɔ afahyɛ no baa awieeɛ no, Tobit frɛɛ ne ba Tobias ka kyerɛɛ no sɛ: Me ba, hwɛ na tua ɔbarima no a ɔne wo kɔeɛ no ka, na ma no sika no bi ka ho.

2Tobias buaa sɛ: Agya, sɛn na memfa ntua no ka? Ɛnha me koraa sɛ mɛma no nnoɔma a mede baeɛ no mu fa.

3Ɛsiane sɛ, ɔde me asan abrɛ wo dwoodwoo, wasa me yere yadeɛ, wagye sika no ama me, na ɔno nso na wasa wo yadeɛ. Sika sɛn na memfa nka ho mma no sɛ akatua?

4Tobit kaa sɛ: Me ba, ɛfata no sɛ ɔgye deɛ wode baeɛ no nyinaa mu fa.

5Enti Tobias frɛɛ ɔbɔfoɔ no na ɔkaa sɛ: Fa nnoɔma a mo baanu de baeɛ no mu fa, na fa kɔ.

Rafael afotuo

6Ɛnna afei Rafael frɛɛ wɔn baanu no kokoa mu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Yi Onyankopɔn ayɛ na yi no kyerɛ wɔ ateasefoɔ nyinaa anim wɔ nnoɔma pa a wayɛ ama mo. Hyira no na to ayeyie dwom ma ne din. Fa animuonyam a ɛfata ka Onyankopɔn nnwuma kyerɛ nnipa nyinaa. Ɛnyɛ nyaa sɛ wobɛyi no akyerɛ.

7Ɛyɛ sɛ wɔbɛkora ɔhene ahuntasɛm, nanso ɛyɛ animuonyam sɛ wɔka na wɔda Onyankopɔn nnwuma no adi. Yɛ papa, na bɔne renni wo so.

8Mpaebɔ a mmuada ka ho yɛ, nanso deɛ ɛkyɛn nnoɔma mmienu yi ne tenenee adekyɛ. Tenenee ketewa bi yɛ sene ahonya a mfomsoɔ ka ho. Ɛyɛ sɛ wobɛkyɛ adeɛ sene sɛ wobɛhyehyɛ sika agyapadeɛ.

9Ɛsiane sɛ, adekyɛ gye onipa firi owuo mu, na ɛhohoro bɔne nyinaa. Wɔn a wɔyɛ mmɔborɔfoɔ adɔeɛ no bɛnyini akyɛ,

10na mmom wɔn a wɔyɛ bɔne na wɔyɛ mfomsoɔ no yɛ wɔn ankasa wɔn ho atamfoɔ.

Rafael ma wɔhu deɛ ɔyɛ

11Afei mɛka nokorɛ a ɛwɔ mu nyinaa akyerɛ mo, na meremfa biribiara nsie wo. Madi kan aka akyerɛ mo dada ɛberɛ a mekaa sɛ: Ɛyɛ sɛ wɔbɛkora ɔhene ahuntasɛm, nanso ɛyɛ animuonyam sɛ wɔbɛda Onyankopɔn nnwuma adi.

12Hiob 33.23-24; Aso 10.4; Adi 8.3-4 Saa nti, ɛberɛ a wo ne w’ase baa Sara bɔɔ mpaeɛ no, ɛyɛ me na mede wo mpaebɔ ho nkaeɛ kɔkenkanee wɔ Awurade animuonyam no anim, na ɛte saa wɔ ɛberɛ a wobɛsie awufoɔ no.

13Ɛberɛ a woantwentwɛn sɛ wobɛsɔre agya w’anwummerɛ aduane hɔ, na wokɔsiee awufoɔ no,

14wɔsomaa me baa wo nkyɛn sɛ memmɛsɔ wo nhwɛ. Na ɛberɛ korɔ no ara nso Onyankopɔn somaa me sɛ memmɛsa wo ne w’ase baa Sara yadeɛ.

15Hiob 33.23-24; Aso 10.4; Adi 8.3-4 Mene Rafael, abɔfoɔ kronkron baason a wɔayɛ krado gyina hɔ na wɔhyɛne Awurade animuonyam mu no.

16Wɔn baanu nyinaa ho poeɛ; na wɔhwee fam, ɛfiri sɛ na wɔsuro.

17Nanso ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monnsuro; asomdwoeɛ nka mo. Monhyira Onyankopɔn daa daa.

18Na me deɛ, ɛberɛ a na meka mo ho no, na ɛnyɛ deɛ mepɛ na meyɛ, na mmom deɛ Onyankopɔn. Monhyira no da biara ne daa nyinaa; monto n’ayeyie dwom.

19Na mohwɛ me deɛ, nanso ɛnyɛ adeɛ a medidiiɛ anaa menomm biribi, na deɛ mohunuiɛ no yɛ anisoadehunu.

20Enti afei monsɔre mfiri fam hɔ, na momma wɔnhu Onyankopɔn. Hwɛ mereforo akɔ deɛ ɔsomaa me no nkyɛn. Twerɛ nsɛm a ɛtoo woɔ no nyinaa to hɔ. Ɛnna ɔforo kɔeɛ.

21Afei wɔsɔre gyinaeɛ; nanso wɔanhu no bio.

22Na wɔkɔɔ so ara hyiraa Onyankopɔn too n’ayeyie dwom, na wɔyii Onyankopɔn kyerɛɛ wɔ ne nnwuma a ɛyɛ nwanwa yi ho, ɛberɛ a Onyankopɔn bɔfoɔ yii ne ho adi kyerɛɛ wɔn no.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help