1Na ɔhaw no akyiri no, AWURADE ka kyerɛɛ Mose ne Ɔsɔfoɔ Aaron ba Eleasa sɛ:
2Num 1.2-47 Monkan Israelfoɔ asafo no nyinaa dodoɔ mfiri deɛ wadi mfirinhyia aduonu soɔ mfa nkɔ, sɛ wɔn mpanimfie teɛ, Israel mu nnipa a wɔtumi kɔ sa nyinaa.
3Na Mose ne Ɔsɔfoɔ Eleasa ka kyerɛɛ wɔn, Moab mpaperɛ so, Yordan fa a ɛbɛn Yeriko sɛ:
4Kan wɔn a wɔadi mfirinhyia aduonu de rekorɔ no, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose ne Israelfoɔ a wɔfiri Misraim asase so baeɛ no.
5 Gye 46.8-27; 1 Be 4.7 Israel abakan ne Ruben: Ruben mma ne: Hanok, Hanokfoɔ abusua; Palu deɛ, Palufoɔ abusua;
6Hesron deɛ, Hesronfoɔ abusua; Karmi deɛ, Karmifoɔ abusua.
7Yeinom ne Rubenfoɔ mmusua, na wɔn nnipa a wɔkan wɔn no yɛ mpem aduanan mmiɛnsa ne ahanson aduasa.
8Na Palu mma: Eliab.
9Num 16 Na Eliab ba: Nemuel ne Datan ne Abiram. Yeinom ne Datan ne Abiram a wɔfrɛɛ wɔn firii asafo no mu no a wɔne Mose ne Aaron hameeɛ, Kora asafo no mu, wɔn ham a wɔne AWURADE hameeɛ no mu;
10na asase buee n’anomu menee wɔn ne Kora, na asafo no wuwuiɛ, na ogya hyee mmarima ahanu aduonum no, na wɔbɛyɛɛ nsɛnkyerɛnneɛ no.
11Nanso Kora mma deɛ, wɔanwuwu.
12Simeon mma, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ: Nemuel deɛ, Nemuelfoɔ abusua; Yamin deɛ, Yaminfoɔ abusua; Yakin deɛ, Yakinfoɔ abusua;
13Sera deɛ, Serafoɔ abusua; Saulo deɛ, Saulfoɔ abusua.
14Yeinom ne Simeonfoɔ mmusua; wɔyɛ mpem aduonu mmienu ne ahanu.
15Gad mma, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ: Sefon deɛ, Sefonfoɔ abusua; Hagi deɛ, Hagifoɔ abusua; Suni deɛ, Sunifoɔ abusua;
16Osni deɛ, Osnifoɔ abusua; Eri deɛ, Erifoɔ abusua;
17Arod deɛ, Arodfoɔ abusua; Areli deɛ, Arelifoɔ abusua.
18Yeinom ne Gad mma mmusua, sɛdeɛ wɔn a wɔkan wɔn no teɛ, mpem aduanan ne ahanum.
19 Gye 38.7, 10 Yuda mma: Er ne Onan; na Er ne Onan wuwuu Kanaan asase so.
20Na Yuda mma, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ nie: Sela deɛ, Selafoɔ abusua; Peres deɛ, Peresfoɔ abusua; Sera deɛ, Serafoɔ abusua.
21Rut 4.18 Na Peres mma nie: Hesron deɛ, Hesronfoɔ abusua; Hamul deɛ, Hamulfoɔ abusua.
22Yeinom ne Yuda mmusua, sɛdeɛ wɔn a wɔkan wɔn no teɛ, mpem aduɔson nsia ne ahanum.
23Isakar mma, sɛ wɔn mmusua teɛ: Tola deɛ, Tolafoɔ abusua; Puwa deɛ, Puwafoɔ abusua;
24Yasub deɛ, Yasubfoɔ abusua; Simron deɛ, Simronfoɔ abusua.
25Yeinom ne Isakar mmusua, sɛdeɛ wɔn a wɔkan wɔn no teɛ, mpem aduosia nnan ne ahasa.
26Sebulon mma, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ: Sered deɛ, Seredfoɔ abusua; Elon deɛ, Elonfoɔ abusua; Yakleel deɛ, Yakleelfoɔ abusua.
27Yeinom ne Sebulon mmusua, sɛdeɛ wɔn a wɔkan wɔn no teɛ, mpem aduosia ne ahanum.
28Yosef mma, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ: Manase ne Efraim.
29Yos 17.1-3 Manase mma: Makir deɛ, Makirfoɔ abusua; na Makir woo Gilead; Gilead deɛ, Gileadfoɔ abusua.
30Gilead mma nie: Yeser, Yeserfoɔ abusua; Helek deɛ, Helekfoɔ abusua;
31ne Asriel, Asrielfoɔ abusua; ne Sekem, Sekemfoɔ abusua;
32ne Semida, Semidafoɔ abusua; ne Hefer, Heferfoɔ abusua;
33Num 27.1 na Hefer ba Selofehad nni mmammarima, na ɔwɔ mma mmaa; na Selofehad mmammaa din ne Mahla ne Noa, Hogla, Milka ne Tirsa.
34Yeinom ne Manase mmusua, na wɔn a wɔkan wɔn no yɛ mpem aduonum mmienu ne ahanson.
35Efraim mma, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ nie: Sutela deɛ, Sutelafoɔ abusua; Beker deɛ, Bekerfoɔ abusua; Tahan deɛ, Tahanfoɔ abusua.
36Na Sutela mma nie: Eran deɛ, Eranfoɔ abusua.
37Yeinom ne Efraim mma mmusua, sɛdeɛ wɔn a wɔkan wɔn no teɛ, mpem aduasa mmienu ne ahanum. Yeinom ne Yosef mma, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.
38Benyamin mma, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ: Bela deɛ, Belafoɔ abusua; Asbel deɛ, Asbelfoɔ abusua; Ahiram deɛ, Ahiramfoɔ abusua;
39Sufam deɛ, Sufamfoɔ abusua; Hufam deɛ, Hufamfoɔ abusua.
40Na Bela mma ne: Ard ne Naaman: Ard deɛ, Ardfoɔ abusua; Naaman deɛ, Naamanfoɔ abusua.
41Yeinom ne Benyamin mma, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ; na wɔn a wɔkan wɔn no yɛ mpem aduanan nnum ne ahansia.
42Dan mma, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ nie: Suham deɛ, Suhamfoɔ abusua. Yeinom ne Dan mmusua, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.
43Suhamfoɔ mmusua nyinaa sɛdeɛ wɔn a wɔkan wɔn no teɛ yɛ mpem aduosia nnan ne ahanan.
44Aser mma, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ: Yimna deɛ, Yimnafoɔ abusua; Isui deɛ, Isuifoɔ abusua; Beria deɛ, Beriafoɔ abusua;
45Beria mma deɛ: Heber deɛ, Heberfoɔ abusua; Malkiel deɛ, Malkielfoɔ abusua.
46Na Aser babaa din de Sara.
47Yeinom ne Aser mma mmusua, sɛdeɛ wɔn a wɔkan wɔn no teɛ; mpem aduonum mmiɛnsa ne ahanan.
48Naftali mma, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ: Yakseel deɛ, Yakseelfoɔ abusua; Guni deɛ, Gunifoɔ abusua;
49Yeser deɛ, Yeserfoɔ abusua; Silem deɛ, Silemfoɔ abusua.
50Yeinom ne Naftali mmusua, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ; na wɔn a wɔkan wɔn no yɛ mpem aduanan nnum ne ahanan.
51Yeinom ne Israelfoɔ a wɔkan wɔn no, ɔpehansia ne baako ne ahanson aduasa.
Asase no kyɛ ho nhyehyɛɛ52Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:
53Yeinom na wɔnkyɛ asase no mma wɔn na wɔnni soɔ, sɛdeɛ wɔn din dodoɔ teɛ.
54Abusuakuo a ɛso no, ma ne kyɛfa nso, na deɛ ɛsua no, ma ne kyɛfa nsua; sɛdeɛ obiara nnipa a wɔkan wɔn no ano teɛ, na wɔmma no n’agyapadeɛ.
55Num 33.54; Yos 14.2 Nanso tonto so na wɔmfa nkyɛ asase no; na wɔnnye wɔn kyɛfa no sɛdeɛ wɔn nananom mmusua no din teɛ.
56Tonto so na wɔmfa nkyɛ agyapadeɛ mma wɔn a wɔdɔɔso ne wɔn a wɔsua.
Lewifoɔ mmusua57 Eks 6.16-25 Na Lewifoɔ a wɔkan wɔn sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ nie: Gerson deɛ, Gersonfoɔ abusua; Kohat deɛ, Kohatfoɔ abusua; Merari deɛ, Merarifoɔ abusua.
58Yeinom ne Lewifoɔ mmusua: Libnifoɔ abusua, Hebronfoɔ abusua, Mahlifoɔ abusua, Musifoɔ abusua, Korafoɔ abusua. Na Kohat woo Amram.
59Na Amram yere din ne Yokebed, Lewi ba a wɔwoo no Misraim no; na ɔwoo Aaron ne Mose ne wɔn nuabaa Miriam maa Amram.
60Na Aaron nso, wɔwoo Nadab ne Abihu, Eleasa ne Itamar maa no;
61Lew 10.1-2 nanso Nadab ne Abihu de anana gya bi baa AWURADE anim no, wɔwuwui.
62Na wɔn nnipa a wɔkan wɔn no yɛ mpem aduonu mmiɛnsa, mmarima a wɔadi bosome ne akyire nyinaa; na wɔankan wɔn amfra Israelfoɔ, na wɔamma wɔn agyapadeɛ Israelfoɔ mu.
Kaleb ne Yosua nko na wɔda so te aseɛ63Yeinom ne wɔn a Mose ne Ɔsɔfoɔ Eleasa kan wɔn, kan a wɔkan Israelfoɔ Moab mpaperɛ soɔ Yordan fa a ɛbɛn Yeriko no mu no.
64Num 3.1-39 Nso na ɔbarima biara mfra yeinom mu a ɔfiri nnipa a Mose ne Ɔsɔfoɔ Aaron kan wɔn berɛ a wɔkan Israelfoɔ wɔ Sinai serɛ soɔ no,
65Num 14.22-38 ɛfiri sɛ AWURADE aka akyerɛ wɔn sɛ wuo na wɔbɛwuwu serɛ soɔ, na wɔn mu biara anka, gye Yefune ba Kaleb ne Nun ba Yosua nko.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.