2 Tesalonikafoɔ 2 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Nnoɔma a ɛdi Kristo ba anim

1 1 Te 4.13-17 Nso yɛsrɛ mo, anuanom, sɛ yɛn Awurade Yesu Kristo ba ne yɛn ano a wɔbɛboa aba ne nkyɛn no ho deɛ,

2mommma wɔnnnane mo adwene ntɛm, na wɔnntu mo bo honhom anaa asɛm anaa nwoma a wɔse ɛfiri yɛn nkyɛn no ho, sɛ ebia Awurade da no anya adu.

31 Ti 4.1; 1 Yoh 2.18; 4.3 Mommma obiara nnnaadaa mo biribiara fam, ɛfiri sɛ ɛremma, gye sɛ ɔwaeɛ a wɔbɛwaeɛ no aba ansa, na wɔayi onipa a ɔnni mmara so no adi, ɔsɛeɛ ba no.

4Dan 11.36 Deɛ ɔsɔre na ɔma ne ho so tia deɛ wɔfrɛ no Onyankopɔn anaa wɔsom nyinaa, ma ɔno ara kɔtena Nyankopɔn asɔredan mu de ne ho kyerɛ sɛ ɔno ne Onyankopɔn.

Ɔsɛeɛ a wɔbɛsɛe mmaratofoɔ

5Monkae sɛ mewɔ mo nkyɛn no, mekaa mo yeinom anaa?

6Na afei, deɛ ɛsi kwan no, monim sɛ wɔbɛyi no adi ne berɛ mu.

7Aso 20.29 Na mmarato ahuntasɛm no anya reyɛ adwuma, nanso gye sɛ wɔayi deɛ ɔda so si kwan no afiri ntam ansa.

8Yes 11.4; Adi 19.15; 19.20 Na ɛno ansa na wɔbɛyi deɛ ɔnni mmara biara no adie, deɛ Awurade de n’anomu home bɛkum no na ɔde ne ba no pue bɛyi no hɔ koraa no.

Bɔne a ɛyɛ hu

9 Mat 24.24; Adi 13.11-13 Ɔno nso na ne ba no, ɔba no Satan adwumayɛ soɔ, atorɔ tumi ne nsɛnkyerɛnneɛ ne ahodwirideɛ nyinaa mu,

102 Ko 2.15; 4.3 ne deɛ ɛntene nnaadaa nyinaa mu, wɔn a wɔyera no mu, ɛsiane sɛ wɔannye nokorɛ dɔ na wɔde agye wɔn nkwa no.

11Rom 1.28; 2 Ti 4.4 Yei nti, Onyankopɔn soma nnaadaa a emu yɛ den aba wɔn mu ama wɔagye atorɔ adi,

12na wɔabu wɔn a wɔannye nokorɛ annie na mmom wɔn ani asɔ deɛ ɛntene no nyinaa atɛn.

Aseda

13 2 Te 1.3; Efe 1.4 Na yɛn deɛ, mo nti ɛsɛ sɛ yɛda Onyankopɔn ase daa, anuanom a Awurade dɔ mo, ɛfiri sɛ Onyankopɔn firi mfitiaseɛ ayi mo kɔ nkwagyeɛ mu, honhom ahoteɛ ne nokorɛ gyidie mu.

14Emu na ɔnam yɛn asɛmpa no so afrɛ mo aba, na moanya yɛn Awurade Yesu Kristo animuonyam.

Afotuo ne mpaebɔ

15 2 Te 3.6 Enti afei, anuanom, monnyina pintinn, na monkura atetesɛm a yɛnam asɛm anaa yɛn nwoma so kyerɛkyerɛɛ mo no mu.

16Na ɔno yɛn Awurade Yesu Kristo ne yɛn Agya Nyankopɔn a ɔdɔ yɛn na wama yɛn daa awerɛkyekyerɛ ne anidasoɔ pa adom mu no,

17ɔnkyekyere mo werɛ, na ɔnhyɛ mo den asɛm ne adwuma pa nyinaa mu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help