1 2 Sa 5.10 Na akodie daa Saulo fie ne Dawid fie ntam kyɛreeɛ. Na Dawid deɛ, ɔkɔɔ so yɛɛ den ara, nanso Saulo fie deɛ, wɔkɔɔ so hodwoe ara.
2 1 Be 3.1-4; 2 Sa 13.1 Na wɔwoo mmammarima maa Dawid wɔ Hebron. N’abakan ne Amnon a Yesreelni Ahinoam woo no no.
3Na deɛ ɔtɔ so mmienu ne Kileab a Abigail, Karmelni Nabal kunafoɔ no woo no no. Na deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa ne Absalom a ɔyɛ Gesurhene Talmai babaa Maaka ba.
41 Ah 1.5 Na deɛ ɔtɔ so nnan ne Hagit ba Adoniya. Na deɛ ɔtɔ so nnum ne Abital ba Sefatia.
5Na deɛ ɔtɔ so nsia ne Dawid yere Egla ba Yitream. Yeinom na wɔwoo wɔn maa Dawid wɔ Hebron.
Abner atirisopam ne ne wuo6Na ɛberɛ a na akodie da Saulo fie ne Dawid fie ntam no, Abner yɛɛ ne ho kɛseɛ wɔ Saulo fie ara.
72 Sa 21.8 Nso na Saulo wɔ mpena bi a ne din de Rispa a ɔyɛ Aya babaa. Na Isboset ka kyerɛɛ Abner sɛ: Adɛn nti na wokɔ m’agya mpena ho?
8Na Isboset asɛm no hyɛɛ Abner abufuo kɛseɛ maa ɔkaa sɛ: Adɛn, ɔkraman ne me na mama Yuda de me adi asie, sɛ ɛbɛsi nnɛ mayɛ w’agya Saulo fie, ne nuanom ne ne namfonom adɔeɛ a menyii wo nhyɛɛ Dawid nsa, na nso worepɛ kwaadu a ɛte saa abɔ me wɔ ɔbaa yi ho?
9Saa na Onyankopɔn nyɛ Abner na saa na ɔnkɔ so nyɛ no, sɛdeɛ AWURADE kaa Dawid ntam no, saa na mɛyɛ mama no,
10sɛ wɔbɛma ahennie no afiri Saulo fie, na wɔde Dawid ahennwa asi Israel ne Yuda so, afiri Dan akɔsi Beer-seba.
11Ɛsiane sɛ na Isboset suro no nti, wantumi ammua Abner asɛm biara bio.
12Na Abner somaa abɔfoɔ maa wɔkɔɔ Dawid nkyɛn wɔ Hebron kɔbisaa sɛ: Hwan na asase yi wɔ no? Nso ɔkaa sɛ: Ɛne me mpam. Na hwɛ, mɛboa wo ama Israel nyinaa adane aba wo nkyɛn.
13Na ɔkaa sɛ: Wiɛ, me ne wo bɛpam. Na adeɛ baako pɛ na merebisa no wo hɔ sɛ: Nhunu m’anim gye sɛ wode Saulo babaa Mikal ba ansa na woaba abɛhwɛ m’anim.
141 Sa 18.25-27 Na Dawid somaa abɔfoɔ maa wɔkɔɔ Saulo ba Isboset nkyɛn kɔkaa sɛ: Fa me yere Mikal a mede Filistifoɔ mmarima ano ha megyee no awadeɛ no brɛ me.
151 Sa 25.44 Na Isboset soma maa wɔkɔfaa no firi ne kunu Lais ba Paltiel nkyɛn.
16Na ne kunu no ne no kɔe, na ɔde esu dii n’akyiri ara kɔduruu Bahurim. Ɛnna Abner ka kyerɛɛ no sɛ: Sane kɔ! Na ɔsaneeɛ.
17Na Abner ne Israel mpanimfoɔ kasaa sɛ: Mmerɛ a atwam no na morehwehwɛ Dawid sɛ ɔmmɛdi mo so hene.
18Na afei monyɛ ɛ: Ɛfiri sɛ AWURADE aka akyerɛ Dawid sɛ: M’akoa Dawid nsa na mede bɛgye me man Israel, Filistifoɔ ne wɔn atamfoɔ nyinaa nsam.
19Na Abner kasa guu Benyamin aso mu nso, na Abner kɔe nso kɔkaa adwene pa a Israel ne Benyamin fie nyinaa afa no guu Dawid aso mu wɔ Hebron.
20Na Abner baa Dawid nkyɛn Hebron a nnipa aduonu ka ne ho. Na Dawid too Abner ne mmarima a wɔka ne ho no pono.
21Na Abner ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Mɛsɔre makɔ makɔboaboa Israel nyinaa ano mabrɛ me wura, na wɔne wo apam, na woadi wɔn a wopɛ nyinaa so hene. Na Dawid gyaa Abner kwan, maa no kɔɔ asomdwoeɛ mu.
22Na hwɛ, Dawid mmarima no ne Yoab firii akofoɔ asafo mu bae, na wɔde asadeɛ pii nso bae. Na Abner nni Dawid nkyɛn Hebron, ɛfiri sɛ wagya no kwan ma no kɔ dwoodwoo.
23Na Yoab ne dɔm a wɔka ne ho nyinaa baeɛ no, wɔka kyerɛɛ Yoab sɛ: Ner ba Abner aba ɔhene nkyɛn, na wagya no kwan, ma ɔkɔ asomdwoeɛ mu.
24Na Yoab baa ɔhene nkyɛn bɛkaa sɛ: Ɛdeɛn na woayɛ yi? Hwɛ, Abner aba wo nkyɛn, adɛn nti na woagya no kwan na ɔkorɔ yi?
25Wonim Ner ba Abner sɛ ɔbaa sɛ ɔrebɛdaadaa woɔ, na wahunu wo korɔ ne wo ba, na wahunu deɛ woreyɛ nyinaa.
26Na Yoab firii adi firii Dawid nkyɛn, na ɔsomaa abɔfoɔ maa wɔkɔtii Abner, na wɔde no firii Sira abura ho sane bae. Na Dawid deɛ, na ɔnnim.
271 Ah 2.5; 2 Sa 2.23 Na Abner sane baa Hebron no, Yoab de no mane kɔɔ kuro pono no mu, sɛ ɔne no rekɔkasa kokoam; ɛhɔ na ne nua Asahel mogya nti ɔkɔwɔɔ ne yafunum sekan maa no wuiɛ.
28Na ɛno akyi Dawid teeɛ, na ɔkaa sɛ: Me ne m’ahennie di Ner ba Abner mogya ho bem AWURADE anim daa.
29Wɔmma no mmua Yoab atifi ne n’agya fie nyinaa so, nanso wɔmmma onipa a ɔwɔ babaso anaa ɔkwatani anaa deɛ ɔtwere poma so anaa deɛ ɔtɔ nkrantɛ ano anaa deɛ aduane bɔ no mmpa Yoab fie da.
30Na Yoab ne ne nua Abisai dii Abner awu, ɛfiri sɛ ɔkum wɔn nua Asahel Gibeon ko no mu.
31Na Dawid ka kyerɛɛ Yoab ne nnipa a wɔka ne ho no nyinaa sɛ: Monsunsuane mo ntadeɛ mu na momfira ayitoma na montwa adwo ma Abner. Na Ɔhene Dawid dii funnaka no akyi.
321 Sa 30.4 Na wɔkoraa Abner wɔ Hebron. Na ɔhene maa ne nne so suu Abner da so, na ɔman no nyinaa sui.
33Na ɔhene bee Abner ho kwadwom yi sɛ:
Ogyegyentwie wuo na Abner awuo yi?
34Wɔankyekyere wo nsa da,
na wɔanto wo nan mpokyerɛ da.
Sɛ wɔtɔ amumuyɛ mma anim
na woatɔ yi.
Na ɔman no nyinaa kɔɔ so suu no bio.
35Na ɔman no nyinaa baa sɛ wɔrebɛkorɔkorɔ Dawid ama no adidi, na owia da so wɔ hɔ no, Dawid kaa ntam sɛ: Sei na Onyankopɔn nyɛ me na ɔnkɔ so nyɛ, sɛ mede aduane anaa biribiara meka m’ano ansa na owia akɔtɔ a!
36Na ɔman no nyinaa hunui, na ɛyɛɛ wɔn anisɔ. Adeɛ a ɔhene yɛeɛ nyinaa yɛɛ ɔman no nyinaa anisɔ.
37Na ɔman no nyinaa ne Israel nyinaa hunuu da no, sɛ ɛmfiri ɔhene na wɔkum Ner ba Abner.
381 Sa 26.15 Na ɔhene ka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: Monnim sɛ ɔsafohene ne onipa kɛseɛ atɔ nnɛ da yi, Israel?
39Na me deɛ, ɛnnɛ meyɛ mmerɛ, na wɔasra me asi me hene, na mmarima yi, Seruia mma yi yɛ den ma me. AWURADE ntua deɛ ɔyɛ bɔne so ka sɛdeɛ ne bɔne teɛ.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.