Adiyisɛm 18 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Babel ahweaseɛ

1 Adi 10.1; Hes 43.2 Na yeinom akyiri no, mehunuu ɔbɔfoɔ foforɔ sɛ ɔfiri soro resiane ba, na ɔwɔ tumi kɛseɛ, na n’animuonyam nti asase hrann.

2Adi 14.8; Yes 13.21; 34.11; 34.13; Yer 50.39 Na ɔde nne a emu yɛ den teaa mu sɛ:

Wahwe ase, Babel kɛseɛ no ahwe ase,

na adane ahonhommɔne tenaberɛ

ne ahonhom fi nyinaa atɛeɛ

ne nnomaa a wɔyɛ fi

na wɔkyiri wɔn nyinaa atɛeɛ!

3 Yer 51.7; Nah 3.4 Ɛfiri sɛ amanaman nyinaa anom

n’adwamammɔ abufuo nsa no bi,

na asase so ahemfo ne no abɔ adwaman,

na asase so adwadifoɔ nam ne taamudie ahoɔden so anya wɔn ho.

4 Yes 48.20; 52.11; Yer 50.8; 51.6; 51.45 Na metee nne foforɔ firii soro sɛ:

Me man, momfiri ne mu,

na moanyɛ ne nneyɛɛ bɔne no bi,

na moannya ne haw no bi.

5 Gye 18.20-21; Yer 51.9 Ɛfiri sɛ ne nneyɛɛ bɔne atoatoa abɛduru soro,

na Onyankopɔn akae n’amumuyɛ.

6 Dwom 137.8; Yer 50.15; 50.29 Montua no ka, sɛdeɛ ɔtuaa mo ka,

na momfa mmɔ ho mmienu mma no, sɛdeɛ ne nnwuma teɛ.

Kuruwa a ɔfraeɛ no, momfra mmu mmɔ ho mmienu mma no.

7 Yes 47.7-9 Dodoɔ a ɔhyɛɛ ne ho animuonyam na ɔdii taamu no,

momma n’ayayadeɛ ne n’awerɛhoɔ nnɔɔso saa.

Ɛfiri sɛ ɔkaa no n’akoma mu sɛ:

Mete hɔ sɛ ɔhemmaa, na menyɛ okunafoɔ, na merenni awerɛhoɔ da.

8 Yes 47.9; Yer 50.31; Adi 17.16 Yei nti na ne haw bɛba da koro pɛ,

owuo ne awerɛhoɔ ne ɛkɔm,

na wɔde ogya bɛhye no,

ɛfiri sɛ Awurade Nyankopɔn a ɔbu no atɛn no yɛ ɔhoɔdenfoɔ.

9 Adi 17.2 Na asase so ahemfo a wɔne no abɔ adwaman na wɔadi taamu no, sɛ wɔhunu ne hyeɛ wisie a, wɔbɛsu no, na wɔabobɔ ne ho abubuo.

10Adi 14.8; Yes 21.9; Yer 51.8 N’aninyanneɛ no suro nti wɔbɛgyinagyina akyiri aka sɛ:

Due, due, kuro kɛseɛ

Babel, kuro a ɛyɛ den,

ɛfiri sɛ dɔnhwereɛ baako mu na w’atemmuo aba.

11 Hes 27.36 Na asase so adwadifoɔ bɛsu no na wɔagyam no, ɛfiri sɛ obi ntɔ wɔn adwadeɛ bio:

12Hes 27.12-13; 27.22 Sika kɔkɔɔ, dwetɛ, aboɔden aboɔ, nhwene pa, nwera pa, ntoma afasebire, serekye ne nkrawoɔ adwadeɛ, nnua a ɛyɛ hwam nyinaa, ne asommɛn adwinneɛ nyinaa, adwinneɛ a wɔde nnua a ɛwɔ din, yaawa, dadeɛ, abohemmaa ayɛ nyinaa,

13pɛprɛ, mmorɔngo, nnu hwamhwam, kurobo, hwamfufuo, nsa, ngo, esiam muhumuhu, ayuo, nyɛmmoa, nnwan, apɔnkɔ, nteaseɛnam, nnipadua ne nnipa akra.

14Na aduaba a wo kra kɔn dɔ no

afiri wo nkyɛn,

na nnepa ne animuonyanneɛ nyinaa

afiri wo ho ayera, na worenhunu bio koraa.

15Nnoɔma yi ho adwadifoɔ a kuro no nti wɔanya adeɛ no, bɛgyinagyina akyiri n’aninyanneɛ no suro nti, na wɔasu na wɔagyam sɛ:

16 Adi 17.4 Due, due, kuro kɛseɛ

a ɔfira nwera pa

ne ntoma afasebire ne nkrawoɔ,

na ɔde sika

ne aboɔden aboɔ ne nhwene pa ahyehyɛ ne ho.

17 Yes 23.14; Hes 27.27-29 Ɛfiri sɛ dɔnhwereɛ baako pɛ mu na saa ahonya no ayɛ pasaa yi.

Na hyɛn akwankyerɛfoɔ nyinaa ne wɔn a wɔnam hyɛn mu kɔ baabi nyinaa, ne hyɛn mufoɔ ne dodoɔ a wɔyɛ ɛpo so adwuma gyinagyina akyiri,

18Yes 34.10 na wɔhunuu ne hyeɛ wisie no, wɔteaa mu sɛ:

Kuro bɛn na ɛte sɛ kuro kɛseɛ yi?

19 Hes 27.30-34 Na wɔde dɔteɛ guu wɔn atifi, na wɔde osu ne gyam teaa mu sɛ:

Due, due, kuro kɛseɛ yi

a n’aboɔdenneɛ nti wɔn a wɔwɔ hyɛn wɔ ɛpo soɔ nyinaa

anyinya wɔn ho wɔ mu,

ɛfiri sɛ dɔnhwereɛ baako pɛ mu na wɔayɛ no pasaa.

20 Yes 44.23; Yer 51.48 Ɔsoro ne mo ahotefoɔ ne asomafoɔ ne adiyifoɔ,

momma mo bo ntɔ mo yam wɔ ne ho,

ɛfiri sɛ Onyankopɔn abu no atɛn ama mo.

21 Yer 51.63-64; Hes 26.21 Na ɔbɔfoɔ hoɔdenfoɔ bi maa ɔboɔ bi a ɛte sɛ owiyammoɔ kɛseɛ so to twenee ɛpo mu kaa sɛ:

Sɛdeɛ wɔbɛto kuro kɛseɛ Babel

atwene hwii ne no,

na wɔrenhunu bio koraa.

22 Yes 24.8; Hes 26.13 Na wɔrente asankubɔfoɔ ne nnwontofoɔ ne mmɛnhyɛnfoɔ ne ntotorobɛntohyɛnfoɔ

nne wo mu bio,

na wɔrenhunu adwinnie bi mu dwumfoɔ biara,

wo mu bio,

na wɔrente oyuyammoɔ

biara nka wo mu bio,

23 Yer 7.34; 16.9; 25.10; Yes 23.8 na kanea hann renhyerɛn wo mu bio,

na wɔrente ayeforɔkunu ne ayeforɔ

nne wo mu bio,

ɛfiri sɛ w’adwadifoɔ yɛɛ asase so nnipa akɛseɛ,

na wɔde w’adutoɔ adaadaa amanaman nyinaa.

24 Adi 6.10; 17.6; 19.2; Mat 23.35; 23.37 Na ɛno mu na wɔhunuu adiyifoɔ ne ahotefoɔ

ne wɔn a wɔaku wɔn asase soɔ no nyinaa mogya.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help