Hesekiel 25 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Amonfoɔ ho nkɔmhyɛ

1Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

2Hes 21.28-32; Yer 49.1-6 Onipa ba, yi w’ani kyerɛ Amonfoɔ, na hyɛ nkɔm tia wɔn.

3Hes 36.2; Kwa 2.16 Na ka kyerɛ Amonfoɔ no sɛ: Montie AWURADE Nyankopɔn asɛm: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ɛsiane sɛ moka sɛ: Wiɛ, sɛ me kronkronbea ho agu fi, ne Israel asase ho, sɛ ayɛ afo, ne Yuda fie ho nso, sɛ wɔkɔ tukorɔ mu nti,

4hwɛ, mereyi wo ama apueeɛfoɔ sɛ wɔmfa wo nni, na wɔnkyere wɔn nsraban wo mu, na wɔnsisi wɔn tenabea wo mu; wɔn na wɔbɛdi w’aba, na wɔn ara anom wo nufosuo;

5na mede Raba bɛyɛ yoma adan, na Amonfoɔ asase ayɛ nnwan butubea, na moahunu sɛ mene AWURADE.

6Na sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ɛsiane sɛ woabɔ wo nsamu na wode wo nan apempem fam na w’ahantan nyinaa mu woama w’akoma atɔ wo yam atia Israel asase nti,

7hwɛ, meretene me nsa atia wo, na mede wo ayɛ amanaman asadeɛ, na matwa wo afiri aman mu, na asɛe wo afiri aman mu, na madwerɛ wo, na woahunu sɛ mene AWURADE.

Moabfoɔ ho nkɔmhyɛ

8 Yes 15; Yer 48 Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ɛsiane sɛ Moab ne Seir ka sɛ: Hwɛ, Yuda fie ayɛ sɛ amanaman nyinaa nti,

9hwɛ, merebue Moab nkyɛn mu afiri nkuro no so, nkuro a ɛdeda n’ahyeɛ so ho, asase a ɛyɛ no, Bet-yesimot, Baal-meon de kɔka Kiriataim,

10mede mama apueeɛ mma apae Amonfoɔ deɛ no so, na mama wɔafa adi wɔn so, deɛ ɛbɛyɛ na wɔankae Amonfoɔ bio aman mu,

11na mɛyɛ Moab mu atemmudeɛ, na wɔahunu sɛ mene AWURADE.

Edom ho nkɔmhyɛ

12 Yer 49.7-22; Oba; Dwom 137.7 Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ɛsiane sɛ Edom atɔ Yuda fie so were na wɔadi so pa ara, na wanhunu wɔn mmɔbɔ nti,

13sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Mɛtene me nsa atia Edom, na matwitwa emu nnipa ne afieboa, na mayɛ no afo afiri Teman, na wɔatotɔ nkrantɛ ano akɔduru Dedan.

14Na mede me man Israel nsa bɛwie m’aweretɔ Edom so, na wɔne Edom adi no m’abufuo ne m’anibereɛ so, na wɔahunu m’aweretɔ, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.

Filistifoɔ ho nkɔmhyɛ

15 Yes 14.29; Yer 47; Sef 2.5 Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ɛsiane sɛ Filistifoɔ atɔ ne so were, na wɔde abufuo kɛseɛ atɔ wɔn so were sɛ wɔde daa ɔtane bɛsɛe wɔn no nti,

161 Sa 30.14 sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, meretene me nsa atia Filistifoɔ, na matwa Keretifoɔ no, na masɛe deɛ aka mpoano no.

17Na mede abufuhyeɛ kɛse bɛtɔ wɔn so were, na me were a mɛtɔ wɔn soɔ no mu wɔahunu sɛ mene AWURADE.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help