1Yudahene Sedekia a ɔyɛ Yosia ba ahennie mfitiaseɛ na asɛm yi firii AWURADE nkyɛn baa Yeremia hɔ sɛ:
2Yer 13.1 Sɛ AWURADE ka kyerɛɛ me nie: Yɛ nkyehoma ne kɔnnua fa, na fa hyɛ wo kɔn;
3Yer 25.21-22 na fa abɔfoɔ a wɔbaa Yudahene Sedekia nkyɛn Yerusalem no so mane Edom hene, Moab hene, Amon mma hene, Tiro hene ne Sidon hene,
4na hyɛ wɔn na wɔnkɔka nkyerɛ wɔn wuranom sɛ: Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn seɛ nie: Sɛ monkɔka nkyerɛ mo wuranom nie:
5Me na mede me tumi kɛseɛ ne me basa a atene meyɛɛ asase, nnipa ne mmoa a wɔwɔ asase ani, na mede mema obiara sɛdeɛ ɛtene wɔ m’ani soɔ.
6Yer 25.9 Na afei mede nsase yi nyinaa mahyɛ m’akoa Nebukadnessar, Babel hene no nsa, na mede wiram mmoa mpo mama no sɛ wɔnsom no.
7Yer 25.12 Na amanaman nyinaa bɛsom no ne ne ba ne ne ba ba ara akɔsi sɛ ɔno nso n’asase berɛ bɛduro, na amanaman bebree ne ahemfo akɛseɛ ama no asom wɔn.
8Na ɛbɛba sɛ ɔman ne ahennie a wɔnsom ɔno Babelhene Nebukadnessar na wɔmfa wɔn kɔn nhyɛ Babel hene kɔnnua aseɛ no, afena ne ɛkɔm ne owuyadeɛ na mede bɛba abɛtwe ɔman no aso, AWURADE asɛm nie, akɔsi sɛ mɛdwerɛ wɔn ne nsam.
9Yer 14.13-14 Enti monntie mo adiyifoɔ ne mo nkɔmhyɛfoɔ ne mo daeɛ ne mo akɔmfoɔ ne mo ntafowayifoɔ a wɔka kyerɛ mo sɛ morensom Babel hene no,
10na nkɔntorɔ na wɔhyɛ mo, deɛ ɛbɛyɛ na wɔayi mo afiri mo asase so akɔ akyirikyirie, na masunsum mo na moayera.
11Na ɔman a ɛde ne kɔn hyɛ Babel kɔnnua aseɛ na ɛsom no no, mɛma no aka n’asase so, AWURADE asɛm nie, na wɔadɔ so atena so.
12Na mekasa mekyerɛɛ Yudahene Sedekia sɛdeɛ nsɛm yi nyinaa teɛ sɛ: Momfa mo kɔn nhyɛ Babel kɔnnua ase, na monsom no ne ne man, na moanya nkwa.
13Adɛn nti na wo ne wo man rebɛwuwu afena, ɛkɔm ne owuyadeɛ ano, sɛdeɛ AWURADE ka kyerɛɛ ɔman a ɛrensom Babel hene no?
14Yer 27.9 Na monntie adiyifoɔ a wɔse mo sɛ: Monnsom Babel hene no, ɛfiri sɛ nkɔntorɔ na wɔhyɛ mo.
15Na mensomaa wɔn, AWURADE asɛm nie, na wɔn ara na wɔde me din hyɛ nkɔntorɔ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na masunsum mo, na moayera, mo ne mo adiyifoɔ a wɔhyɛ mo nkɔm no.
16 Yer 28.3; 2 Be 36.10 Na asɔfoɔ no ne ɔman yi nyinaa, meka mekyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Monntie adiyifoɔ a wɔhyɛ mo nkɔm sɛ: Hwɛ, ɛrenkyɛre koraa na wɔde AWURADE fie nnoɔma no bɛsane afiri Babel aba, no nsɛm, na nkɔntorɔ na wɔhyɛ mo.
17Monntie wɔn; monsom Babel hene na monnya nkwa, adɛn nti na kuro yi nnane akurofo?
18Na sɛ wɔyɛ adiyifoɔ, na sɛ AWURADE asɛm wɔ wɔn hɔ a, ma wɔnkoto nsrɛ asafo AWURADE, na nnoɔma a aka AWURADE fie ne Yuda hene fie ne Yerusalem no ankɔ Babel.
19Yer 52.17 Na sei na asafo AWURADE ka no adum ne ɛpo ne nsugyeɛ nnaka ne nnoɔma a aka kuro yi mu nkaeɛ no ho,
202 Ah 24.14-15 nnoɔma a Babelhene Nebukadnessar tuu Yudahene Yekonia a ɔyɛ Yehoiakim ba ne Yuda ne Yerusalem mmapɔmma firi Yerusalem kɔɔ Babel no wamfa ankorɔ no,
21sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn ka wɔ nnoɔma a ɛkaa AWURADE fie ne Yuda hene fie ne Yerusalem ho nie:
222 Be 36.22; Esra 1.7-11 Wɔde bɛkɔ Babel, na ɛhɔ na ɛbɛtena akɔsi da a mɛba mabɛhwɛ wɔn, AWURADE asɛm nie, na mede wɔn asane aba ha.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.