Yoel 1 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Ntutummɛ no

1AWURADE asɛm a ɛbaa Petuel ba Yoel nkyɛn nie.

2Montie yei, mo mpanimfoɔ,

na monyɛ aso, mo asase sofoɔ nyinaa.

Saa adeɛ yi aba mo berɛ so

anaa mo agyanom berɛ so pɛn?

3Monka ɛho asɛm nkyerɛ mo mma,

na mo mma nka nkyerɛ wɔn mma,

na wɔn mma, nso nka nkyerɛ awoɔ ntoatoasoɔ a ɛdi soɔ no.

4Deɛ aketekyire adi aka no,

ntutummɛ adi.

Na deɛ ntutummɛ adi aka no,

mfuntie adi.

Na deɛ mfuntie adi aka no,

mmɛbɛ adi.

5Mo nsabofoɔ, monnyane na monsu,

na mo nsanomfoɔ nyinaa, montwa adwo,

nsamono nti,

ɛfiri sɛ wɔatwa afiri mo anomu.

6 Yoel 2.2, 25 Na ɛdɔm bi atu aba m’asase so,

wɔn ho yɛ den na wɔn dodoɔ nni ano;

wɔn se te sɛ gyata se,

na wɔwɔ gyatabereɛ nnyepi.

7Wɔasɛe me bobe pasaa,

na wɔapempane me borɔdɔma mman;

wɔawaewae ho hono agu,

na ne mman ho ahoa fitafitaa.

8Twa adwo sɛ ababaa a ɔfira ayitoma

ma ne mmabaaberɛ mu kunu.

9 Yoel 1.13; 2.14 Wɔatwa aduane ayɛyɛdeɛ ne ahwiesa

afiri AWURADE fie;

asɔfoɔ no,

AWURADE asomfo no, di abooboo.

10Mfuo asɛe,

asase di abooboo,

na aduane asɛe,

nsamono awe,

ngo so ate.

11Akuafoɔ, mo ani nwu,

O nturoyɛfoɔ,

ayuo ne atokoɔ nti montwa adwo,

ɛfiri sɛ mfuo mu aduanetwa asɛe.

12Obobe akusa,

na borɔdɔma atwam,

atoaa aba, abɛ nso ne aprɛ.

Petee mu nnua nyinaa akusa,

ampa, anika atu

afiri nnipa mma mu.

13 Yoel 1.9 Asɔfoɔ, momfira ayitoma na mommɔ bena,

afɔrebukyia asomfoɔ, montwa adwo,

me Nyankopɔn asomfoɔ,

mommra mmɛda ayitoma mu anadwo nyinaa!

na aduane ayɛyɛdeɛ ne ahwiesa agyae

mo Nyankopɔn fie ba.

14Monyɛ abuadadie kronkron,

mompae asɔfoɔ nhyiamu,

mommoa mpanimfoɔ ano,

asase sofoɔ nyinaa mmra

AWURADE mo Nyankopɔn fie,

na monsu mfrɛ AWURADE.

15 Yoel 2.1; Yes 13.6 Ao, ɛda no!

Na AWURADE da no abɛn,

na ɛreba sɛ ɔsɛeɛ tumi afiri Otumfoɔ nkyɛn.

16 Yoel 1.12; Deut 16.11 Wɔantwa aduane

amfiri yɛn anim,

na anigyeɛ ne ahosɛpɛ

amfiri yɛn Nyankopɔn fie anaa?

17Aba a wɔadua aporɔ ne nkofie mu,

aduanekora adan ada mpan,

asan abubu,

na ayuo asɛe.

18Hwɛ sɛ mmoadoma penepene,

anantwikuo rebrɛ,

ɛfiri sɛ wɔnni adidibea;

nnwankuo nso tiri ato.

19 Yoel 2.3 Wo, AWURADE, na mesu mefrɛ woɔ,

na ogya ahye

ɛserɛ so wira mono,

na ogyaframa ahye

petee mu nnua nyinaa.

20 Dwom 104.11 Ewiram mmoa nso repere frɛ wo,

na nsuwansuwa awewe,

na ogya ahye

ɛserɛ so wira mono.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help