1
36Na wɔtenatenaa ase hɔ wɛnn no.
37Na wɔde n’afodisɛm a wɔatwerɛ no fam n’atifi sɛ: Yesu Yudafoɔ hene no ni!
38Yes 53.12 Ɛnna wɔbɔɔ adwotwafoɔ baanu asɛnnua mu kaa ne ho, ɔbaako wɔ nifa, na ɔbaako wɔ benkum.
Nkurɔfoɔ no keka abususɛm39 Dwom 22.7 Na wɔn a wɔretwam no wosoo wɔn ti, kekaa abususɛm tiaa no
40Mat 26.61; Yoh 2.19 sɛ: Wo a wodwiri asɔredan, na wode nnansa sie, gye wo ho ɛ! Sɛ Nyankopɔn ba ne wo a, firi asɛnnua no ho si fam!
41Saa ara nso na asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ ne mpanimfoɔ no goroo ne ho
42sɛ: Ɔgyee ebinom na ɔntumi nnye ne ho. Sɛ ɔno ne Israel hene a, ma no mfiri asɛnnua no ho nsi fam, na yɛbɛgye no adi.
43Dwom 22.8 Aane, ɔde ne ho ato Nyankopɔn so, sɛ ɔpɛ a, ma no nye no ɛ; ɛfiri sɛ, ɔkaa sɛ: Nyankopɔn ba ne me!
44Saa ara na adwotwafoɔ a wɔbɔɔ wɔn ne no asɛnnua mu no nso didii no atɛm.
Yesu wuo45Na ɛfiri bɛyɛ awia dummienu berɛ no, esum duruu asase nyinaa so kɔsii awia nnɔnmmiɛnsa.
46Dwom 22.1 Na ɛbɛyɛ sɛ nnɔnmmiɛnsa no, Yesu de nne kɛseɛ teaa mu sɛ: Eli, Eli, lama sabaktani? Ɛne sɛ: Me Nyankopɔn, me Nyankopɔn, adɛn nti na woagya me?
47Na wɔn a wɔgyina hɔ no mu bi teeɛ no, wɔkaa sɛ: Ɔrefrɛ Elia.
48Dwom 69.21 Na ntɛm ara, wɔn mu baako tuu mmirika kɔfaa sapɔ de bɔɔ nsa kekakeka bi mu, na ɔde tuaa demmire ano de maa no nomee.
49Na wɔn a aka no kaa sɛ: Gyae, na yɛnhwɛ sɛ Elia bɛba abɛgye no anaa?
50Na Yesu de nne kɛseɛ teaa mu bio no, ɔgyae ne honhom mu.
Anwanwadeɛ a ɛsiiɛ51 Eks 26.33; Heb 10.19-20 Na hwɛ, ntoma a ɛtwa asɔredan no mu tee mmienu firi soro de bɛsii fam, na asase wosoe, na abotan paepaeɛ.
52Na aboda buebuee, na nnipa kronkron a wɔawuwuo no amu bebree nyanenyanee,
53Aso 26.23 na ne nyane akyiri no, wɔfiri wɔn aboda mu kɔɔ kuro kronkron no mu kɔyiyii wɔn ho adi kyerɛkyerɛɛ nnipa bebree.
Asraafoɔ no suro54Na asraafoɔ ha so panin ne wɔn a wɔka ne ho rewɛn Yesu no hunuu asasewosoɔ ne nnoɔma a ɛsisiiɛ no, wɔsuroo pii, kaa sɛ: Ampa ara, Onyankopɔn ba nie!
55Luk 8.2-3 Na mmaa bebree wɔ hɔ a wɔgyina akyirikyiri rehwɛ; wɔn na wɔdii Yesu akyi firii Galilea somm no;
56na Maria Magdalene ne Maria, Yakobo ne Yosef na, ne Sebedeo mma no na ka wɔn ho.
Yesu sie(Marko 15.42-47; Luka 23.50-55; Yohane 19.38-42)57 Eks 34.25 Na ɛduruu anwummerɛ no, ɔdefoɔ bi a ɔfiri Arimatea a wɔfrɛ no Yosef a ɔno nso yɛ Yesu suani baeɛ;
58ɔno na ɔkɔɔ Pilato nkyɛn kɔsrɛɛ Yesu amu no. Ɛnna Pilato hyɛɛ sɛ wɔmfa amu no mma no.
59Na Yosef faa amu no de nwera a ani teɛ kyekyeree ho.
60Yes 53.9 Na ɔde kɔtoo ɔno ara ne da foforɔ a watwa no abotan mu mu, na ɔpiree ɔboɔ kakraka bi hinii ɛda no ano, na ɔfirii hɔ kɔeɛ.
61Na Maria Magdalene ne Maria baako no wɔ hɔ tete ɛda no ntentensoɔ.
Asɔfoɔ mpanimfoɔ no ahodasoɔ62Na adeɛ kyeeɛ a ɛyɛ da a ɛdi ahosiesie da no akyiri no, asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Farisifoɔ bɛhyiaa Pilato nkyɛn
63Mat 27.40; 12.40 sɛ: Owura, yɛkae sɛ ɔdaadaafoɔ no te aseɛ no, ɔkaa sɛ: Nnansa akyiri mɛnyane.
64Enti ma wɔnkɔwɛn ɛda no yie nkɔduru da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, na asuafoɔ no ammɛwia no, na wɔanka ankyerɛ ɔman no sɛ: Wanyane afiri awufoɔ mu; na anka akyire yi nnaadaa bɛkyɛne kane deɛ no.
65Pilato see wɔn sɛ: Monnye awɛmfoɔ nkɔ nkɔwɛn sɛdeɛ mobɛtumi.
66Dan 6.17 Na wɔkɔ kɔsɔɔ ɔboɔ no ano maa awɛmfoɔ no wɛnee ɛda no.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.