Nnwom 54 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Atamfoɔ ho mpaebɔ ne aboadeɛ maWɔde ma dwonkyerɛfoɔ sɛ wɔmfa sankuo nto. Dawid nnweneho dwom. Ɔtoo no berɛ a Sififoɔ bɛka kyerɛɛ Saulo sɛ: Dawid abɛhunta yɛn nkyɛn no.

1 1 Sa 23.19; 26.1 Onyankopɔn, fa wo din so gye me,

na fa wo tumi di m’asɛm ma me.

2Onyankopɔn, tie me mpaebɔ,

yɛ aso tie m’anomu nsɛm;

3na ananafoɔ asɔre atia me,

na atirimuɔdenfoɔ rehwehwɛ me kra,

wɔamfa Onyankopɔn anyɛ wɔn ani so biribi.

4Hwɛ, Onyankopɔn ne me boafoɔ,

AWURADE nko ne deɛ ɔsɔ me kra mu.

5Ɔbɛma m’atɛfoɔ bɔne asane akɔ wɔn so,

fa wo nokorɛ yi wɔn hɔ.

6Mɛbɔ ayamyie afɔdeɛ ama wo;

AWURADE, mɛyi wo din ayɛ sɛ ɛyɛ.

7 Dwom 59.10 Na wagye me, amaneɛ nyinaa mu,

na m’ani ahunu deɛ mepɛ m’atamfoɔ ho.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help