Mmebusɛm 6 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Akagyinamdie ho kɔkɔbɔ

1 Mmb 11.15; 17.18; 20.16 Me ba, sɛ wogyina wo yɔnko akyi,

sɛ wodi ɔhɔhoɔ agyinamu,

2sɛ wɔnam w’anomu asɛm so

akye wo a,

3yɛ yei mmom, me ba, na yi wo ho,

ɛfiri sɛ woatɔ wo yɔnko nsam;

kɔ kɔkoto, na srɛ wo yɔnko no.

4Mma nna nnkɔ w’ani so,

na mma w’anisuatɛtɛ nntɔ nko.

5Yi wo ho sɛ adowa firi ɔbɔmmɔfoɔ nsam,

sɛ anomaa firi fidisumfoɔ nsam.

Aniha ho kɔkɔbɔ

6 Mmb 10.4; 20.4 Ɔkwadwofoɔ, kɔ tɛtea nkyɛn,

hwɛ n’akwan, na hunu nyansa.

7Ɔno na ɔnni otitire,

ɔpanin anaa sodifoɔ bie,

8nanso ɔsiesie n’aduane ahuhuberɛ,

na ɔboaboa n’adidideɛ ano twaberɛ mu.

9Wobɛda akɔsi da bɛn, ɔkwadwofoɔ?

Berɛ bɛn na wobɛsɔreɛ afiri wo nna mu?

10 Mmb 24.33-34 Nna kakra, nkotɔ kakra,

nsa a mɛpono mada kakra.

11Ɛnna wo hia bɛto wo sɛ ɔkwanmukafoɔ,

ne w’ahokyere sɛ ɛkyɛmkurafoɔ.

Nsekuro ho kɔkɔbɔ

12 Mmb 10.31-32 Onipa huhuo ne ɔbarima busuyɛfoɔ,

ɔde ano kontonkyi nenam,

13 Mmb 10.10 ɔbubu n’ani, ɔde ne nan kasa,

ɔde ne nsateaa kyerɛkyerɛ adeɛ,

14akontonkyisɛm wɔ n’akomam,

ɔpam ne tirim apammɔne daa,

takrawɔgyam na ɔhyɛ.

15Enti mpofirim na ne sɛeɛ bɛba,

wɔbɛbubu no amonom a wɔntumi nsa.

16Adeɛ nsia yi na AWURADE tane,

aane, na adeɛ nson na ɛyɛ ne kra akyiwadeɛ,

17ani a ɛtra ntɔn, atorɔ tɛkyerɛma,

ne nsa a ɛhwie mogya a ɛdi bem guo;

18akoma a ɛdwene mmusuo adwene,

nan a ɛyɛ herɛ tu mmirika kɔ bɔne mu;

19ɔdansekurumfoɔ a ɔhu atorosɛm,

ne deɛ ɔhyɛ anuanom ntam takrawɔgyam.

Awaresɛeɛ ho kɔkɔbɔ

20 Mmb 1.8 Me ba, bu w’agya mmara nsɛm,

na nto wo na nkyerɛkyerɛ ntwene.

21 Mmb 3.3 Fa kyekyere w’akoma ho daa nyinaa,

na fa bebare wo kɔn ho hyia.

22 Dwom 119.172 Wonam a, ma no nkɔgya wo,

woda a, ɛnhwɛ wo so,

na wonyane a, ɛnyɛ wo sɛmɔdɛbɔ.

23Na mmara nsɛm no yɛ kanea, na nkyerɛkyerɛ no yɛ hann,

na atenetene nkaanim yɛ nkwa kwan,

24 Mmb 2.16 na ahwɛ wo so afiri ɔbaa bɔne ho,

afiri ɔbaa hɔhoɔ tɛkyerɛma dɔkɔdɔkɔ ho.

25Mma w’ani mmmere n’ahoɔfɛ w’akomam,

na mma no mmfa n’anisuatɛtɛ nnkye wo.

26Na ɛsiane ɔbaa dwamamfoɔ nti, wɔgyee ɔbarima paanoosini,

na obi yere deɛ, wɔgyee no ne nkwa a ne boɔ yɛ den no.

27Onipa de ogya bɛhyɛ ne kokom

a ne ntadeɛ renhyeɛ?

28Obi bɛfa nsramma so

a ne nan renhyeɛ?

29 Mmb 5.10-14 Saa na deɛ ɔkɔ ne yɔnko yere nkyɛn teɛ,

na obiara a ɔkɔ ne yɔnko yere nkyɛn no renni bem.

30Sɛ ɛkɔm de owifoɔ na ɔwia adeɛ sɛ ɔredi amee a,

wɔmmu no animtia:

31Nanso sɛ wɔhu no a, ɔbɔ ho mprɛnson,

ɔde n’afideɛ nyinaa bɛma.

32 1 Ko 6.18 Deɛ ɔsɛe awadeɛ no nni ti,

deɛ ɔyɛ saa no de sɛe ne kra.

33Mmaa ne animguaseɛ na ɔbɛnya,

na n’ahohora no, wɔmpepa.

34Na ninkunu twetwe ɔbarima abufuhyeɛ,

na aweretɔ da no ɔremfa nkyɛ;

35ɔremmu mpata biara,

na woma akyɛdeɛ dɔɔso mpo a, ɔrempene.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help